21
Benyaminfoɔ Yerenom
Israelfoɔ aka ntam wɔ Mispa sɛ, wɔremfa wɔn mmammaa mma ɔbarima biara a ɔfiri Benyamin abusuakuo mu awadeɛ.
Nnipa no kɔɔ Bet-El kɔtenaa Onyankopɔn anim kɔsii anwummerɛ, maa wɔn nne so, suu dendeenden kaa sɛ, “Ao Awurade, Israel Onyankopɔn, adɛn enti na saa asɛm yi asi? Seesei yɛn mmusuakuo no mu baako ayera!”
Adekyeɛ mu no, nnipa no tuaa nhema sii afɔrebukyia, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Wɔbisaa sɛ, “Abusuakuo bi wɔ hɔ a wannya ɔnanmusini ɛberɛ a yɛkɔɔ nhyiamu kɛseɛ wɔ Awurade anim wɔ Mispa no anaa?” Saa ɛberɛ no, na wɔaka ntankɛseɛ wɔ Awurade anim sɛ, obiara a wamma no, ɛsɛ sɛ ɔwu.
Na Israelfoɔ no dii yea wɔ Benyaminfoɔ no ho kaa sɛ, “Ɛnnɛ yi, abusuakuo baako afiri yɛn mu; na nʼase reyɛ atɔre. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama wɔn a wɔaka no, ɛsiane sɛ, yɛaka Awurade ntam sɛ yɛremfa yɛn mmammaa mu biara mma wɔn awadeɛ?”
Enti wɔbisaa sɛ, “Ɛberɛ a yɛde yɛn ho kyerɛɛ Awurade wɔ Mispa no na obi nni hɔ bi anaa?” Ɛhɔ na wɔhunuu sɛ, obiara amfiri Yabes Gilead amma saa badwa no mu bi. Na wɔkan nnipa no nyinaa no, wɔannya obiara a ɔfiri Yabes Gilead. 10 Enti, wɔsomaa akofoɔ mpem dumienu kɔɔ Yabes Gilead sɛ wɔnkɔkunkum obiara a ɔwɔ hɔ a mmaa ne mmɔfra ka ho. 11 Wɔkaa sɛ, “Yei na ɛsɛ sɛ moyɛ. Monkum ɔbarima ne ɔbaa biara a ɔnyɛ ɔbaabunu.” 12 Yabes Gileadfoɔ mu no, wɔhunuu mmaabunu ahanan a wɔne mmarima nnaa da, na wɔde wɔn baa nsraban a ɛwɔ Silo wɔ Kanaan asase so hɔ.
13 Na Israelfoɔ badwa no somaa asomdwoeɛ abɔfoɔ ma wɔkɔɔ Benyaminfoɔ nkaeɛ no a na wɔte Rimon botan ho no nkyɛn. 14 Na Benyaminfoɔ no sane kɔɔ wɔn afie mu, na wɔde mmaabunu a wɔfiri Yabes Gilead a wɔankum bi no maa wɔn awadeɛ. Nanso, mmaa no anso wɔn so.
15 Nnipa no dii Benyaminfoɔ no ho yea, sɛ Awurade ama mpaapaemu aba Israel mmusuakuo no mu. 16 Enti, Israel ntuanofoɔ no bisaa sɛ, “Sɛ wɔatɔre mmaa a wɔfiri Benyamin ase yi, ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya yerenom ama mmarima a aka no? 17 Ɛsɛ sɛ Benyaminfoɔ a aka no nya adedifoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Israel abusuakuo bi ase ntɔre. 18 Nanso yɛrentumi mfa yɛn mmammaa mma wɔn awadeɛ, ɛfiri sɛ, yɛaka ntankɛseɛ sɛ, obiara a ɔde ne babaa bɛma Benyaminni awadeɛ no, Awurade nnome mmra ne so.” 19 Afei wɔdwenee Awurade afeafe afahyɛ no ho, deɛ wɔdi wɔ Silo, a ɛwɔ Lebona ne Bet-El ntam, wɔ ɛkwan a ɛfiri Bet-El kɔsi Sekem no apueeɛ fam.
20 Na wɔka kyerɛɛ Benyamin mmarima a wɔda so hwehwɛ yerenom no sɛ, “Monkɔtɛ wɔ bobe nturo no mu. 21 Sɛ mmaa a wɔfiri Silo no ba bɛsa wɔn asa no a, mompue mfiri bobe nturo no mu, na mo mu biara bɛtumi afa wɔn mu baako de no akɔ efie sɛ ne yere. 22 Na sɛ wɔn agyanom ne wɔn nuanom mmarima ba sɛ wɔmpene so a, yɛbɛka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Yɛsrɛ mo, monte aseɛ. Momma wɔmfa mo mmammaa no, ɛfiri sɛ, ɛberɛ a yɛkunkumm Yabes Gileadfoɔ no, yɛannya mmaa a ɛbɛso wɔn nyinaa so amma wɔn. Monnni ntam no ho fɔ, ɛfiri sɛ, ɛnyɛ mo na mode mo mmammaa maa wɔn awadeɛ.’ ”
23 Enti, Benyamin mmarima no yɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no. Wɔwiawiaa mmaa a wɔbaa afahyɛ no ase, de wɔn kɔɔ asase a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ no so. Na wɔkyekyeree wɔn nkuro no bio tenaa mu. 24 Na Israelfoɔ mmusuakuo ne mmusua no firii hɔ sane kɔɔ wɔn ankasa afie mu.
25 Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene, enti na deɛ nnipa no gye di sɛ ɛyɛ wɔ wɔn ani so no na wɔyɛ.