26
Hiob Kyerɛ Onyankopɔn Kɛseyɛ
Na Hiob kasaa bio sɛ,
“Woaboa deɛ ɔnni tumi!
Woagye basa a ɛnni ahoɔden!
Woatu deɛ ɔnnim nyansa fo!
Na woada nhunumu pa ara adi!
Hwan na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi?
Hwan honhom na ɛkasa faa wo mu?
 
“Awufoɔ wɔ ahoyera kɛseɛ mu,
wɔn a wɔwɔ nsuo ase ne deɛ ɛte mu nyinaa.
Asamando da adagya Onyankopɔn anim;
Ɔsɛeɛ nso nni nkatasoɔ.
Ɔtrɛ atifi fam ewiem wɔ deɛ ɛda mpan so;
na ɔde asase sensɛn ohunu so.
Ɔkyekyere nsuo hyɛ ne omununkum mu,
nanso nsuo no mu duru ntumi mpae no.
Ɔtrɛ ne omununkum mu
de kata ɔsrane ani.
10 Ɔhyɛ agyiraeɛ wɔ nsuo so
de to hyeɛ wɔ hann ne esum ntam.
11 Ɔsoro nnyinasoɔ woso,
na nʼanimka ma wɔn ho dwiri wɔn.
12 Ɔde ne tumi wɔsoo ɛpo
ne nyansa mu, ɔtwitwaa ɛpobɔpɔn mu asinasini.
13 Ɔde nʼahomeɛ maa ewiem teeɛ;
na ne nsa wɔɔ ɔtweaseɛ a ɔrewea.
14 Yeinom yɛ ne nnwuma mfeafeaho;
ɔka asomusɛm brɛoo kyerɛ yɛn!
Na hwan na ɔbɛtumi ate ne tumi mmobɔmu no ase.”