30
“Nanso seesei wɔsere me,
nnipa a manyini sene wɔn,
na wɔn agyanom mfata sɛ
wɔne me nnwan ho nkraman tena.
Mfasoɔ bɛn na wɔn nsa mu ahoɔden wɔ ma me,
ɛberɛ a wɔn ahoɔden afiri wɔn mu?
Ohia ne ɛkɔm ama wɔn ho atete,
wɔnante asase wesee
ne asase bonini so anadwo.
Wɔboaboaa nkyenhahan ano wɔ nkyɛkyerɛ mu,
na wɔde ɛserɛ so nnua nhini yɛɛ wɔn aduane.
Wɔn mfɛfoɔ pamoo wɔn firii wɔn mu,
na wɔhuroo wɔn sɛ akorɔmfoɔ.
Wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtenaa nsuka a emu awo,
abotan ne ɛfam ntokuro mu.
Wɔsuu sɛ mfunumu wɔ wiram
na wɔfoforee so wɔ ɔdɔtɔ ase.
Ekuo a wɔmfra na wɔnni din,
wɔpam wɔn firii asase no so.
 
“Na ɛnnɛ yi wɔn mmammarima de dwom bɔ me akutia;
mayɛ abusudeɛ wɔ wɔn mu.
10 Wɔkyiri me na wɔnnka mma me ho;
wɔmmfɛre sɛ wɔtete ntasuo gu mʼanim.
11 Afei a Onyankopɔn abubu me tadua na ɔde amanehunu aba me so yi,
wɔyɛ deɛ wɔpɛ wɔ mʼanim.
12 Abusuakuo no to hyɛ me so wɔ me nifa so;
wɔsum me nan mfidie,
na wɔsisi apie tia me.
13 Wɔsisi mʼakwan;
na wɔnya me sɛe me
na obiara mmoa me.
14 Wɔba te sɛ deɛ wɔfiri ntokuro a ano abae mu;
wɔnam mmubuiɛ no mu munimuni ba.
15 Ahunahuna ma me ho dwiri me;
mʼanimuonyam atu kɔ sɛdeɛ mframa abɔ agu,
me banbɔ atu ayera sɛ omununkum.
 
16 “Na seesei, me nkwa resa;
na amanehunu nna akyekyere me.
17 Anadwo wowɔ me nnompe mu;
ɔyea a ɛwe me no nnyae.
18 Onyankopɔn firi ne tumi mu yɛ sɛ aduradeɛ ma me;
ɔmia me te sɛ mʼatadeɛ kɔn.
19 Ɔto me twene atɛkyɛ mu
na ɔma me yɛ sɛ mfuturo ne nsõ.
 
20 “Ao Onyankopɔn, mesu mefrɛ wo, nanso wommua me.
Mesɔre gyina, nanso wohwɛ me kɛkɛ.
21 Woba me so anibereɛ so;
wode wʼabasa mu tumi to hyɛ me so.
22 Wohwim me na wode mframa pia me;
wodankyidankyi me wɔ ahum mu.
23 Menim sɛ wode me bɛkɔ owuo mu,
baabi a woahyɛ ama ateasefoɔ nyinaa.
 
24 “Ampa ara obiara mfa ne nsa nka onipa a ɔrebrɛ
ɛberɛ a ɔresu pɛ mmoa wɔ nʼamanehunu mu.
25 Mansu amma wɔn a wɔwɔ ɔhaw mu anaa?
Me kra werɛ anho amma ahiafoɔ anaa?
26 Nanso ɛberɛ a mʼani da papa so no, bɔne baeɛ;
ɛberɛ a mepɛɛ hann no, esum na ɛduruuɛ.
27 Meyafunu mu a ɛwowɔ me no nnyae da;
na nna a amanehunu wɔ mu da mʼanim.
28 Menenam a mabiri a ɛnyɛ sɛ owia na ahye me;
megyina adwaberem na mesu pɛ mmoa.
29 Madane nnompo nuabarima,
me ne apatuo na ɛbɔ.
30 Me honam ani abiri na ɛhwanehwane;
huraeɛ ama me ho adɔ.
31 Me sankuo bɔ kwadwom,
na mʼatɛntɛbɛn ma agyaadwotwa nnyegyeɛ.