6
Yesaia Soma
Afe a ɔhene Usia wuiɛ mu no, mehunuu Awurade sɛ ɔte ahennwa a, ɛkorɔn na wapagya so na nʼatadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie hɔ ma. Na serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban nsia wɔ nʼAtifi. Wɔde ntaban no mmienu kata wɔn anim, na wɔde mmienu nso kata wɔn nan ho ɛnna wɔde mmienu nso tu. Na obiara team kyerɛ ne yɔnko sɛ,
“Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade;
Nʼanimuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!”
Wɔn nne nnyegyeeɛ maa apono ne aboboano wosooɛ, na wisie yɛɛ asɔrefie hɔ ma.
Meteam kaa sɛ, “Me nnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho nteɛ, na mete nnipa a wɔn ano ho nteɛ mu, Ɔhene, Otumfoɔ Awurade na mʼani ahunu no yi.”
Na serafim no mu baako a ɔkura gyasramma, a ɔde daban kɔfa firii afɔrebukyia no so tu baa me nkyɛn. Ɔde yei kaa mʼano kaa sɛ, “Hwɛ, yei aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdie na wɔatua wo bɔne so ka.”
Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa sɛ, “Hwan na mensoma no? Na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn?”
Na mekaa sɛ, “Me nie. Soma me!”
Na ɔkaa sɛ, “Kɔka kyerɛ saa nkurɔfoɔ yi sɛ,
“ ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ;
Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhunu.’
10 Ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma;
moasi mo aso,
akatakata mo ani.
Ɛnyɛ saa a, anka mo ani bɛhunu adeɛ,
na mo akoma ate asɛm ase,
na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.”
11 Na mekaa sɛ, “Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade?”
Na ɔbuaa sɛ,
“Ɛnkɔsi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ nkurofon
a nnipa ntete soɔ,
ɛnkɔsi sɛ afie no bɛyɛ afituo
na mfuo no asɛe ayɛ pasaa,
12 ɛnkɔsi sɛ, Awurade bɛpamo obiara akɔ akyirikyiri
na asase no ada mpan.
13 Mpo, sɛ nkyɛmu edu mu baako ka asase no so a,
wɔbɛsɛe no bio.
Nso sɛdeɛ dupɔn anaa odum
gya dunsini ɛberɛ a wɔatwa ato fam no,
saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsini wɔ asase no so.”