58
Nokorɛ Mmuadadie
“Monteam denden, monnnyae.
Momma mo nne so sɛ totorobɛnto.
Mompae mu nka me nkurɔfoɔ atuateɛ nkyerɛ wɔn
na monka Yakob efie nso nnebɔne nkyerɛ no.
Ɛda biara da wɔhwehwɛ me;
ayɛ sɛ wɔpere sɛ wɔbɛhunu mʼakwan,
te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ deɛ ɛtene
na wɔmpoo wɔn Onyankopɔn ahyɛdeɛ.
Wɔbisa me hɔ asɛntenenee
na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn.
Wɔka sɛ, ‘Adɛn enti na yɛadi mmuada
na woanhunu yi?
Adɛn enti na yɛabrɛ yɛn ho ase,
na woanhwɛ yi?’
 
“Nanso mo abuada da no, moyɛ deɛ mopɛ
na mosisi mo adwumayɛfoɔ nyinaa.
Ntɔkwa ne akasakasa na mode wie mo abuadadie,
ne akuturuku a mode bobɔ mo ho.
Morentumi nni mmuada sɛdeɛ moyɛ no ɛnnɛ yi
na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ soro.
Yei ne mmuadadie a mepɛ anaa?
Ɛda koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no anaa?
Ɛne sɛ obi si ne tiri ase te sɛ demmire
na ɔtena ayitoma so ne nsõ mu nko ara anaa?
Yei na mofrɛ no abuadadie yi,
ɛda a ɛsɔ Awurade ani yi ni anaa?
 
“Saa mmuadadie yi na mepɛ:
sɛ mobɛyiyi ntɛnkyea nkɔnsɔnkɔnsɔn
na moasane kɔnnua nhoma,
sɛ mobɛgyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so
na moabubu kɔnnua biara.
Ɛsɛ sɛ mo ne wɔn a ɛkɔm de wɔn kyɛ mo aduane
na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena.
Sɛ mohunu deɛ ɔda adagya a, momfira no ntoma
na monnyi mo ani mfiri mo yɔnko onipa so.
Ɛno na mo hann bɛpue te sɛ ahemadakye,
na mo ayaresa aba ntɛm so;
afei mo tenenee bɛdi mo anim,
na Awurade animuonyam bɛbɔ mo kyidɔm.
Afei mobɛfrɛ, na Awurade bɛgye mo so;
mobɛteam apɛ mmoa, na ɔbɛka sɛ: Me nie.
 
“Sɛ moyi nhyɛsoɔ kɔnnua,
nsa a motene wɔ onipa so ne ntwatoso firi hɔ,
10 na sɛ moha mo ho ma wɔn a ɛkɔm de wɔn
na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no deɛ ɛhia wɔn a,
ɛnneɛ mo nkanea bɛhyerɛn wɔ esum mu,
na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinaeɛ.
11  Awurade bɛkyerɛ mo ɛkwan ɛberɛ biara;
ɔbɛma mo deɛ ɛhia mo wɔ asase wesee so
na ɔbɛhyɛ mo onipadua den.
Mobɛyɛ sɛ turo a wɔgugu so nsuo yie,
sɛ asuwa a emu nsuo nwe da.
12 Mo nkurɔfoɔ bɛsane asi teteete mmubuiɛ no,
na wɔato fapem a akyɛre no;
wɔbɛfrɛ mo Deɛ Ɔsiesie Afasuo a Abubu no,
Deɛ Ɔsiesie Adan a Abubu.
 
13 “Sɛ mohwɛ mo anammɔntuo so yie Homeda
na moannyɛ deɛ mopɛ wɔ me da kronkron no,
sɛ mofrɛ Homeda no anigyeɛ da
na modi Awurade da kronkron no ni
na moamfa mo ara mo akwan so
na moanyɛ deɛ mopɛ anaa moanka nsɛmhunu a,
14 ɛnneɛ mobɛnya anigyeɛ wɔ Awurade mu
na mɛma mo anante asase no sorɔnsorɔmmea so
na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapadeɛ so.”
Awurade na aka.