65
Atemmuo Ne Nkwagyeɛ
“Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase;
wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me.
Ɔman a wɔnnsu mfrɛ me no
Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Me nie, Me nie.’
Ɛda mu nyinaa, matrɛ me nsa mu ama
nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano,
a wɔnenam akwammɔne so,
na wɔdi wɔn ankasa nsusuiɛ akyi.
Nnipa a daa no wɔyi me ahi
wɔ mʼanim pɛɛ.
Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ nturo mu
na wɔhye nnuhwam wɔ ntayaa afɔrebukyia so;
Wɔtenana adamena so
na anadwo wɔsiri pɛ nkokoam;
wɔwe prakonam
na wɔn nkwansɛn mu nso, wɔayɛ nkwan a wɔde ɛnam a ɛho nteɛ ayɛ;
wɔka sɛ, ‘Momfiri ha; mo mmɛn me,
ɛfiri sɛ me ho te dodo ma mo!’
Saa nnipa yi yɛ wisie wɔ me hwene mu,
ogya a ɛkɔ so hyeɛ da mu nyinaa.
 
“Hwɛ, wɔatwerɛ ato hɔ wɔ mʼanim sɛ,
merennyɛ komm, mɛtua so ka pɛpɛɛpɛ;
mɛtua so ka agu wɔn asrɛ so,
mo ne mo agyanom bɔne nti,”
sei na Awurade seɛ.
“Esiane sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ mmepɔ so
na wɔtwirii me wɔ nkokoɔ so enti
mɛsusu bɔne a wɔyɛɛ kane no so akatua pɛpɛɛpɛ
agu wɔn asrɛ so.”
Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Sɛdeɛ wɔnya nsuo firi bobe dontwo mu
na nnipa ka sɛ, ‘Monnsɛe no,
ɛfiri sɛ adepa bi da so wɔ mu’ no
saa ara na mʼasomfoɔ no enti mɛyɛ.
Merensɛe wɔn nyinaa.
Mede Yakob asefoɔ bɛba,
na me mmepɔ no sodifoɔ afiri Yuda aba;
me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn adeɛ,
na ɛhɔ na mʼasomfoɔ bɛtena.
10 Saron bɛyɛ nnwankuo adidibea,
na Akɔr bɔnhwa no ayɛ anantwikuo homebea,
ama me nkurɔfoɔ a wɔhwehwɛ me.
 
11 “Na mo a mogya Awurade
na mo werɛ firi ne bepɔ kronkron no,
mo a moto ɛpono ma Ahonya bosom no
na mohyɛ afransa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea bosom no,
12 mede mo bɛto akofena ano,
na mo nyinaa akoto ama wɔakum mo;
ɛfiri sɛ mefrɛeɛ nanso moannye so,
mekasaeɛ nanso moantie.
Moyɛɛ deɛ ɛyɛ mʼani so bɔne
na moyɛɛ deɛ mempɛ.”
13 Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“Mʼasomfoɔ bɛdidi,
nanso ɛkɔm bɛde wɔn,
mʼasomfoɔ bɛnom,
nanso osukɔm bɛde wɔn;
mʼasomfoɔ ani bɛgye,
nanso wɔn anim bɛgu ase.
14 Mʼasomfoɔ bɛto nnwom
afiri akoma mu anigyeɛ mu
na wɔbɛteam asu
afiri wɔn akoma ahoyera mu
na wɔbɛtwa adwo afiri honhom a ayɛ mmrɛ mu.
15 Mo din bɛyɛ mmusuo
ama wɔn a mapa wɔn;
Otumfoɔ Awurade bɛkum mo
na nʼasomfoɔ deɛ, ɔbɛma wɔn edin foforɔ.
16 Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so
bɛyɛ wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu;
obiara a ɔka ntam wɔ asase no so
bɛka no wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu.
Na ɔhaw a atwam no, wɔn werɛ bɛfiri
na me nso, me werɛ bɛfiri.
 
17 “Hwɛ! Mɛbɔ
ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ.
Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio,
na ɛremma adwene mu nso.
18 Nanso momma mo ani nnye na monni ahurisie afebɔɔ
wɔ deɛ merebɛbɔ ho,
ɛfiri sɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anika
na emu nnipa ayɛ anigyeɛ farebae.
19 Mɛsɛpɛ me ho wɔ Yerusalem mu,
na madi ahurisie wɔ me nkurɔfoɔ ho.
Na wɔrente agyaadwoɔ ne osu nnyegyeeɛ
wɔ mu bio.
 
20 “Ɛrensi bio wɔ mu.
Abɔfra a ne nkwa nna yɛ kakraa bi,
anaa akɔkoraa a ɔnni ne mfeɛ nwieeɛ,
deɛ ɔdi mfeɛ ɔha na ɔwu no
wɔbɛfa no sɛ ɔbabunu bi kɛkɛ;
na deɛ wannya mfeɛ ɔha no
wɔbɛfa no sɛ wɔadome no.
21 Wɔbɛsisi afie na wɔatena mu,
wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba.
22 Wɔrensisi afie mma afoforɔ mmɛtena mu bio,
na wɔrennua mma afoforɔ mmɛdi.
Na nna a nnua di no,
saa ara na me nkurɔfoɔ nna bɛyɛ;
me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi
wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛre.
23 Wɔremmrɛ nnwu
na wɔrenwo mma a wɔn hyɛberɛ nnyɛ;
ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn,
wɔne wɔn asefoɔ.
24 Mɛbua wɔn ansa na wɔafrɛ me.
Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, mɛtie.
25 Pataku ne odwammaa bɛdidi abɔ mu;
gyata bɛwe ɛserɛ sɛ ɔnantwie,
nanso mfuturo bɛyɛ ɔwɔ aduane.
Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi
wɔ me bepɔ kronkron so nyinaa,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.