12
Wɔsra Yesu Ngo Wɔ Betania
Aka nna nsia na Twam Afahyɛ no aduru no, Yesu kɔɔ Betania, kuro a na Lasaro a Yesu nyanee no firi awufoɔ mu no te mu no mu. Wɔtoo Yesu ɛpono. Marta na ɔsomee wɔ saa apontoɔ yi ase. Lasaro tenaa Yesu nkyɛn pɛɛ wɔ ɛpono no ho. Wɔredidi no, Maria faa ngohwam bi a ne boɔ yɛ den bɛhwie guu Yesu nan ase de ne tirinwi pepaeɛ. Ngo no hwa gyee efie hɔ nyinaa.
Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako a akyire no ɔbɛyi Yesu ama no ani annye deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no ho, enti ɔkaa sɛ, “Adɛn enti na wantɔn saa ngohwam yi na yɛamfa sika no amma ahiafoɔ?” Ɛnyɛ sɛ na ɔdwene ahiafoɔ ho enti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom, na ɔyɛ ɔkorɔmfoɔ na ɛsiane sɛ na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na ɔwiawia bi.
Yesu kaa sɛ, “Monnyaa ɔbaa yi haw! Deɛ ɔbaa yi ayɛ yi, ɔde resiesie me ama me wuo. Mo ne ahiafoɔ na ɛwɔ hɔ ɛberɛ biara, na me deɛ, me ne mo rentena hɔ daa.”
Ɛberɛ a Yudafoɔ no tee sɛ Yesu wɔ Betania no, wɔn mu pii kɔɔ hɔ. Ɛnyɛ Yesu nko enti na wɔkɔɔ hɔ, na mmom, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ Lasaro a Yesu nyanee no firii awufoɔ mu no nso. 10 Afei, asɔfoɔ mpanin no bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkum Lasaro nso, 11 ɛfiri sɛ, ɛsiane Lasaro wusɔreɛ no enti, na nnipa bebree retwe wɔn ho afiri Yudafoɔ mpanin no ho abɛdi Yesu akyi.
Yesu Kɔ Yerusalem
12 Adeɛ kyeeɛ no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, 13 wɔbubuu ɛberɛ de kɔhyiaa no ɛkwan de ahurisie teateaam sɛ,
“Hosiana!”
 
“Nhyira nka deɛ ɔreba wɔ Awurade din mu no!”
 
“Nhyira nka Israelhene!”
14 Yesu rekɔ no, na ɔte afunumu ba bi so sɛdeɛ Atwerɛsɛm hyɛɛ ho nkɔm sɛ,
15 “Nsuro, Ɔbabaa Sion!
Hwɛ sɛ wo ɔhene te afunumu ba so
reba wo nkyɛn.”
16 Ahyɛaseɛ no, asuafoɔ no ante yeinom nyinaa ase kɔsii sɛ wɔhyɛɛ Yesu animuonyam no ansa na wɔrekae sɛ, Atwerɛsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa ne ho dada, na ɛno ara ne deɛ wɔayɛ no.
17 Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wɔhunu sɛ Yesu nyanee Lasaro firii awufoɔ mu no kaa asɛm a ɛsii no kyerɛɛ afoforɔ. 18 Yei enti na nnipa bebree kɔeɛ sɛ wɔrekɔhyia Yesu ɛkwan no, ɛfiri sɛ, na wɔate sɛ wayɛ anwanwadeɛ. 19 Farisifoɔ no hunuu deɛ ɛrekɔ so no, wɔkaa sɛ, “Anyɛ yie! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi nʼakyi!”
Yesu Hyɛ Ne Owuo Ho Nkɔm
20 Afahyɛberɛ no mu no, Helafoɔ bi nso kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔsom. 21 Wɔkɔɔ Filipo a ɔfiri Betsaida no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, yɛpɛ sɛ yɛhunu Yesu.” 22 Filipo kɔbɔɔ Andrea amaneɛ maa wɔn baanu kɔka kyerɛɛ Yesu.
23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛberɛ no aso sɛ wɔbɛhyɛ Onipa Ba no animuonyam. 24  Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, sɛ wɔamfa burofua anhyɛ fam amma amporɔ na amfifiri a, ɛda so yɛ burofua no ara, nanso sɛ ɛporɔ na ɛfifiri a, ɛso aba pii. 25  Obiara a ɔdɔ ne kra no bɛhwere ne nkwa, na deɛ ɔnnɔ ne kra no ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. 26  Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ ɔdi mʼakyi, na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ mʼasomfoɔ nso wɔ hɔ bi.”
