42
Awurade Somfoɔ No
“Me ɔsomfoɔ a mahyɛ no den nie,
deɛ mayi noɔ na ɔsɔ mʼani;
mede me Honhom bɛgu no so
na ɔde atɛntenenee bɛbrɛ aman no.
Ɔrenteam anaa ɔremma ne nne so.
Ɔremma ne nne so wɔ mmɔntene so.
Demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu.
Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum.
Nokorɛ mu na ɔbɛda tenenee adi;
ɔrenhinhim na nʼabamu remmu
kɔsi sɛ ɔde tenenee bɛba asase so.
Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛtoɔ.”
 
Yei ne deɛ Onyankopɔn, Awurade no seɛ,
deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu,
deɛ ɔtwee asase mu ne deɛ ɛfiri mu nyinaa,
deɛ ɔma wɔn a wɔte so ahome,
na ɔma wɔn a wɔnante soɔ no nkwa:
“Me, Awurade, mafrɛ wo tenenee mu;
mɛsɔ wo nsa.
Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛ
apam ama nkurɔfoɔ no
ne kanea ama amanamanmufoɔ,
na woabue ani a afira,
na woayi nneduafoɔ afiri afiase
na woagye wɔn a wɔda afiase amena mu, wɔn a wɔte esum kabii mu no.
 
“Mene Awurade; me din ne no!
Meremfa mʼanimuonyam mma obi
anaa mʼayɛyie mma ahoni.
Hwɛ, nneɛma dada no atwam,
na nneɛma foforɔ no mepae mu ka;
ansa na ɛbɛba mu no
meka kyerɛ mo.”
Awurade Ayɛyie Dwom
10 Monto dwom foforɔ mma Awurade!
Nʼayɛyie mfiri asase ano,
mo a mokɔ ɛpo so ne deɛ ɛwo mu nyinaa,
mo nsupɔ ne wɔn a wɔtete so nyinaa.
11 Ma anweatam ne ɛso nkuro mma wɔn nne so;
ma atenaeɛ a Kedar te soɔ no nsɛpɛ wɔn ho.
Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto anigye dwom;
ma wɔn nteam mfiri mmepɔ no atifi!
12 Ma wɔnhyɛ Awurade animuonyam;
na wɔmpae mu nka nʼayɛyie no wɔ nsupɔ no so.
13  Awurade bɛpue aba sɛ ɔkatakyie,
te sɛ ɔkofoni no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den;
ɔde nteam bɛyɛ ɔkofrɛ
na ɔbɛdi nʼatamfoɔ so nkonim.
 
14 “Mayɛ komm akyɛre,
mayɛ dinn na mahyɛ me ho so.
Nanso, afei, te sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ no,
meteam, mehome a ɛnsi so na mehome ɔherɛ so.
15 Mɛsɛe mmepɔ ne nkokoɔ no
na mahye ɛso afifideɛ nyinaa.
Mɛdane nsubɔntene ma ayɛ nsupɔ,
na mama atadeɛ awewe.
16 Mɛdi anifirafoɔ anim afa ɛkwan a wɔnnim so,
akwan a wɔnnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan.
Mɛma esum no ayɛ hann wɔ wɔn anim,
na mayɛ mmea a ɛyɛ mmomkyi mmɔnka no tromtrom.
Yeinom ne nneɛma a mɛyɛ;
merennya wɔn mu.
17 Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so,
na wɔka kyerɛ nsɛsodeɛ sɛ, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no,
mɛpam wɔn animguaseɛ mu.”
Israel, Onifirani Ne Ɔsotifoɔ
18 “Tie, wo ɔsotifoɔ;
hwɛ, wo onifirani na hunu!
19 Hwan ne ɔnifirafoɔ sɛ me ɔsomfoɔ,
na ɔyɛ ɔsotifoɔ sɛ ɔbɔfoɔ a mesoma noɔ?
Hwan na nʼani afira sɛ deɛ ɔde ne werɛ ahyɛ me mu?
Anaa hwan na nʼani afira sɛ Awurade ɔsomfoɔ?
20 Woahunu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho;
Wʼasom da ɛkwan, nanso wonte hwee.”
21 Ɛsɔɔ Awurade ani
ne tenenee enti
sɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam.
22 Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafo wɔn yi,
wɔn nyinaa aka amena mu
anaa wɔde wɔn asie wɔ nneduadan mu.
Wɔayɛ wɔn afodeɛ
na wɔnni obi a ɔbɛgye wɔn;
wɔayɛ wɔn korɔnodeɛ
na wɔnni obi a ɔbɛka sɛ, “Momfa wɔn nsane nkɔ.”
 
23 Mo mu hwan na ɔbɛtie yei
anaa ɔbɛdwene ho yie akyire yi?
24 Hwan na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ korɔnodeɛ,
na ɔde Israel maa afomfoɔ?
Ɛnyɛ Awurade a
yɛayɛ bɔne atia no no?
Ɛfiri sɛ wɔannante nʼakwan so;
na wɔanni ne mmara so.
25 Enti ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so,
akodie mu basabasayɛ.
Ɛde egyadɛreɛ bunkam wɔn so, nanso wɔante aseɛ.
Ɛhyee wɔn, nanso amfa wɔn ho.