22
Elifas Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmiɛnsa
Na Temanni Elifas buaa sɛ,
“Onyankopɔn bɛnya onipa ho mfasoɔ anaa?
Mpo onyansafoɔ ho bɛba no mfasoɔ anaa?
Sɛ woyɛ ɔteneneeni a, anigyeɛ bɛn na Otumfoɔ no bɛnya?
Sɛ wʼakwan ho nni asɛm a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?
 
“Wo kronnyɛ enti na ɔka wʼanim
na ɔbɔ wo kwaadu anaa?
Ɛnyɛ wʼamumuyɛ na ɛsoɔ?
Ɛnyɛ wo bɔne na ɛdɔɔso dodo?
Wopɛɛ banbɔ firii wo nuanom nkyɛn a ɛnni nteaseɛ biara;
wopaa nnipa ho ntoma ma wɔdaa adagya.
Woamma abrɛfoɔ nsuo annom
na woamfa aduane amma deɛ ɛkɔm de no.
Nanso na woyɛ obi a ɔwɔ tumi, na ɔwɔ nsase,
onimuonyamfoɔ a ɔte so.
Wopamoo akunafoɔ ma wɔkɔɔ nsapan
na womaa nwisiaa nso ahoɔden saeɛ.
10 Ɛno enti na mfidie atwa wo ho ahyia,
na amanehunu a ɛba ntɛm so abɔ wo hu yi,
11 adɛn enti na esum aduru a wonhunu adeɛ,
na asorɔkye akata wo so.
 
12 “Onyankopɔn nni ɔsoro akyirikyiri?
Hwɛ sɛdeɛ ɔsoro akyirikyiri nsoromma korɔn!
13 Nanso woka sɛ, ‘Ɛdeɛn na Onyankopɔn nim?
Esum yi mu na ɔbu atɛn anaa?
14 Omununkum kabii akata nʼanim enti ɔnhunu yɛn
ɛberɛ a ɔnenam ɔsoro kɔntɔnkurowi mu.’
15 Wobɛkɔ so afa ɛkwan dada a
abɔnefoɔ anante soɔ no so?
16 Wɔpraa wɔn kɔɔeɛ ansa na wɔn berɛ reso,
na nsuyire hohoroo wɔn fapem.
17 Na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Gyaa yɛn!
Ɛdeɛn na Otumfoɔ bɛtumi ayɛ yɛn?’
18 Nanso, ɛyɛ ɔno na ɔde nnepa hyɛɛ wɔn afie mu,
enti metwe me ho mefiri amumuyɛfoɔ afutuo ho.
19 Teneneefoɔ hunu wɔn asehweɛ ma wɔn ani gye;
na wɔn a wɔn ho nni asɛm sere wɔn ka sɛ,
20 ‘Wɔasɛe yɛn atamfoɔ,
na ogya ahye wɔn agyapadeɛ.’
 
21 “Fa wo ho ma Onyankopɔn na nya asomdwoeɛ wɔ ne mu;
saa ɛkwan yi so na yiedie bɛyɛ wo kyɛfa.
22 Tie akwankyerɛ a ɛfiri nʼanom,
na fa ne nsɛm sie wʼakoma mu.
23 Sɛ wosane kɔ Otumfoɔ no nkyɛn a, ɔbɛgye wo atom bio:
sɛ woyi amumuyɛsɛm firi wo ntomadan mu
24 na woto wo sika mpɔ gu mfuturo mu
ne Ofir sikakɔkɔɔ gu abotan a ɛwɔ abɔn mu no so a,
25 ɛnneɛ Otumfoɔ bɛyɛ wo sikakɔkɔɔ;
ɔbɛyɛ dwetɛ amapa ama wo.
26 Afei nokorɛm wobɛnya anigyeɛ wɔ Otumfoɔ mu
na wobɛpagya wʼani akyerɛ Onyankopɔn.
27 Wobɛbɔ no mpaeɛ, na ɔbɛtie wo,
na wobɛdi wo bɔhyɛ so.
28 Deɛ woyɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ no bɛba mu,
na hann bɛtɔ wʼakwan so.
29 Sɛ nnipa hwe ase na woka sɛ, ‘Ma wɔn so!’ a,
ɔbɛgye wɔn a wɔahwe ase no nkwa.
30 Ɔbɛgye abɔnefoɔ mpo,
ɔnam wo nsa a ɛho nni fi so bɛgye wɔn.”