23
Hiob Mmuaeɛ
Na Hiob buaa sɛ,
“Ɛnnɛ mpo, mʼabooboodie mu da so yɛ den;
ne nsa ayɛ den mʼapinisie nyinaa akyi.
Sɛ menim baabi a mɛhunu no;
anaasɛ mɛtumi akɔ ne tenaberɛ a,
anka mɛka mʼasɛm wɔ nʼanim
na magye akyinnyeɛ bebree.
Anka mɛte mmuaeɛ a ɔde bɛma me,
na madwene deɛ ɔbɛka ho.
Ɔde tumi a ɛso bɛtia me anaa?
Dabi, ɔremmɔ me kwaadu.
Ɛhɔ deɛ nnipa tenenee bɛtumi aka nʼasɛm wɔ nʼanim,
na wɔbɛgye me afiri me ɔtemmufoɔ nsam afebɔɔ.
 
“Nanso sɛ mekɔ apueeɛ fam a, ɔnni hɔ;
sɛ mekɔ atɔeɛ fam nso a, menhunu no.
Sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ atifi fam a, menhunu no;
sɛ ɔdane ne ho kɔ anafoɔ fam a, mʼani nhye ne ho.
10 Nanso, ɔnim ɛkwan a me nam soɔ;
na sɛ ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu aba sɛ sikakɔkɔɔ.
11 Madi nʼanammɔn akyi pɛɛ;
na manante nʼakwan so a mammane.
12 Mentwee me ho mfirii mmaransɛm a ɛfiri nʼanom ho,
mama asɛm a ɛfiri nʼanom ho ahia me asene me daa aduane.
 
13 “Nanso ɔbiara nni hɔ ka ne ho, na hwan na ɔbɛtumi atia no?
Ɔyɛ biribiara a ɔpɛ.
14 Ɔhwɛ ma ne ɔhyɛ nsɛm tia me;
ɔda so kora nhyehyɛeɛ a ɛte sei bebree.
15 Ɛno enti na mebɔ hu wɔ nʼanim;
na sɛ medwene yeinom nyinaa ho a, mesuro no.
16 Onyankopɔn ama mʼakoma aboto;
Otumfoɔ ama mabɔ huboa.
17 Nanso esum no mma menka mʼano ntom,
esum kabii a ɛkata mʼanim no mpo.