27 Yesu kaa sɛ, “Afei deɛ, me kra ho yera no na asɛm bɛn na menka? Menka sɛ, ‘Agya, gye me firi saa amanehunu yi mu anaa?’ Nanso, yei enti na wosomaa me baa ewiase sɛ memmɛhunu amane. 28  Agya, hyɛ wo din animuonyam!”
Ɔkasa wieeɛ no, nne bi firi ɔsoro kaa sɛ, “Mahyɛ no animuonyam dada na mɛsane mahyɛ no bio.” 29 Nnipakuo a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkaa sɛ aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kaa sɛ, ɔsoro ɔbɔfoɔ na ɔkasa kyerɛɛ no.
30 Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo enti na saa nne yi kasaeɛ na ɛnyɛ me enti. 31  Afei, ɛberɛ aduru sɛ wɔbu ewiase atɛn na wɔtu ɔbonsam a ɔdi ewiase so no gu. 32  Sɛ wɔnya ma me so firi asase mu a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.” 33 Ɔkaa yei de kyerɛɛ owuo ko a ɔbɛwu no.
34 Nnipa no kaa sɛ, “Atwerɛsɛm no di adanseɛ sɛ, Agyenkwa no renwu da. Adɛn enti na wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hwan ne saa Onipa Ba no?”
35 Yesu buaa wɔn sɛ, “Me hann no bɛhyerɛn ama mo mmerɛ tiawa bi mu. Ɛno enti, monnante mu ɛberɛ a mowɔ saa hann no mu yi nkɔ baabiara a mopɛ sɛ mokɔ, ansa na esum aduru; anyɛ saa a morenhunu kwan. 36  Ɛberɛ a mowɔ hann mu yi, monnye hann no nni na moayɛ hann no mma.” Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ no, ɔfirii hɔ de ne ho kɔhintaeɛ.
Yudafoɔ Gu So Gye Akyinnyeɛ
37 Ɛwom sɛ na Yesu ayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ ama Yudafoɔ no ahunu deɛ, nanso na wɔnnye no nni ara. 38 Yei ne Odiyifoɔ Yesaia asɛm a ɔkaa sɛ,
“Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?
Na hwan nso na ɔbɛgye wʼanwanwadwuma no adi sɛ adansedie?”
39 Yudafoɔ no annye anni ɛfiri sɛ, na Odiyifoɔ Yesaia asane aka sɛ,
40 “Onyankopɔn afira wɔn ani,
na wapirim wɔn akoma,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrentumi nnane
mma me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.”
41 Yesaia kaa yei faa Yesu animuonyam a daakye ɔbɛnya a Onyankopɔn yi kyerɛɛ no no ho.
42 Mpo, na Yudafoɔ mpanin no mu pii gye Yesu di, nanso na wɔsuro sɛ, sɛ Farisifoɔ no hunu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio. 43 Na wɔpɛ sɛ nnipa bɛkamfo wɔn sene sɛ Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn animuonyam.
44 Yesu teaam sɛ, “Obiara a ɔgye me di no, ɛnyɛ me nko na ɔgye me di, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no nso di. 45  Na deɛ ɔhunu me no hunu deɛ ɔsomaa me no nso. 46  Maba ewiase sɛ hann, na obiara a ɔgye me di no ankɔ so antena sum mu.
47  “Obiara a ɔte mʼasɛm na ɔnni so no, meremmu no atɛn. Ɛfiri sɛ, mamma sɛ merebɛbu nnipa atɛn, na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn nkwa. 48  Obiara a ɔpo me na ɔnnye mʼasɛm nni no, ɔtemmufoɔ bi wɔ hɔ a ɔbɛbu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na Atemmuo da no ɛbɛbu mo atɛn. 49  Nsɛm a maka no nyinaa, ɛnyɛ mʼankasa mʼadwene na mede ka kyerɛɛ mo, na mmom ɛyɛ deɛ Agya no ka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no. 50  Menim sɛ asɛm biara a Agya no ahyɛ me sɛ menka no de nnipa kɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me sɛ menka biara no, ɛno na meka!”