54
Sion Daakye Animuonyam
“To dwom, Ao, ɔbonini, di ahurisie,
wo a wonnwoo da;
ma wo nne so na team,
wo a awoɔ nkaa wo da;
ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma
adɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu,”
Awurade na ɔseɛ.
“Trɛ wo ntomadan no mu;
twe wo ntomadan ntwamu no mu,
nnyae yɛ;
toa wo ntampehoma no so,
bobɔ wo mpɛɛwa no so ma ɛntim yie.
Ɛfiri sɛ wobɛtrɛ akɔ nifa ne benkum;
wʼasefoɔ bɛgye aman afa
na wɔatena wɔn nkuropɔn a asɛe no so.
 
“Nsuro. Wʼanim rengu ase.
Nsuro aniwuo. Wɔremmrɛ wo ase.
Wo werɛ bɛfiri wo mmabunu mu aniwuo
na wo kunayɛ mu ahohora nso, worenkae bio.
Na wo Bɔfoɔ yɛ wo kunu
Asafo Awurade ne ne din,
Israel Ɔkronkronni no yɛ wo Gyefoɔ.
Wɔfrɛ no asase nyinaa so Onyankopɔn.
Awurade bɛsane afrɛ wo
te sɛ ɔyere a woagyaa no na ɔdi yea wɔ nʼakoma mu,
ɔyere a ɔwaree mmabaawaberɛ mu
na wogyaa no mpofirim,” wo Onyankopɔn na ɔseɛ.
“Megyaa wo berɛ tiawa bi mu,
nanso mefiri ayamhyehyeɛ a emu dɔ mu bɛsane de wo aba.
Abufuo mmorosoɔ mu,
mede mʼani hintaa wo mmerɛ tiawa bi,
nanso mʼayamyɛ a ɛnsa da enti,
mɛhunu wo mmɔbɔ,”
deɛ Awurade, wo Gyefoɔ seɛ nie.
 
“Yei te sɛ Noa mmerɛ so a mekaa ntam sɛ
meremma nsuyire nkata asase ani bio.
Enti afei maka ntam sɛ meremma mebo mfu wo bio,
na merenka wʼanim bio.
10 Sɛ mmepɔ woso,
na nkokoɔ tutu a,
me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim
na mʼasomdwoeɛ apam no rentwam,”
sei na Awurade a ɔwɔ ahummɔborɔ ma mo no seɛ.
 
11 “Ao, kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ,
mede aboɔ anintɔnka bɛsiesie wo,
na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wo fapem.
12 Mede bogyaboɔ bɛto wʼabantifi afasuo,
na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapono,
na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wʼafasuo nyinaa.
13  Awurade bɛkyerɛkyerɛ wo mmammarima nyinaa,
na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.
14 Wobɛtim wɔ tenenee mu:
Wo ne nhyɛsotrasoɔ ntam kwan bɛware;
worensuro biribiara.
Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri,
na ɛremmɛn wo.
15 Sɛ obi to hyɛ wo so a, na ɛmfiri me;
na deɛ ɔto hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo.
 
16 “Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfoɔ
a ɔfite gyasramma mu ma ɛdɛre
na ɔde ahoɔden bɔ akodeɛ a ɛfata ne dwumadie.
Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔmmɛsɛe adeɛ;
17 akodeɛ biara a wɔabɔ atia wo no rennyina
na tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo soboɔ no, wobɛbɔ agu.
Yei ne Awurade nkoa agyapadeɛ
ne wɔn bembuo a ɛfiri me,”
Awurade na ɔseɛ.