55
Osukɔm Ho Ɔfrɛ
“Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa,
mommra nsuo no ho;
na mo a monni sika,
mommra mmɛtɔ na monni!
Mommra mmɛtɔ nsã ne nufosuo
a monntua hwee.
Adɛn enti na mosɛe sika wɔ deɛ ɛnyɛ aduane ho
ne mo ahoɔden wɔ deɛ ɛmmee ho?
Montie, montie me na monni deɛ ɛyɛ,
na mo kra ani bɛgye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho.
Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn;
montie me, na mo kra anya nkwa.
Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa,
me dɔ a ɛtoɔ ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.
Hwɛ, mede no ayɛ adansedie ama nnipa no,
wɔn ɔkandifoɔ ne ɔsahene.
Ampa ara mobɛfrɛ aman a monnim wɔn,
na aman a wonnim mo no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn,
Awurade, mo Onyankopɔn enti,
Israel Ɔkronkronni no,
ɛfiri sɛ wahyɛ mo animuonyam.”
 
Monhwehwɛ Awurade ɛberɛ a mobɛhunu no.
Momfrɛ no ɛberɛ a ɔbɛn.
Ma omumuyɛfoɔ ntwe ne ho mfiri nʼakwan ho
na ɔbɔnefoɔ nso mfiri ne nsusuiɛ ho.
Ma ɔnnane nkɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛhunu no mmɔbɔ,
ɔnnane nkɔ yɛn Onyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.
 
“Na mʼadwene nnyɛ mo adwene,
na mo akwan nso nnyɛ mʼakwan,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no,
saa ara na mʼakwan korɔn sene mo akwan,
na mʼadwene nso korɔn sene mo adwene.
10 Osuo ne sukyerɛmma
tɔ firi soro gu fam,
na ɛnsane nkɔ hɔ bio
gye sɛ afɔ asase
ama afifideɛ ɛgu nhwiren,
sɛdeɛ ɛbɛso aba ama ogufoɔ na aduane nso aba ama deɛ ɔdie.
11 Saa ara na mʼasɛm a ɛfiri mʼanum teɛ:
Ɛrensane mma me nkyɛn kwa.
Mmom ɛbɛyɛ deɛ mepɛ
na awie botaeɛ a ɛno enti mesomaa no.
12 Mode ahosɛpɛ bɛpue
na wɔagya mo kwan asomdwoeɛ mu;
mmepɔ ne nkokoɔ
bɛto nnwom wɔ mo anim,
na mfuo so nnua nyinaa
bɛbɔ wɔn nsam.
13 Nkyɛkyerɛ ananmu, pepeaa bɛfifiri,
na nnɛnkyɛnse ananmu, ohwam dua bɛfifiri.
Yei bɛyɛ deɛ ɛhyɛ Awurade animuonyam,
ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnneɛ,
a ɛrentwam da.”