43
Israel Agyenkwa Korɔ
Na afei, sei na Awurade seɛ,
deɛ ɔbɔɔ woɔ, Ao Yakob
deɛ ɔnwonoo woɔ, Ao Israel;
“Nsuro na magye wo;
mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea.
Sɛ wofa nsuo mu a,
mɛka wo ho;
na sɛ wotwa nsubɔntene no a,
ɛremmu mfa wo so.
Sɛ wonante ogya no mu a,
worenhye;
ogyaframa no renhye wo.
Na mene Awurade, wo Onyankopɔn,
Israel Kronkronni, wo Agyenkwa.
Mede Misraim yɛ mpata ma wo
na mede Kus ne Seba si wʼananmu mu.
Sɛ wo som bo ma me na wowɔ animuonyam wɔ mʼanim
na medɔ wo enti,
mede nnipa bɛsesa wo,
na mede nkurɔfoɔ asesa wo nkwa.
Nsuro, ɛfiri sɛ, meka mo ho;
mede wo mma bɛfiri apueeɛ fam aba
na maboa wɔn ano afiri atɔeɛ fam.
Mɛka akyerɛ atifi fam sɛ, ‘Monnyaa wɔn!’
ne anafoɔ fam sɛ, ‘Monnye wɔn ntena ha.’
Momfa me mmammarima mfiri akyirikyiri mmra
na me mmammaa mfiri asase ano mmra,
obiara a me din da no so,
deɛ mebɔɔ no de hyɛɛ me ho animuonyam,
deɛ menwenee no na meyɛɛ no.”
 
Momfa wɔn a wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ
wɔn a wɔwɔ aso nanso asisi no mmra.
Aman no nyinaa boa wɔn ho ano
na nnipa no hyia mu.
Wɔn mu hwan na ɔkaa yei firii ahyɛaseɛ
na ɔpaee mu kaa nneɛma a atwam no kyerɛɛ yɛn?
Ma wɔmmfa wɔn adansefoɔ mmra mmɛdi adanseɛ sɛ wɔdi bem,
sɛdeɛ afoforɔ bɛte na wɔaka sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ.”
10 “Mone mʼadansefoɔ, ne me ɔsomfoɔ a mapa no,”
sei na Awurade seɛ,
“sɛdeɛ mobɛhunu na moagye me adie
na moate aseɛ sɛ me ne no.
Wɔammɔ onyame bi anni mʼanim,
na mʼakyi nso obiara remma.
11 Me, Me ara, Mene Awurade,
na agyenkwa biara nni hɔ sɛ me.
12 Mada no adi na magye nkwa na mapae mu aka sɛ,
Me, na ɛnyɛ onyame nanani bi a ɔwɔ mo mu.
Mone mʼadansefoɔ,” Awurade na ɔseɛ sɛ, “Mene Onyankopɔn.
13 Aane, na ɛfiri teteete no mene no.
Obiara rentumi nye mfiri me nsa mu
sɛ meyɛ biribi a, hwan na ɔbɛtumi adane no?”
Onyankopɔn Ahummɔborɔ Ne Israel Hwammɔdie
14 Sei na Awurade seɛ,
wʼAgyenkwa, Israel Kronkronni no:
“Mo enti, mɛsoma akɔ Babilonia,
na mede Babiloniafoɔ nyinaa bɛba sɛ adwanefoɔ,
wɔ ahyɛn a wɔde hoahoa wɔn ho no mu.
15 Mene Awurade, wo Kronkronni no,
Israel Yɛfoɔ, wo Ɔhene.”
 
16 Yei na Awurade seɛ,
deɛ ɔbɔɔ ɛkwan wɔ ɛpo mu,
ɛkwan a ɛda nsubunu mu,
17 deɛ ɔtwee nteaseɛnam ne apɔnkɔ,
akodɔm ne ne nkekahoɔ nyinaa,
na wɔkaa hɔ a wɔansɔre bio;
wɔadum wɔn te sɛ kanea mu ntoma:
18 “Momma mo werɛ mfiri kane nneɛma no
monntɔ nkɔ deɛ atwam no so.
19 Hwɛ, mereyɛ adeɛ foforɔ!
Seesei, ɛrepue, na monhunu anaa?
Merebɔ ɛkwan afa anweatam so
na mereyɛ nsuwansuwa wɔ asase wesee so.
20 Mmoa a wɔyɛ keka hyɛ me animuonyam,
adompo ne apatuo,
ɛfiri sɛ mema nsuo wɔ anweatam so
ne nsuwansuwa wɔ asase wesee so
de ma me nkurɔfoɔ, wɔn a mapa wɔn no nsuo,
21 nnipa a meyɛɛ wɔn maa me ho
sɛ wɔmpae mu nka mʼayɛyie.
 
22 “Nanso, womfrɛɛ me, Ao Yakob,
wonhaa wo ho wɔ me ho, Ao Israel.
23 Momfaa nnwan mmrɛɛ me sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ,
na momfaa mo afɔrebɔ nhyɛɛ me animuonyam nso.
Memmaa aduane afɔdeɛ nyɛɛ mo adesoa
na memfaa nnuhwamgyeɛ nhaa mo.
24 Montɔɔ nnuhwam mmrɛɛ me,
na mommaa mo afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ mmuu me so.
Mmom, mode mo bɔne asoa me
na mode mo mfomsoɔ ho haw abɛtɔ me so.
 
25 “Me, me ara, mene deɛ ɔpepa
mo bɔne, me enti,
na menkae mo amumuyɛ bio.
26 Monhwehwɛ deɛ atwam no mu bio mma me,
momma yɛmmɔ mu ntonto adwene wɔ asɛm no ho;
ka wʼasɛm a ɛkyerɛ sɛ wonni fɔ no.
27 Mo agya a ɔdii ɛkan no yɛɛ bɔne;
mo kasamafoɔ tee mʼanim atua.
28 Enti magu mo asɔredan mu atitire anim ase,
na mede Yakob ama ɔsɛeɛ,
na mede Israel ama ahɔhora.