41
Israel Boafoɔ
“Monyɛ komm wɔ mʼanim, mo nsupɔ!
Ma aman no nhyɛ wɔn ho den!
Ma wɔmmra ha mmɛkasa;
momma yɛn mmom nhyia mu wɔ asɛnniiɛ hɔ.
 
“Hwan na wakanyane deɛ ɔfiri apueeɛ no,
afrɛ no tenenee mu sɛ ɔmmɛsom no?
Ɔde aman hyɛ ne nsa
na ɔbrɛ ahemfo ase wɔ nʼanim.
Ɔde nʼakofena ma wɔdane mfuturo,
ɔde ne bɛma ma wɔdane ntɛtɛ a mframa bɔ hwete.
Ɔtaa wɔn na ɔkɔ nʼanim a biribiara enti ne ho,
wɔ ɛkwan a ɔmfaa so da so.
Hwan na wayɛ yei akɔsi awieeɛ,
afrɛ awoɔ ntoatoasoɔ afiri mfitiaseɛ?
Me Awurade, mene Ahyɛaseɛ
ne Awieeɛ no. Mene ɔno ara.”
 
Nsupɔ no ahunu na wɔbɔ hu;
nsase ano ho popo.
Wɔtwi bɛn, na wɔba anim;
na obiara boa ne yɔnko
na ɔka kyerɛ ne nua sɛ, “Yɛ den!”
Odwumfoɔ hyɛ sikadwumfoɔ nkuran,
na deɛ ɔde asaeɛ yɛ no tromtrom
boa deɛ ɔbɔ atomboɔ so.
Ɔka fa ɔsɔ no ho sɛ, “Ɛyɛ pa ara.”
Ɔbobɔ ohoni no mu nnadewa sɛdeɛ ɛrentu nhwe fam.
 
“Nanso wo, Ao Israel, me ɔsomfoɔ,
Yakob, deɛ mayi no no,
mo, mʼadamfo Abraham asefoɔ.
Mefaa wo firi nsase ano,
firi nʼakyirikyiri ntweaso, na mefrɛɛ wo.
Mekaa sɛ, ‘Woyɛ me ɔsomfoɔ’;
mapa wo na me ne wo wɔ hɔ.
10 Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ;
mma wʼabasam mmu, na mene wo Onyankopɔn.
Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo;
mede me tenenee nsa nifa bɛpagya wo.
 
11 “Wɔn a wɔn bo afu wo no nyinaa, ampa ara
wɔn ani bɛwu na wɔn anim agu ase;
wɔn a wɔtia wo no
rensɛ hwee na wɔbɛwu.
12 Ɛwom sɛ wobɛhwehwɛ wʼatamfoɔ deɛ,
nanso worenhunu wɔn.
Wɔn a wɔtu wo so sa no
rensɛ hwee koraa.
13 Na mene Awurade, wo Onyankopɔn,
deɛ ɔkura wo nsa nifa mu
na ɔka kyerɛ wo sɛ, nsuro;
mɛboa wo.
14 Nsuro, Ao, ɔsonsono Yakob,
Ao Israel a wo sua,
na mʼankasa mɛboa wo,” Awurade na ɔseɛ,
wo gyefoɔ, Israel Ɔkronkronni no.
15 “Hwɛ, mede wo bɛyɛ nhusoɔ apa,
a ɛyɛ mono, ano yɛ nnam na ɛwɔ ɛse bebree.
Wobɛhuhu mmepɔ no so na woadwiri wɔn,
na woama nkokoɔ ayɛ sɛ ntɛtɛ.
16 Wobɛhuhu wɔn so, mframa bɛma wɔn so,
na ahum abɔ wɔn akɔ.
Nanso wʼani bɛgye wɔ Awurade mu
na woahyɛ Israel Ɔkronkronni no animuonyam.
 
17 “Ohiani ne mmɔborɔni kyini pɛ nsuo,
nanso ebi nni hɔ;
osukɔm ama wɔn tɛkrɛma so awe.
Nanso me Awurade, mɛma wɔn mmuaeɛ.
Me, Israel Onyankopɔn, merennya wɔn.
18 Mɛma nsubɔntene atene wɔ sorɔnsorɔmmea bonini no so,
na nsutire apue wɔ bɔnhwa mu.
Mɛdane anweatam ayɛ no nsubura,
na nsase a awo adane nsutire bebree.
19 Mɛduadua wɔ anweatam so,
ntweneduro, okuo, ohwam ne ngo nnua.
Mɛduadua pepeaa, wɔ asase wesee so
asɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ abɔ mu,
20 sɛdeɛ nnipa bɛhunu na wɔate,
na wɔasusu ho na wɔate aseɛ sɛ,
Awurade nsa na ayɛ saa adeɛ yi;
Israel ɔkronkronni no na ɔma ɛbaeɛ.
 
21 “Bɔ wo nkuro,” Awurade na ɔseɛ.
“Kyerɛkyerɛ wʼasɛm mu,” Yakob Ɔhene na ɔseɛ.
22 “Fa wʼahoni no bra
na wɔmmɛka deɛ ɛbɛsi nkyerɛ yɛn.
Wɔmmɛka sɛdeɛ na kane nneɛma no teɛ nkyerɛ yɛn,
sɛdeɛ yɛbɛdwene ho afa
na yɛahunu deɛ ɛbɛfiri mu aba.
Anaa sɛ wɔmpae mu nka nneɛma a ɛbɛsi nkyerɛ yɛn.
23 Monka nkyerɛ yɛn deɛ ɛbɛsi daakye,
na ama yɛahunu sɛ moyɛ anyame.
Monyɛ biribi, sɛ ɛyɛ anaa ɛnyɛ,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn aba mu bɛbu na ehu aka yɛn.
24 Nanso, monnka hwee,
na mo nnwuma ho nni mfasoɔ;
deɛ ɔfa mo no yɛ akyiwadeɛ.
 
25 “Makanyane obi a ɔfiri atifi fam na ɔreba,
deɛ ɔfiri owia apueeɛ na ɔbɔ me din.
Ɔtiatia sodifoɔ so te sɛ dɔteɛ a wɔde si dan,
te sɛ ɔnwomfoɔ a ɔrewɔ dɔteɛ.
26 Hwan na ɔkaa yei ho asɛm firii ahyɛaseɛ, sɛdeɛ anka ɛbɛma yɛahunu,
anaa waka ato hɔ, sɛdeɛ yɛbɛtumi aka sɛ, ‘Ne deɛ no yɛ’?
Obiara anka yei,
obiara anni ɛkan anka,
obiara ante nsɛm biara amfiri wo nkyɛn.
27 Me na medii ɛkan ka kyerɛɛ Sion, ‘Hwɛ, wɔn nie!’
Mɛma Yerusalem ɔsomafoɔ bi a ɔde asɛmpa bɛba.
28 Mehwɛ nanso obiara nni hɔ,
obiara nni wɔn mu a ɔbɛtu wɔn fo,
sɛ mebisa wɔn a, obiara ntumi mma mmuaeɛ.
29 Hwɛ, wɔn nyinaa yɛ atorofoɔ!
Wɔn nneyɛeɛ nka hwee;
wɔn nsɛsodeɛ yɛ mframa ne basabasayɛ nko ara.