3
Hiob Kasa
Akyire no, Hiob kasaeɛ, na ɔdomee ɛda a wɔwoo no. Ɔkaa sɛ,
“Ma ɛda a wɔwoo me no nyera,
ne anadwo a wɔkaa sɛ, ‘Wɔawo ɔbabarima no!’
Saa ɛda no nnuru sum;
mma Ɔsoro Onyankopɔn nhwehwɛ akyire kwan;
mma hann biara ntɔ ngu so.
Ma esum ne owusum nnye no mfa;
ma omununkum nkata so;
na esum mmunkam ne hann so.
Ma esum kabii nnye saa anadwo no mfa;
ma wɔnyi saa anadwo no mfiri asranna so
na wɔmmfa nhyɛ ɔbosome biara mu.
Saa anadwo no nyɛ obonini;
mma wɔnnte anigyeɛ nteam wɔ mu.
Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa ɛda no;
wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkanyane dɛnkyɛmmirampɔn no.
Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum;
na ɔntwɛne adekyeeɛ kwa
a ɔnhunu anɔpa owia nsensaneɛ a ɛdi ɛkan,
10 ɛfiri sɛ anto deɛ ɔwoo me awotwaa mu ama wawo me,
anka mʼani nhunu saa abɛbrɛsɛ yi.
 
11 “Adɛn enti na manwu awoeɛ hɔ,
ɛberɛ a mefiri me maame awotwaa mu no?
12 Adɛn enti na nkotodwe gyee me
ne nufoɔ sɛ mennum?
13 Anka sɛsɛɛ meda hɔ asomdwoeɛ mu;
anka mada regye mʼahome
14 me ne ewiase ahemfo ne fotufoɔ,
wɔn a wɔsisii adan maa wɔn ho na ɛnnɛ yi abubuo no,
15 me ne sodifoɔ a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ,
wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afie mu ma.
16 Anaasɛ adɛn enti na wɔansie me sɛ ɔpɔn ba,
te sɛ abadomaa a wanhunu adekyeeɛ hann da?
17 Ɛhɔ na amumuyɛfoɔ gyae basabasayɛ,
na abrɛfoɔ nya ahomegyeɛ.
18 Nneduafoɔ nso nya wɔn ahofadie;
na wɔnte nnommumfoɔ wuranom ateatea bio.
19 Nketewa ne akɛseɛ wɔ hɔ,
na akoa de ne ho firi ne wura nsam.
 
20 “Adɛn enti na wɔma mmɔborɔfoɔ hann,
na ɔkra mu ahohiahiafoɔ nya nkwa?
21 Wɔn kɔn dɔ owuo, nanso ɛmma.
Wɔbrɛ hwehwɛ owuo sene sɛdeɛ wɔhwehwɛ akoradeɛ.
22 Sɛ wɔwu a, wɔn ani gye
na wɔduru damena mu a, wɔdi ahurisie.
23 Adɛn enti na wɔde nkwa ma onipa a
ɔnni daakye,
deɛ Onyankopɔn aka no ahyɛ mu?
24 Ahomekokoguo adane mʼaduane;
na mʼapinisie gu te sɛ nsuo.
25 Deɛ na mesuro no aba me so;
deɛ na ɛbɔ me hu no ato me.
26 Menni ahotɔ, menni asomdwoeɛ;
menni ahomegyeɛ na mmom, ɔhaw nko ara.”