8
Asiria, Awurade Nsa Mu Dadeɛ
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ kɛseɛ no na fa twerɛdua biara twerɛ so. Na mɛfrɛ ɔsɔfoɔ Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ mʼadansefoɔ nokwafoɔ aba.” Afei mekɔɔ nkɔmhyɛni baa no ho, na ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas. Ansa na abarimaa no bɛtumi aka, ‘Mʼagya’ anaa sɛ ‘me maame’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahodeɛ ne Samaria afodeɛ nyinaa akɔ.”
Awurade kasa kyerɛɛ me bio sɛ,
“Esiane sɛ saa nkurɔfoɔ yi apo
Siloa nsuo a ɛresene brɛoo
na wɔdi ahurisie wɔ Resin
ne Remalia babarima no ho enti,
Awurade reyɛ de Asubɔnten no
yire kɛseɛ no atia wɔn,
Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa.
Ɛbɛyiri afa ne mmɔnka nyinaa mu,
na abu afa ne nkonkɔn so
na apra abɛfa Yuda, akontono afa ho,
atene afa mu abɛdeda ɛkɔn mu.
Na atrɛtrɛ akata asase no nyinaa so
Ao Immanuel.”
 
Momma ɔko nteamu so, mo aman na wɔndwɛre mo!
Montie mo akyirikyiri aman.
Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo!
Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo!
10 Hwehwɛ ɛkwan a wobɛfa soɔ, nanso wɔbɛsɛe no;
da wo nsusuiɛ adi, nanso ɛrennyina,
ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.
Suro Nyankopɔn
11  Awurade de ne nsa denden no too me so, ka kyerɛ me bɔɔ me kɔkɔ sɛ, mennante saa nkurɔfoɔ yi kwan so. Ɔkaa sɛ,
12 “Ɛnyɛ biribiara a saa nkurɔfoɔ yi frɛ no tirisopam
na ɛyɛ tirisopam.
Monnsuro deɛ wosuro,
na momma ɛmmɔ mo hu.
13 Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wobu no kronkron,
ɔno na ɛsɛ sɛ wosuro no,
ɔno na ne ho yɛ hu,
14 ɔbɛyɛ kronkronbea:
nanso Israel afie mmienu no deɛ,
ɔbɛyɛ suntiboɔ
ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase.
Na ne nnipa a ɛwɔ Yerusalem deɛ
ɔbɛyɛ afidie a ɛbɛyi wɔn.
15 Wɔn mu bebree bɛsuntisunti;
wɔbɛhwe ase a wɔnnsɔre bio;
wɔbɛsum wɔn afidie na ayi wɔn.”
 
16 Kyekyere adanseɛ no
sɔ mmara no ano ma mʼasuafoɔ.
17 Mɛtwɛn Awurade
a wayi nʼani afiri Yakob efie so
mede me werɛ bɛhyɛ ne mu.
18 Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no nie. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne ahyɛnsodeɛ wɔ Israel, na yɛfiri Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔso no nkyɛn.
19 Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkɔ hunu asamanfrɛfoɔ ne nnunsifoɔ a wɔkasa aso mu na emu nteɛ a, adɛn enti na wɔmmmisa wɔn Onyankopɔn? Adɛn enti na mobisa adeɛ wɔ awufoɔ nkyɛn ma ateasefoɔ? 20 Sɛ wɔannyina mmara ne adanseɛ yi so anka asɛm yi a, wonni adekyeɛ mu hann. 21 Wɔde ahohiahia ne ɛkɔm bɛnantenante asase no so; na sɛ wɔtɔ baha a, wɔn bo bɛfu na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn ɔhene ne wɔn Onyankopɔn. 22 Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wobɛhunu ahohiahia ne esum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛne esum kabii mu.