5
Bobe Turo Ho Dwom
Mɛto dwom ama me dɔfo
ɛdwom a ɛfa ne bobe turo ho:
Na me dɔfo wɔ bobe turo bi
wɔ asasebereɛ bi a ɛda bepɔ ani.
Ɔfuntum asase no yiyii mu aboɔ,
na ɔduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so.
Ɔsii ɔwɛn aban wɔ mfimfini
na ɔtuu nsakyimena nso.
Afei, ɔhwɛɛ anim sɛ ɔbɛtwa bobe aba pa,
nanso ɛsoo aba bɔne.
 
“Afei, mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima,
mommu me ne me bobe turo ntam atɛn.
Ɛdeɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobe turo
boro deɛ mayɛ yi so?
Ɛberɛ a merehwɛ anim sɛ menya bobe a ɛyɛ no
adɛn enti na ɛsoo aba bɔne?
Afei, mɛka
deɛ merebɛyɛ me bobefuo no akyerɛ wo:
Mɛyi ɛho ban no afiri hɔ,
na wɔbɛsɛe no;
mɛbubu ɛho fasuo,
na wɔbɛtiatia so.
Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan
a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma,
ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bɛnyini wɔ so.
Mɛhyɛ omununkum
na wantɔ nsuo angu so.”
 
Asafo Awurade bobe turo no
yɛ Israel fie,
na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho.
Ɔpɛɛ atɛn tenenee nanso ɔhunuu mogyahwiegu;
ɔpɛɛ tenenee nanso ɔtee mmɔborɔ su.
Nnome Ne Atemmuo
Nnome nka mo a mode efie ka efie ho
na mogyegye mfuo bobɔ soɔ
kɔsi sɛ asase no bɛsa
na ɛka mo nko ara wɔ asase no so.
Asafo Awurade apae mu aka ama mate:
“Nokorɛm afie akɛseɛ no bɛda mpan,
na mmorɔsan fɛfɛ no, obiara rentena mu.
10 Bobefuo kɛseɛ pa ara no
nsã kakra bi na ɛbɛfiri mu.
Aba lita aduonu baako a wɔdua no
wɔbɛnya so lita aduonu mmienu pɛ.”
 
11 Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema
kɔhwehwɛ wɔn nsã akyiri kwan,
wɔn a wɔsiri pɛ
kɔsi sɛ nsã bɛbo wɔn.
12 Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn apontoɔ ase,
akasaeɛ, ne atɛntɛbɛn ne nsã,
nanso wɔtwiri deɛ Awurade ayɛ,
na wɔmmu ne nsa ano adwuma.
13 Ɛno enti, me nkurɔfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu,
ɛfiri sɛ, wɔnni nteaseɛ;
ɛkɔm bɛkum wɔn mu atitire
na osukɔm bɛtware wɔn mu bebree.
14 Enti, damena akɔnnɔ yɛ kɛseɛ
na ɔbue nʼanom bayaa;
na emu na atitire ne ɛdɔm no bɛkɔ
wɔne wɔn a wɔsa na wɔgye wɔn ani.
15 Enti, wɔbɛbrɛ onipa ase
na wama adasamma aboto.
Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,
16 nanso Asafo Awurade atɛntenenee bɛpagya no,
na Kronkron Onyankopɔn de ne tenenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni.
17 Afei nnwan bɛkɔ adidi te sɛ deɛ wɔwɔ wɔn adidibea;
nnwammaa bɛdidi wɔ asikafoɔ amanfo so.
 
18 Monnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne,
na mode nteaseɛnam ntampehoma twetwe amumuyɛ.
19 Monnue, mo a moka sɛ, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm,
ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm
sɛdeɛ yɛbɛhunu.
Ma ɛmmɛn,
Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛeɛ no mmra,
sɛdeɛ yɛbɛhunu.”
 
20 Monnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papa
na papa nso sɛ bɔne,
mo a mode esum si hann anan mu
na hann si esum anan mu,
mo a mofrɛ nwononwono sɛ dɛɛdɛ
ne dɛɛdɛ sɛ nwononwono.
 
21 Monnue, mo a mobu mo ho anyansafoɔ, mo ankasa ani so
ne anitefoɔ mo ankasa ani so.
 
22 Monnue mo a wɔfrɛ mo akatakyie wɔ nsanom mu
ne ahoɔdenfoɔ wɔ nsã afrafra mu.
23 Mo a mogye adanmudeɛ, na mo gyae deɛ ɔdi fɔ
na mo bu deɛ ɔdi bem no fɔ.
24 Enti, sɛdeɛ egyadɛreɛ hye wira dwaneeɛ
na ɛserɛ a awo yera wɔ ogyaframa mu no,
saa ara na mo nhini bɛporɔ,
na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfuturo;
ɛfiri sɛ moapo Asafo Awurade mmara
na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.
25 Enti Awurade abufuo aba ne nkurɔfoɔ so,
wapagya ne nsa na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam.
Mmepɔ no woso,
na afunu ayɛ sɛ mmɔntene so wira.
 
Nanso yei nyinaa akyi, ne bo nnwoeɛ,
na ne nsa da so wɔ soro.
 
26 Ɔpagya frankaa ma akyirikyiri aman,
ɔhyɛne abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano.
Wɔn na wɔreba no,
ɔherɛ so ne ntɛm so!
27 Wɔn mu biara mmrɛ na ɔnsunti,
obiara ntɔ nko na ɔnna;
abɔsoɔ biara mu rengo wɔ asene mu
na mpaboa ahoma biara nso rente.
28 Wɔn agyan ano yɛ nnam,
na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado;
wɔn apɔnkɔ ntɔte te sɛ twerɛboɔ,
wɔn nteaseɛnam ntwahonan te sɛ twahoframa.
29 Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata deɛ,
na wɔbobɔm sɛ gyata mma;
wɔpɔso kyere wɔn hanam
na wɔde no kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.
30 Ɛda no wɔbɛbobɔ mu agu ne so
sɛdeɛ ɛpo woro soɔ.
Na sɛ obi hwɛ asase no a,
ɔbɛhunu esum kabisii ne ahohiahia;
omununkum bɛma hann aduru sum.