16
Hiob Mmuaeɛ
Afei Hiob buaeɛ sɛ,
“Mate nsɛm bebree a ɛte sɛ yeinom;
na mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ!
Mo kasa tentene no mma awieeɛ anaa?
Ɛdeɛn na ɛha mo enti a mogu so redi anobaabaeɛ yi?
Sɛ mo na mowɔ me tebea yi mu a,
anka me nso mɛtumi akasa sɛ mo;
anka mɛtumi akeka nsɛm a ɛyɛ dɛ atia mo
na mabu mo animtiaa.
Nanso, anka mɛhyɛ mo den;
anka awerɛkyekyerɛ nsɛm a ɛbɛfiri mʼanomu no bɛma mo ahotɔ.
 
“Nanso sɛ mekasa a, ɔyea a mete no remmoto;
na sɛ mankasa nso a, ɛrennyae.
Ao Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ;
woasɛe me fie pasaa.
Woakyekyere me, ma abɛyɛ adansedie;
me so teɛ ara na ɛreteɛ, na ɛdi adanseɛ tia me.
Onyankopɔn to hyɛ me so tete me wɔ nʼabufuo mu
na ɔtwɛre ne se gu me so;
deɛ ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.
10 Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw;
wɔbɔ me sotorɔ de bu me animtiaa
na wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me.
11 Onyankopɔn de me ama abɔnefoɔ.
Wato me atwene amumuyɛfoɔ nsam.
12 Na biribiara kɔ yie ma me, nanso ɔdwerɛɛ me;
ɔsɔɔ me kɔn mu, too me hwee hɔ.
Ɔde me asi nʼani so;
13 nʼagyantofoɔ atwa me ho ahyia,
ɔhwiree me sawa mu a wanhunu me mmɔbɔ
maa me bɔnwoma pete guu fam.
14 Ɔba me so ɛberɛ biara;
na ɔto hyɛ me so sɛ ɔkofoɔ.
 
15 “Mapam ayitoma akata me wedeɛ so
na masie mʼanintɔn wɔ mfuturo mu.
16 Agyaadwotwa ama mʼani ayɛ kɔɔ;
sunsum kabii atwa mʼani ho ahyia.
17 Nanso, me nsa nyɛɛ basabasayɛ biara
na me mpaeɛbɔ yɛ kronn.
 
18 “Ao asase, nkata me mogya so;
na mma wɔnsie me sufrɛ!
19 Seesei mpo, me danseni wɔ soro;
Me ɔkamafoɔ wɔ soro hɔ.
20 Me ɔdimafoɔ yɛ mʼadamfo
ɛberɛ a mesu gu Onyankopɔn soɔ yi;
21 ɔgyina onipa anan mu di ma no wɔ Onyankopɔn anim
sɛdeɛ obi di ma nʼadamfo no.
 
22 “Mfeɛ kakra bi akyi
mɛtu kwan akɔ koransane.