29
Hiob toaa so sɛ,
“Mafe abosome a atwam no,
nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no,
ɛberɛ a ne kanea hyerɛn mʼatifi
na mede ne kanea menantee esum mu no!
Ao, ɛnna a mesii soɔ no,
ɛberɛ a Onyankopɔn adamfofa a emu yɛ den hyiraa me fie,
ɛberɛ a na Otumfoɔ da so ka me ho
na me mma atwa me ho ahyia,
ɛberɛ a na nufosuo mu sradeɛ afɔ mʼakwan
na abotan hwiee ngo sɛ nsuo maa me.
 
“Ɛberɛ a na mekɔ kuropɔn ɛpono ano
mekɔtena mʼadwa so wɔ ɔmanfoɔ adwaberem,
mmeranteɛ hunu me a, wɔgyina nkyɛn
na mpanimfoɔ sɔre gyina hɔ;
atitire gyae kasa
na wɔde wɔn nsa kata wɔn ano;
10 mmapɔmma tɛm dinn,
na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dodom.
11 Wɔn a wɔte me nka nyinaa ka me ho asɛmpa,
na wɔn a wɔhunu me nyinaa kamfo me,
12 ɛfiri sɛ, meboaa ahiafoɔ a wɔsu pɛɛ mmoa,
ne nwisiaa a wɔnni aboafoɔ.
13 Onipa a na ɔrewuo no hyiraa me;
na memaa akunafoɔ ani gyee wɔn akoma mu.
14 Mede tenenee firaa sɛ mʼaduradeɛ;
atɛntenenee yɛɛ me nkatasoɔ ne mʼabotire.
15 Meyɛɛ aniwa maa anifirafoɔ,
ne ɛnan maa abubuafoɔ.
16 Meyɛɛ ahiafoɔ agya;
na mekaa ahɔhoɔ asɛm maa wɔn.
17 Mebubuu amumuyɛfoɔ se
na mehwim wɔn a wɔdi wɔn nya no firii wɔn anom.
 
18 “Medwenee sɛ, ‘Mɛwu wɔ mʼankasa me fie mu,
na me nna adɔɔso sɛ anwea.
19 Me nhini bɛduru nsuo ano,
na obosuo agugu me mman so anadwo mu nyinaa.
20 Mʼanimuonyam bɛkɔ so ayɛ frɔmm wɔ me so,
na mʼahoɔden ayɛ foforɔ.’
 
21 “Nnipa hwehwɛɛ sɛ wɔtie me,
wɔyɛɛ dinn, twɛnee mʼafotuo.
22 Sɛ mekasa wie a wɔnnkasa bio,
ɛfiri sɛ me nsɛm tɔɔ wɔn asom yie.
23 Wɔtwɛnee me sɛdeɛ wɔtwɛne osutɔ,
na wɔmenee me nsɛm sɛ osutɔ berɛ nsuo.
24 Wɔn abasa mu buiɛ no, mesere kyerɛɛ wɔn;
mʼanimteɛ som bo ma wɔn.
25 Mebɔɔ ɛkwan maa wɔn na metenaa ase sɛ wɔn ɔhene;
metenaa ase sɛ ɔhene a ɔwɔ nʼakodɔm mu;
meyɛɛ sɛ obi a ɔkyekyere agyaadwotwafoɔ werɛ.