31
Wɔn A Wɔde Wɔn Ho To Misraim So No Nnue
Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa,
wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,
wɔn a wɔgye wɔn nteaseɛnam dodoɔ
ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ ahoɔden mmorosoɔ no die,
na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no,
anaasɛ wɔmmpɛ mmoa mfiri Awurade hɔ.
Nanso, Awurade yɛ onyansafoɔ a ɔbɛtumi de ɔhaw aba;
ɔnsesa nʼano.
Ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ efie,
ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfoɔ.
Na Misraimfoɔ yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn.
Wɔn apɔnkɔ yɛ honam na wɔnyɛ honhom.
Awurade tene ne nsa a,
ɔboafoɔ bɛhwinti
na deɛ wɔboa no no bɛhwe ase;
wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:
“Sɛdeɛ gyata pɔ so,
sɛdeɛ gyata hoɔdenfoɔ pɔ ne haboa so no
a mpo sɛ wɔfrɛ nnwanhwɛfoɔ dɔm kɔ ne so a,
wɔn nteateam mmɔ ne hu
na wɔn hooyɛ nso nha no no
saa ara na Asafo Awurade bɛsiane
abɛko wɔ Sion Bepɔ ne ne sorɔnsorɔmmea so.
Sɛdeɛ nnomaa tu gyina faako wɔ ewiem no
saa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban;
ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no,
ɔbɛgyaa no na wagye no asi hɔ.”
Monsane nkɔ deɛ moayɛ ɛdɔm atia no no, Ao Israelfoɔ. Ɛda no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi no ayɛ.
“Asiria bɛhwe ase wɔ akofena a ɛnyɛ onipa deɛ ano;
akofena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe wɔn.
Wɔbɛdwane afiri akofena no ano
na wɔbɛma wɔn mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma.
Wɔn aban denden bɛbubu, ehu nti;
wɔhunu akofoɔ frankaa a, wɔn asraafoɔ mpanimfoɔ bɛbɔ huboa,”
sei na Awurade seɛ,
deɛ ne ogya wɔ Sion,
na ne fononoo si Yerusalem no.