25
Bildad Mmuaeɛ A Ɛtɔ So Mmiɛnsa
Na Suhini Bildad buaa sɛ,
“Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn;
ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro.
Wɔbɛtumi akan nʼakodɔm anaa?
Hwan na ne hann nto ngu ne soɔ?
Ɔdasani bɛtene Onyankopɔn anim sɛn,
na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no ho bɛteɛ?
Mpo sɛ ɔsrane nhyerɛn
na nsoromma ho nte wɔ nʼani so a,
na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaama,
onipa ba a ɔyɛ ɔsonsono kɛkɛ!”