15
Elifas Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmienu
Na Temanni Elifas buaa sɛ,
“Enti onyansafoɔ de nsɛm a aba biara nni muo bɛyi nʼano
anaasɛ ɔde apueeɛ mframa a emu yɛ hye bɛhyɛ nʼafuru ma?
Ɔde nsɛm huhuo bɛdi anobaabaeɛ,
aka nsɛm a ɛntu bunu biara anaa?
Wototo onyamesuro ase mmom
na wosi Onyankopɔn mu ahotosoɔ ho ɛkwan.
Wo bɔne kyerɛ wʼano deɛ ɔnka;
na woafa aniteɛ tɛkrɛma.
Wo ankasa wʼano bu wo kumfɔ, ɛnyɛ me deɛ;
wʼankasa wʼano di adanseɛ tia wo.
 
“Wone onipa a wɔwoo wo dii ɛkan?
Wɔwoo wo ansa na wɔrewo nkokoɔ?
Wotie Onyankopɔn afotuo anaa?
Wo nko ara na wonim nyansa anaa?
Ɛdeɛn na wonim a, yɛnnim?
Nhunumu bɛn na wowɔ a yɛnnie?
10 Deɛ wafu dwono ne akɔkoraa wɔ yɛn afa,
wɔn a wɔanyini sene wʼagya mpo.
11 Onyankopɔn awerɛkyekyerɛ
ne nsɛm a wɔka no brɛoo kyerɛ wo no sua ma wo anaa?
12 Adɛn enti na wʼakoma atwe wo korɔ
adɛn enti na wʼani asɔ ogya,
13 na woadane wʼabofuo agu Onyankopɔn so
na woma saa nsɛm yi pue firi wʼano?
 
14 “Ɔdasani ne hwan a ɔbɛtumi ayɛ pɛ,
anaasɛ deɛ ɔbaa awo noɔ bɛn na ɔbɛtumi ayɛ ɔteneneeni?
15 Onyankopɔn nni ahotosoɔ wɔ nʼakronkronfoɔ mu.
Ɔsorosoro mpo nnyɛ kronn wɔ nʼani so,
16 na nkantom onipa bɔnefoɔ ne omumuyɛfoɔ a
ɔnom awurukasɛm sɛ nsuo.
 
17 “Tie me, na mɛkyerɛ wo mu;
ma menka deɛ mahunu nkyerɛ wo,
18 deɛ anyansafoɔ apae mu aka,
a wɔamfa biribiara a wɔnya firii wɔn agyanom hɔ no ansie
19 (wɔn a wɔde asase no maa wɔn
ɛberɛ a ananafoɔ biara nni hɔ):
20 Omumuyɛfoɔ kɔ ahohiahia mu ne nkwanna nyinaa.
Na basabasayɛni nso, wɔahyehyɛ ne mfeɛ nyinaa ama no.
21 Nnyegyeɛ a ɛyɛ hu hyɛ nʼasom ma;
na sɛ ɛyɛ sɛ nneɛma rekɔ yie ma no a, akorɔmfoɔ to hyɛ ne so.
22 Ɔpa aba sɛ ɔbɛdwane afiri esum mu;
wɔabɔ no ato hɔ ama akofena.
23 Ɔkyinkyini hwehwɛ aduane;
ɔnim sɛ esum da no abɛn.
24 Ɔhaw ne ahoyera yi no hu;
ɛhyɛ ne so sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko,
25 ɛfiri sɛ ɔtenetene ne nsa kyerɛ Onyankopɔn
na ɔma ne ho so tia Otumfoɔ.
26 Wɔde akokyɛm a emu pi na ɛyɛ den
kɔ ne so a wɔnsuro no.
 
27 “Ɛwom sɛ sradeɛ ama wɔn afono atotɔ
na wɔn asene mu ɛnam agu mmɛbɛ deɛ,
28 nanso wɔbɛtena nkuro a aguo so
na wɔatena afie a obi nte mu,
afie a ɛrebubu mu.
29 Wɔrenkɔ so nyɛ adefoɔ bio, na wɔn ahonya rennyina,
na wɔn agyapadeɛ so bɛte na ayera wɔ asase so.
30 Esum bɛduru wɔn;
ogyaframa bɛkusa wɔn mman,
na Onyankopɔn anom ahomeguo bɛsoa wɔn akɔ.
31 Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho to nneɛma huhuo so de daadaa wɔn ho,
ɛfiri sɛ wɔrennya hwee mfiri mu.
32 Ansa na wɔn da bɛduru no, wɔbɛtua wɔn ka a ebi renka,
na wɔn mman renyɛ frɔmfrɔm.
33 Wɔbɛyɛ sɛ bobedua a wɔapore so aba a ɛnnyiniiɛ,
te sɛ ngo dua a ne nhyerɛnne repore gu fam.
34 Na abɔnefoɔ fekuo a wɔnnim Onyankopɔn no renso aba,
na ogya bɛhye wɔn a wɔdɔ kɛtɛasehyɛ no ntomadan.
35 Wɔnyinsɛn ɔhaw na wɔwo amumuyɛ;
wɔn awotwaa siesie nnaadaa.”