59
Bɔne, Bɔneka Ne Ɔgyeɛ
Ampa ara Awurade nsa nyɛ tiaa sɛ ɛrennye nkwa,
na nʼasom nyɛ den sɛ ɛrente asɛm.
Nanso, mo amumuyɛ na atete
mo ne mo Onyankopɔn ntam;
mo bɔne ama nʼanim ahinta mo,
a enti ɔrente.
Na mogya akeka mo nsa ho,
afɔdie afɔre mo nsateaa.
Mo ano akeka atorɔsɛm,
mo tɛkrɛma de amumuyɛsɛm di nsekuro.
Obiara nhwehwɛ atɛntenee;
obiara mfa nokorɛdie mmɔ ne nkuro.
Wɔde wɔn ho to nsɛmhuhuo so na wɔtwa nkontonpo;
wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.
Wɔhwane ananka nkosua
na wɔnwono ananse ntontan.
Deɛ ɔdi wɔn nkosua biara bɛwu,
emu baako nso bɔ a, ɛpae ahuritia.
Wɔn ntontan nyɛ mma aduradeɛ;
wɔrentumi mfa deɛ wɔyɛ nkata wɔn ho.
Wɔn nneyɛɛ yɛ nneyɛɛ bɔne,
na wɔdi akakabensɛm.
Wɔtu mmirika kɔyɛ bɔne;
wɔnkyɛre opira ne awudie ho.
Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa.
Asomdwoeɛ kwan no, wɔnnim;
atɛntenenee nni wɔn akwan so.
Wɔadane wɔn akwan nkontonkyi.
Obiara a ɔnante soɔ no rennya asomdwoeɛ.
 
Enti atɛntenenee ne yɛn ntam aware,
na adetenenee mmɛn yɛn.
Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ esum;
deɛ ɛhyerɛn, nanso yɛnam esum kabii mu.
10 Yɛayɛ te sɛ anifirafoɔ. Yɛkeka afasuo ho
hwehwɛ kwan te sɛ nnipa a wɔnni ani.
Owigyinaeɛ no, yɛsuntisunti sɛdeɛ onwunu adwoɔ;
yɛduru ahoɔdenfoɔ mu a, yɛte sɛ awufoɔ.
11 Yɛn nyinaa pɔ so te sɛ sisire;
yɛde awerɛhoɔ kurum sɛ mmorɔnoma.
Yɛhwehwɛ atɛntenenee nso yɛnhunu bi;
ɔgyeɛ nanso ɛwɔ akyirikyiri.
 
12 Ɛfiri sɛ, yɛn mfomsoɔ adɔɔso wɔ wʼani so,
na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn.
Yɛn mfomsoɔ da yɛn anim daa,
na yɛgye yɛn amumuyɛ to mu:
13 atuateɛ ne afatwa a ɛtia Awurade,
yɛn akyi a yɛdane kyerɛ yɛn Onyankopɔn,
nhyɛsoɔ ne atuateɛ a yɛfoa soɔ,
atorɔsɛm a ɛfiri akoma mu a yɛka.
14 Enti wɔapam atɛntenenee kɔ nʼakyi,
na adetenenee akɔgyina baabi;
nokorɛ ahwe ase wɔ mmɔntene so.
Nokorɛdie ntumi mma mu.
15 Nokorɛ nni baabiara,
obiara a ɔtwe ne ho firi bɔne ho no ayɛ ɔtamfoɔ.
 
Awurade hwɛeɛ na ansɔ nʼani
sɛ atɛntenenee nni hɔ.
16 Ohunuu sɛ obiara nni hɔ.
Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata;
enti ɔno ankasa basa dii nkwagyeɛ ho dwuma maa no,
na ne tenenee wowaa no.
17 Ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ,
ne nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ wɔ ne tiri so.
Ɔhyɛɛ aweretɔ ntadeɛ
na ɔde mmɔdemmɔ firaa sɛ ntoma.
18 Ɔbɛgyina deɛ wɔayɛ so
atua so ka.
Nʼatamfoɔ bɛnya nʼabufuhyeɛ.
Wɔn a wɔne no ayɛ dɔm bɛnya so akatua;
nsupɔ no nso, ɔbɛtua wɔn ka sɛdeɛ ɛsɛ wɔn.
19 Ɛfiri atɔeɛ fam, nnipa bɛsuro Awurade din
na ɛfiri apueeɛ wɔde anidie bɛma nʼanimuonyam.
Na ɔbɛba sɛ nsuo a ayiri tɛnn,
Awurade ahomeguo de no bɛba.
 
20 “Ɔgyefoɔ no bɛba Sion,
na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu,”
sei na Awurade seɛ.
21 “Medeɛ yei yɛ me ne wɔn apam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom remfiri mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefoɔ anom, ɛfiri saa ɛberɛ yi kɔsi daa apem,” sei na Awurade seɛ.