37
“Yei ma mʼakoma bɔ paripari
na ɛbɔ denden pa ara.
Tie! Tie ne nne mmobom,
ne hooyɛ a ɛfiri nʼanom reba.
Ɔgyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa
na ɔma ɛkɔduru asase ano.
Ɛno akyi na ne mmobom no ba;
ɔde nne kɛseɛ bobom.
Sɛ ɔkasa a,
biribiara nsianka no.
Onyankopɔn nne bobom ma no yɛ nwanwa;
ɔyɛ nneɛma akɛseɛ a ɛboro yɛn adwene so.
Ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ, ‘Tɔ gu asase so,’
ne osutɔ nso sɛ, ‘Yɛ osutɔ kɛseɛ.’
Sɛdeɛ nnipa a wabɔ wɔn nyinaa bɛhunu nʼadwuma enti,
ɔma obiara gyae nʼadwuma.
Wiram mmoa kɔtetɛ;
wɔkɔhyehyɛ wɔn abɔn mu.
Ahum tu firi ne pia mu,
na awɔ nso firi mframa a ɛrebɔ mu.
10 Onyankopɔn ahome de nsukyeneeɛ ba,
na nsuo hahanaa no kyene.
11 Ɔde fɔnwuni hyɛ omununkum ma;
na ɔtwa nʼanyinam fa mu.
12 Ɔhyɛ ma wɔkyinkyini
fa asase so nyinaa so hyia
yɛ deɛ ɔkyerɛ sɛ wɔnyɛ biara.
13 Ɔde omununkum ba de bɛtwe nnipa aso,
anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔeɛ.
 
14 “Tie yei, Hiob;
gyae na dwene Onyankopɔn anwanwadeɛ ho.
15 Wonim sɛdeɛ Onyankopɔn danedane omununkum,
na ɔma anyinam tete firi mu?
16 Wonim sɛdeɛ omununkum sensɛn ewiem,
deɛ ɔyɛ nyansaboakwa no anwanwadeɛ?
17 Mo a mote fifire wɔ mo ntadeɛ mu
ɛberɛ a anafoɔ mframa ma asase no yɛ dinn no,
18 wobɛtumi aboa no ama watrɛ ewiem,
a ɛyɛ dene sɛ kɔbere mfrafraeɛ ahwehwɛ?
 
19 “Kyerɛ yɛn deɛ ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ no;
yɛrentumi nka yɛn asɛm, ɛsiane sɛ yɛnnim enti.
20 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Onyankopɔn nkaeɛ sɛ mepɛ sɛ me ne no kasa anaa?
Onipa bi wɔ hɔ a ɔbɛpɛ sɛ wɔbɛmene no anaa?
21 Obiara rentumi nhwɛ owia,
sɛdeɛ ɛhyerɛn wɔ ewiem
ɛberɛ a mframa abɔ ama ewiem ateɛ.
22 Ɔfiri atifi fam ba wɔ animuonyam sononko mu;
Onyankopɔn ba wɔ surokronkron tumi mu.
23 Yɛnhunu Otumfoɔ deɛ, nanso ne tumi yɛ kɛseɛ;
nʼatɛntenenee ne teneneeyɛ kɛseɛ akyi mpo ɔnyɛ nhyɛsoɔ.
24 Ɛno enti nnipa de anidie ma no,
na ɔmmu akoma mu anyansafoɔ biara.”