40
Onyankopɔn Nkurɔfoɔ Awerɛkyekyerɛ
Monkyekyere, monkyekyere me nkurɔfoɔ werɛ.
Saa na mo Onyankopɔn seɛ.
Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem,
na mompae mu nka nkyerɛ no sɛ
ne som denden no aba awieeɛ,
wɔatua ne bɔne no so ka,
na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔho
afiri Awurade nsam.
Ɛnne bi reteam sɛ,
“Monsiesie ɛkwan mma Awurade
wɔ anweatam no so.
Montene kwantempɔn wɔ ɛserɛ no so
mma yɛn Onyankopɔn.
Bɔnhwa biara bɛyɛ ma,
bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam,
asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa,
na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata.
Na Awurade animuonyam bɛda adi,
na nnipa nyinaa bɛhunu.
Ɛfiri sɛ Awurade na aka!”
 
Nne bi kaa sɛ, “Team.”
Na mekaa sɛ, “Menteɛm nka sɛn?”
 
“Bɔ dawuro sɛ nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ,
na wɔn animuonyam nyinaa te sɛ afuo so nhwiren.
Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam
ɛfiri sɛ Awurade ahomeguo fa wɔn so.
Nokorɛm nnipa no yɛ ɛserɛ.
Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam,
nanso yɛn Onyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.”
 
Wo a wode asɛm pa reba Sion,
foro kɔ bepɔ tenten bi so.
Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem,
ma wo nne so na team,
ma so, nsuro;
ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ,
“Mo Onyankopɔn nie!”
10 Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba,
na nʼabasa bɛdi ɔhene ama no.
Hwɛ, nʼakatua ka ne ho,
na ɔde nʼabasobɔdeɛ nam.
11 Ɔhwɛ ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ.
Ɔboa nnwammaa no wɔ nʼabasa so.
Ɔturu wɔn ne koko so;
na nnwan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.
 
12 Hwan na wasusu nsuo wɔ ne nsam
anaa ɔde ne nsateaa asusu ɔsoro?
Hwan na ɔde asase so mfuturo agu kɛntɛn mu,
anaa wakari mmepɔ wɔ nsania so
ne nkokoɔ wɔ nsania apampaa so?
13 Hwan na wate Awurade ase,
anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufoɔ?
14 Hwan na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase,
na hwan na ɔkyerɛɛ no ɛkwan pa no?
Hwan na ɔmaa no nimdeɛ
anaa ɔkyerɛɛ no nhunumu kwan?
 
15 Ampa ara aman no te sɛ nsuo sope wɔ bokiti mu;
wɔde wɔn toto mfuturo a ɛgu nsania so;
ɔkari nsupɔ te sɛ deɛ ɛyɛ mfuturo muhumuhu.
16 Lebanon nnɔɔso mma afɔrebukyia so ogya,
na ne mmoa renso mma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.
17 Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim;
ɔbu wɔn adehunu bi
a wɔnka hwee.
18 Afei hwan ho na wode Onyankopɔn bɛtoto?
Nsɛsodeɛ bɛn ho na wode no bɛtoɔ?
19 Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔyɛ,
na sikadwumfoɔ de sikakɔkɔɔ agu ho
na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no.
20 Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛdeɛ yi mma no
kɔpɛ dua a ɛremporɔ.
Ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ
na wayɛ ohoni a ɛremmuni nhwe fam asi hɔ.
 
21 Wonnim anaa?
Wonteeɛ anaa?
Wɔnnka nkyerɛɛ wo firi ahyɛaseɛ no anaa?
Ɛfiri ɛberɛ a wɔbɔɔ asase no, wontee aseɛ anaa?
22 Ɔte ahennwa so wɔ asase kanko no atifi.
Ɛso nnipa te sɛ ntutummɛ
ɔtwe ɔsoro mu te sɛ ntwamutam,
na ɔde yɛ ntomadan tena mu.
23 Ɔma ahenemma yɛ nnipa hunu
na ewiase yi sodifoɔ nso, ɔbrɛ wɔn ase.
24 Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ,
wɔduaa wɔn ara pɛ,
wɔgyee nhini wɔ asase mu pɛ
ɔhome gu wɔn so ma wɔkusa,
na ntwahoframa bɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ.
 
25 “Hwan ho na wode me bɛto?
Anaasɛ hwan na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ɔseɛ.
26 Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro:
Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa?
Deɛ ɔyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako,
na ɔbɔ obiara din de frɛ no.
Nʼahoɔden ne ne tumi enti
wɔn mu baako mpo nnyeraeɛ.
 
27 Adɛn na woka sɛ, Ao Yakob,
na wonwiinwii, Ao Israel sɛ,
“Mʼakwan ahinta Awurade;
na me Onyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”?
28 Wonnim anaa?
Wonteeɛ anaa?
Awurade yɛ daapem Onyankopɔn,
na ɔyɛ asase nyinaa yɛfoɔ.
Ɔremmrɛ na ɔrentɔ bera,
na ne nhunumu nni nhwehwɛmu.
29 Ɔma deɛ watɔ bera ahoɔden
deɛ wayɛ mmerɛ nso, ɔto nʼahoɔden so.
30 Mpo, mmabunu brɛ, na wɔtɔ bera,
na mmeranteɛ suntisunti hwehwe ase;
31 Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so
bɛnya ahoɔden foforɔ.
Wɔde ntaban te sɛ akɔdeɛ deɛ bɛtu akɔ ewiem;
wɔbɛtu mmirika, na wɔremmrɛ.
Wɔbɛnante, na wɔrentɔ baha.