2
Hiob Sɔhwɛ A Ɛtɔ So Mmienu
Ɛda foforɔ bi, abɔfoɔ no baa Awurade anim bio na Satan nso kaa wɔn ho baeɛ. Awurade bisaa Satan sɛ, “Wofiri he na wobaa ha?”
Satan buaa Awurade sɛ, “Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini ne emu akɔneabadie mu.”
Na Awurade bisaa Satan sɛ, “Woadwene mʼakoa Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔtene. Ɔyɛ onipa a ɔsuro Onyankopɔn na ɔkyiri bɔne. Ɛwom sɛ wohyɛɛ me sɛ mensɛe no a menni nnyinasoɔ biara deɛ, nanso ɔda so gyina ne pɛpɛyɛ no mu.”
Satan buaa Awurade sɛ, “Wedeɛ pere wedeɛ. Onipa de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa. Sɛ ɛbɛtumi a tene wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wɔ wʼanim!”
Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Ɛyɛ, ɔwɔ wo nsam na ne nkwa deɛ, gyaa mu ma no.”
Enti, Satan firii Awurade anim, na ɔmaa akuro a ɛyɛ yea totɔɔ Hiob ho firi ne nan ase kɔsii nʼapampam. Afei, na kyɛmferɛ na Hiob de dwi ne ho, ɛberɛ a ɔte nsõ mu.
Ne yere bisaa no sɛ, “Woda so kura wo pɛpɛyɛ no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!”
10 Na Hiob buaa no sɛ, “Wokasa sɛ ɔbaa a ɔyɛ ɔkwasea. Ade pa deɛ, yɛagye afiri Onyankopɔn nsam na ade bɔne na yɛmpo anaa?”
Yei nyinaa mu, Hiob anka asɛm bɔne.
Hiob Nnamfo Baasa No
11 Ɛberɛ a Hiob nnamfo baasa bi a wɔne Temanni Elifas,* Suhini Bildad ne Naamani Sofar tee amanehunu a aba Hiob so no, wɔfirii wɔn afie mu, hyia yɛɛ adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ no na wɔakyekye ne werɛ. 12 Wɔhunuu Hiob firii akyiri no, wɔanhunu sɛ ɛyɛ ɔno; wɔhyɛɛ aseɛ twaa agyaadwoɔ, sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mfuturo guu wɔn tiri so. 13 Na wɔne no tenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Na obiara ankasa, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ nʼamanehunu no nyɛ asɛmwa.
* 2:11 2.11 Na Elifas yɛ Edomni a ɔfiri Teman.