36
Elihu toaa ne kasa so sɛ,
“Monto mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo sɛ
aka bebree a ɛsɛ sɛ yɛka ma Onyankopɔn.
Menya me nimdeɛ firi akyirikyiri;
mɛka sɛ me Yɛfoɔ bu atɛntenenee.
Monnye ntom sɛ me nsɛm yɛ nokorɛ turodoo;
na meyɛ obi a ne nimdeɛ so wɔ mo mu.
 
“Onyankopɔn so, nanso, ɔntwiri nnipa;
ɔkorɔn na ɔnhinhim ne botaeɛ mu.
Ɔmma amumuyɛfoɔ ntena nkwa mu,
na ɔde amanehunufoɔ kyɛfa ma wɔn.
Ɔnnyi nʼani mfiri ɔteneneeni so.
Ɔma wɔne ahemfo di adeɛ
na ɔma wɔn so afebɔɔ.
Na sɛ wɔde mpokyerɛ gu nnipa
na amanehunu ahoma akyekyere wɔn papee a,
ɔka deɛ wɔayɛ kyerɛ wɔn
sɛ wɔnam ahantan so ayɛ bɔne.
10 Ɔma wɔtie ntenesoɔ
na ɔhyɛ wɔn sɛ wɔnnu wɔn ho wɔn bɔne ho.
11 Sɛ wɔyɛ ɔsetie na wɔsom no a,
wɔbɛdi yie wɔ wɔn ɛnna a aka no mu
na wɔn mfeɛ nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn.
12 Na sɛ wɔantie no a, wɔbɛyera wɔ akofena ano,
na wɔawuwu a wɔnni nimdeɛ.
 
13 “Wɔn a wɔnnim Onyame no kora abufuo so;
mpo sɛ ɔgu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a, wɔnsu mpɛ mmoa.
14 Wɔwuwu wɔn mmabunuberɛ mu wɔ adwaman mu,
wɔ mmarima adwamanfoɔ a wɔtete abosonnan mu mu.
15 Nanso, wɔn a wɔhunu amane no, ɔgye wɔn;
na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔ wɔn haw mu.
 
16 “Ɔregye wo afiri ahohiahia mu
de wo akɔ petee mu a ahokyere nnie,
deɛ wowɔ asomdwoeɛ, na nnuane pa ayɛ wo ɛpono so ma.
17 Nanso seesei, atemmuo a ɛfata amumuyɛfoɔ na aba wo so;
atemmuo ne atɛntenenee asɔ wo mu.
18 Hwɛ yie na obi amfa ahonya annaadaa wo;
mma adanmudeɛ kɛseɛ bi ntwe wo.
19 Wʼahonya anaasɛ mpo
wʼahohaw bebrebe nyinaa enti,
worenkɔ amanehunu mu anaa?
20 Mpere anadwo ho,
sɛ ɛmmɛpra nnipa mfiri wɔn afie mu.
21 Hwɛ na woannane ankɔ bɔne ho,
deɛ ayɛ sɛ wopɛ sene amanehunu.
 
22 “Onyankopɔn yɛ kɛseɛ wɔ ne tumi mu.
Hwan na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ ɔno?
23 Hwan na wahyehyɛ nʼakwan ama no
anaa waka akyerɛ no sɛ, ‘Woayɛ mfomsoɔ.’
24 Kae na kamfo nʼadwuma a
nnipa de nnwontoɔ akamfo no.
25 Adasamma nyinaa ahunu;
nnipa hwɛ haa firi akyirikyiri.
26 Onyankopɔn yɛ kɛseɛ, ɛboro yɛn nteaseɛ so!
Ne mfeɛ dodoɔ mu nni hwehwɛbea.
 
27 “Ɔtwetwe nsuo a ɛsosɔ,
ma ɛdane osutɔ gu asutene mu;
28 na omununkum tɔ bosuo gu fam
na osutɔ bebree gu adasamma so.
29 Hwan na ɔbɛtumi ate sɛdeɛ ɔtrɛtrɛ omununkum mu ase,
sɛdeɛ ɔbobɔ mu firi nʼatenaeɛ?
30 Hwɛ sɛdeɛ ɔhwete nʼanyinam mu wɔ ne ho
ma ɛkɔ ɛpo bunu mu.
31 Yei ne ɛkwan a ɔfa so di amanaman no so
na ɔma aduane bu wɔn so.
32 Ɔde anyinam hyɛ ne nsam ma
na ɔhyɛ no sɛ ɛnsi nʼagyiraeɛ.
33 Nʼaprannaa bɔ ahum a ɛreba no ho nkaeɛ;
na anantwie mpo ma wɔhunu sɛ ɛreba.