66
Atemmuo Ne Anidasoɔ
Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Ɔsoro yɛ mʼahennwa,
na asase yɛ me nan ntiasoɔ.
Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me?
Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?
Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa,
ɛna enti ɛbaa mu anaa?”
Awurade na ɔseɛ.
 
“Obi a mʼani sɔ no nie:
deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ ne ahonu honhom,
na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho.
Nanso, obi a ɔde nantwinini bɔ afɔdeɛ no
saa ɔnipa no afɔdeɛ te sɛ onipa a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ,
na deɛ ɔde odwammaa ba no,
saa onipa no afɔdeɛ te sɛ ɔkraman a wɔakum no de no abɔ afɔdeɛ;
deɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ no
saa onipa no afɔdeɛ te sɛ prako mogya a wɔde bɔ afɔdeɛ,
deɛ ɔhye nnuhwam a ɛwɔ din no
saa onipa no afɔdeɛ no te sɛ deɛ wɔde som ɔbosom.
Wɔafa wɔn ankasa akwan
na wɔn ɔkra ani gye wɔn akyiwadeɛ ho;
enti me nso mɛpɛ aniɛyaadeɛ ayɛ wɔn
na mede deɛ wɔsuro bɛba wɔn so.
Ɛfiri sɛ mefrɛeɛ no, obiara annye so,
mekasaeɛ no, obiara antie.
Wɔyɛɛ bɔne wɔ mʼani so
na wɔyɛɛ deɛ mempɛ.”
 
Montie Awurade asɛm,
mo a mote nʼasɛm a mo ho popo:
“Mo nuanom mmarimma a me din enti wɔtane mo
na wɔatwa mo agya no, wɔka sɛ,
‘Monhyɛ Awurade animuonyam,
na yɛahunu mo anigyeɛ!’
Nanso wɔn anim bɛgu ase.
Montie hooyɛ a ɛfiri kuropɔn no mu,
montie gyegyeegye a ɛfiri asɔredan no mu!
Ɛyɛ Awurade nnyegyeeɛ
a ɔde retua nʼatamfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn.
 
“Ansa na ɔbaa bɛkyem no,
ɔwo;
ansa na ɔbɛte awoɔyaa no,
ɔwo ɔbabarima.
Hwan na wate biribi sei ho asɛm pɛn?
Hwan na wahunu biribi sei pɛn?
Wɔbɛtumi de da koro akyekyere ɔmansin
anaa wɔbɛtumi akyekyere ɔman ɛberɛ sin bi mu?
Nanso awoɔ ka Sion ara pɛ a
ɔwo ne mma.
Mede obi bɛduru awokoɔ ano a
memma no nwo anaa?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Mesi awotwaa ano
ɛberɛ a awoɔ aduru so anaa?” Wo Onyankopɔn na ɔseɛ.
10 Mo ne Yerusalem ani nnye na monni ahurisie mma no,
mo a modɔ no nyinaa;
mo ne no nsɛpɛ mo ho yie,
mo a modi ne ho awerɛhoɔ nyinaa.
11 Mobɛnum nʼawerɛkyekyerɛ nufoɔ
no amee;
mobɛnom aboro so
na mo ani bɛgye deɛ abu so atra so no ho.
12 Na yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Mede asomdwoeɛ bɛma no sɛ asubɔnten,
ne amanaman no ahonya nso sɛ asutene a ayiri.
Mobɛnum na waturu mo wɔ ne basa so
na ɔbɛgye mo agorɔ wɔ nʼanankoroma so.
13 Sɛdeɛ ɔbaa kyekye ne ba werɛ no
saa ara na mɛkyekye mo werɛ;
na mobɛnya awerɛkyekyerɛ wɔ Yerusalem.”
 
14 Sɛ mohunu yei a, mo akoma ani bɛgye
na mobɛyɛ frɔmm sɛ ɛserɛ;
wɔbɛhunu Awurade nsa wɔ ne nkoa so,
nanso wɔbɛhunu nʼabufuhyeɛ wɔ nʼatamfoɔ so.
15 Hwɛ, Awurade de ogya reba,
na ne nteaseɛnam te sɛ ntwahoframa;
ɔde nʼabufuo bɛba wɔ anibereɛ so,
na ɔde gyadɛreeɛ ayɛ nʼanimka.
16 Ogya ne nʼakofena
na Awurade de bɛbu nnipa nyinaa atɛn,
na wɔn a wɔbɛtotɔ wɔ Awurade nsa ano bɛyɛ bebree.
17 “Wɔn a wɔte wɔn ho na wɔdwira wɔn ho de kɔ nturo mu kɔsom abosom no, na wɔwe prakonam ne akusie ne nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ no, wɔn nyinaa bɛhunu wɔn awieeɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
18 “Esiane wɔn nneyɛɛ ne wɔn nsusuiɛ enti, me, mereba abɛboaboa amanaman ne kasa ahodoɔ ano, na wɔbɛba abɛhunu mʼanimuonyam.
19 “Na mɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi wɔ wɔn mu, na mede nkaeɛfoɔ no mu bi bɛkɔ amanaman no mu: Tarsis, Libiafoɔ ne Lidiafoɔ (wɔn a wɔagye edin wɔ agyantoɔ mu), Tubal ne Helafoɔ, ne nsupɔ a ɛwɔ akyirikyiri a wɔntee me din a ahyeta na wɔnhunuu mʼanimuonyam. Wɔbɛpae mu aka mʼanimuonyam wɔ amanaman mu. 20 Na wɔde mo nuammarimanom nyinaa bɛfiri amanaman nyinaa so bɛba me bepɔ kronkron a ɛwɔ Yerusalem no so sɛ afɔrebɔdeɛ ama Awurade. Wɔtete apɔnkɔ so ne nteaseɛnam mu ne asako mu ne mfunumpɔnkɔ ne nyoma so bɛba,” sei na Awurade seɛ. “Wɔde wɔn bɛba sɛdeɛ Israelfoɔ de wɔn aduane afɔdeɛ kɔ Awurade asɔredan mu, wɔ afahyɛ nkuruwa a ɛho teɛ mu. 21 Na mɛyi wɔn mu bi ayɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ,” Awurade, na ɔseɛ!
22 “Sɛdeɛ ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ bɛtena hɔ no, saa ara na mo din ne mo asefoɔ bɛtena hɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 23 “Ɛfiri Ɔsrane Foforɔ baako kɔpem foforɔ, ɛfiri Homeda baako kɔsi foforɔ no, adasamma nyinaa bɛba abɛkoto me,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 24 “Na wɔbɛfiri adi akɔhunu wɔn a wɔtee atua tiaa me no afunu; wɔn asonsono renwu, na wɔn ogya nso rennum, na wɔn ho bɛyɛ adasamma nyinaa nwunu.”