32
Tenenee Ahennie
Hwɛ, ɔhene bi bɛba abɛdi ɔhene wɔ tenenee mu
na sodifoɔ de atɛntenenee adi nnipa so.
Wɔn mu biara bɛyɛ te sɛ mframa ano hintabea
ne ahum mu dwanekɔbea,
wɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ anweatam so
ne ɔbotan kɛseɛ sunsum a ɛwɔ osukɔm asase so.
 
Wɔn a wɔwɔ ani no bɛhunu nokorɛ no,
na obiara a ɔwɔ aso no bɛte.
Deɛ ɔyɛ adwene mu herɛ bɛhunu na wate aseɛ,
wɔn a wɔpo dodoɔ bɛkasa na emu ada hɔ.
Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onimuonyamfoɔ bio
na wɔremfa anidie mma ɔpapahwekwaa.
Ɔkwasea ka nkwaseasɛm
na ɔdwene bɔne ho:
ɔyɛ onyame akyiwadeɛ;
ɔma Awurade ho nkyerɛkyerɛ bɔne;
ɔmma deɛ ɛkɔm de no no aduane
ɔde nsuo kame deɛ sukɔm de no.
Ɔpapahwekwaa akwan yɛ amumuyɛ,
ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛeɛ
de atorɔ sɛe ohiani,
wɔ ɛberɛ a ohiani asɛm yɛ nokorɛ mpo.
Nanso, onimuonyamfoɔ yɛ nhyehyɛeɛ a ɛho wɔ nyam
na ne nneyɛɛ pa no enti, ɔda nso.
Yerusalem Mmabaa
Mo mmaa a mogye mo ho die,
monsɔre na montie me;
mo mmammaa a mosusu sɛ mowɔ banbɔ
monyɛ aso mma deɛ mewɔ ka!
10 Afe akyi nna kakra bi no
mo a mogye di sɛ mo wɔ banbɔ ho bɛpopo;
bobe twaberɛ no bɛdi mo hwammɔ,
nnuaba no twaberɛ nso remma.
11 Mo ho mpopo mo mmaa a mogye mo ho die;
mommɔ hu, mo mmammaa a mogye di sɛ mowɔ banbɔ!
Mompa mo ho ntoma
na momfa ayitoma mmɔ mo asene mu.
12 Momfa awerɛhoɔ mfa mo nsa mmoro mo koko so wɔ mfuo fɛfɛ
ne mo bobe a ɛsoɔ no enti.
13 Ɛfiri sɛ nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse agye afa mo asase afa.
Ahosɛpɛ ne anigyeɛ to atwa wɔ kuro no mu.
14 Wɔbɛgya aban no hɔ,
na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan;
abankɛsewa ne ɔwɛn aban bɛdane asase hunu afebɔɔ,
deɛ mfunumu pɛ ne nnwankuo adidibea,
15 kɔsi sɛ wɔbɛhwie Honhom no afiri ɔsoro agu yɛn so,
na anweatam bɛdane asase bereɛ
na asase bereɛ ayɛ sɛ kwaeɛ.
16 Tenenee bɛtena anweatam so
na adeteneneeyɛ atena asase bereɛ so.
17 Adeteneneeyɛ bɛso asomdwoeɛ aba;
deɛ adeteneneeyɛ de ba bɛyɛ kommyɛ ne ahotosoɔ a ɛnni awieeɛ.
18 Me nkurɔfoɔ bɛtenatena mmeaeɛ a asomdwoeɛ wɔ,
afie a wɔabɔ ho ban
homebea a ɔhaw biara nni hɔ.
19 Mpo sɛ ampariboɔ sɛe kwaeɛ no
na kuropɔn no sɛe koraa a,
20 wɔbɛhyira wo,
wobɛdua wʼaba wɔ nsuwa biara ho,
na wama wʼanantwie ne wo mfunumu anante baabiara.