35
Afei, Elihu kaa sɛ:
“Wogye di sɛ yei fata?
Woka sɛ, ‘Onyankopɔn bɛtwitwa agye me.’
Nanso wobisa no sɛ, ‘Mfasoɔ bɛn na mɛnya,
na sɛ manyɛ bɔne a, mfasoɔ bɛn na mɛnya?’
 
“Mepɛ sɛ mebua wo
ne wo nnamfonom nyinaa.
Ma wʼani so kyerɛ ɔsoro na hwɛ;
hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi ɔsorosoro nohoa. Sɛ woyɛ bɔne a, ɛkwan bɛn so na ɛsakyera Onyankopɔn?
Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuansoɔ bɛn na ɛnya wo ne so?
Sɛ wotene a, ɛdeɛn na wode ma noɔ
anaasɛ ɛdeɛn na ɔnya firi wo nsam?
Wʼamumuyɛ pira onipa a ɔte sɛ wo
na wo tenenee pira nnipa mma nko ara.
 
“Nnipa su ɛberɛ a wɔwɔ nhyɛsoɔ ase;
na wɔsrɛ mmoa firi deɛ ɔwɔ tumi nsam.
10 Nanso, obi mmisa sɛ, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfoɔ no wɔ,
deɛ ɔma nnwom anadwo no,
11 deɛ ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sene asase so mmoa
na ɔma yɛhunu nyansa sene ewiem nnomaa?’
12 Sɛ nnipa su team a, ɔmmua,
amumuyɛfoɔ ahantan enti.
13 Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no;
na Otumfoɔ remmu.
14 Woka sɛ wonhunu no,
nanso sɛ wotwɛn no a,
ɔde atɛntenenee bɛba
enti ɛsɛ sɛ wotwɛn no.
15 Bio, woka sɛ nʼabufuo mmfa asotweɛ mma
na nʼani nni amumuyɛsɛm akyi pii.
16 Enti Hiob bue nʼano ka nsɛm hunu;
nimdeɛ a ɔnni enti, ɔkeka nsɛm bebree.”