Rut Nwoma
1
Elimelek Tutu Kɔtena Moab
Ɛberɛ a na atemmufoɔ di Israel so no, ɛkɔm baa asase no so. Ɔbarima bi a ɔfiri Betlehem wɔ Yuda ne ne yere ne ne mmammarima baanu tutu firii asase no so kɔtenaa Moab. Na ɔbarima no din de Elimelek* ɛnna ne yere nso din de Naomi. Ne mmammarima baanu no nso, na wɔn din de Mahlon ne Kilion. Wɔyɛ Efratifoɔ a wɔfiri Betlehem wɔ Yuda. Wɔkɔɔ Moab kɔtenaa hɔ. Ɛbaa sɛ Naomi kunu Elimelek wuiɛ ma ɛkaa ne mmammarima baanu no. Wɔwarewaree Moabfoɔ mmaa. Na ɔbaako din de Orpa na deɛ ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfeɛ edu no, Mahlon ne Kilion nso wuwuiɛ. Enti, ɛmaa Naomi tenaa ase a wahwere ne mmammarima baanu no ne ne kunu.
Ɛberɛ a ɔtee wɔ Moab hɔ sɛ Awurade abɛdom ne nkurɔfoɔ a wɔwɔ Yuda na wama wɔn aduane no, Naomi ne ne nsenom yi yɛɛ ahoboa sɛ wɔrefiri Moab asane akɔ ne kurom. Ɔne ne nsenom baanu yi tutu firii beaeɛ hɔ faa ɛkwan a ɛde wɔn bɛkɔ akɔsi Yuda so.
Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi sɛ, “Monsane nkɔ mo maamenom fie. Awurade ne mo nni no yie sɛdeɛ mo ne awufoɔ ne me dii no yie no. Awurade mmoa mo mu biara na ɔnnya ɔhome wɔ okunu foforɔ fie.” Afei, ɔfefee wɔn ano na wɔn nyinaa maa wɔn nne so suiɛ.
10 Na wɔka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Yɛne wo bɛsane akɔ wo nkurɔfoɔ nkyɛn.”
11 Nanso, Naomi kaa sɛ, “Me mma, monsane nkɔ fie. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mo ne me kɔ? Merekɔwo mmammarima bio a wɔbɛtumi awareware mo anaa? 12 Me mma, monsane nkɔ fie. Manyini, sɛ meware kunu bio a, ɛrenyɛ yie. Mpo, sɛ medwene sɛ anidasoɔ bi wɔ hɔ ma me sɛ nso anadwo yi ara mɛnya kunu na me ne no wo mmammarima a, 13 mobɛtwɛn kɔsi sɛ wɔbɛnyinyini? Mobɛtena atwɛn wɔn anaa? Dabi, me mma. Asɛm no yɛ den ma me sen mo, ɛfiri sɛ, Awurade ayi ne nsa afiri me so!”
14 Wɔsane twaa adwo bio. Afei, Orpa fee nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena.
15 Nanso, Naomi ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo kora asane kɔ ne nkurɔfoɔ ne nʼanyame nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.”
16 Na Rut buaa sɛ, “Nhyɛ me sɛ memfiri wo nkyɛn nsane nkɔ. Baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ hɔ bi na baabiara a wobɛtena no nso, mɛtena hɔ bi. Wo nkurɔfoɔ bɛyɛ me nkurɔfoɔ na wo Onyankopɔn ayɛ me Onyankopɔn. 17 Baabi a wobɛwuo no, mɛwu hɔ bi na wɔasie me hɔ. Sɛ mamma owuo antete me ne wo ntam na ɛnam biribi foforɔ biara so a, Awurade ntwe mʼaso.” 18 Enti, Naomi hunuu sɛ Rut ayɛ nʼadwene sɛ ɔne no bɛkɔ no, ɔgyaa ne pɛ maa no.
19 Ɛno enti, wɔn baanu no toaa wɔn akwantuo no so. Ɛberɛ a wɔduruu Betlehem no, wɔn enti kuro mu no nyinaa bɔɔ twi. Mmaa no bisaa sɛ, “Naomi nie anaa?”
20 Ɔkaa sɛ, “Mommfrɛ me Naomi, na mmom, momfrɛ me Mara, ɛfiri sɛ, Awurade ama asetena ayɛ nwono ama me. 21 Merefiri ha akɔ no na mewɔ biribiara nanso, Awurade de me aba fie nsapan. Adɛn enti na mofrɛ me Naomi wɔ ɛberɛ a Awurade ama me ahunu amane na Otumfoɔ de saa abɛbrɛsɛ yi aba me so?”
22 Enti, Naomi firi Moab baeɛ a, nʼase Rut, Moabni babunu ka ne ho. Wɔduruu Betlehem atokotwa berɛ ahyɛaseɛ no mu.
* 1:2 1.2 Wɔnyaa edin Efrati firii abusua a Elimelek firi mu no. Ɛno enti, Elimelek de nʼabusua din no too ɔmantam a ɛbɛn Betlehem a ɛtɔ da a wɔfrɛ no Betlehem Efrati no (4.11; 1 Mose 35.19; 1 Sam 17.12; Mika 5.2).