13
Yesu Hohoro Nʼasuafoɔ Nan Ase
Adeɛ rebɛkye ama Twam Afahyɛ no aduru no, Yesu hunuu sɛ afei, berɛ aso sɛ ɔfiri ewiase kɔ nʼAgya nkyɛn. Yesu yɛ obi a na ɔdɔ nʼakyidifoɔ, na ɔdɔɔ wɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ.
Ɛberɛ a na Yesu ne nʼasuafoɔ te adidiiɛ no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu sɛ ɔnyi Yesu mma. Yesu nim sɛ nʼAgya de tumi nyinaa ahyɛ ne nsa, na ɔfiri Onyankopɔn nkyɛn na ɔbaeɛ, na ɔresane akɔ ne nkyɛn. Yesu sɔre firii didipono no ho, yii nʼatadeɛ ngugusoɔ guu hɔ, de mpepaho twaa nʼasene. Ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn bi mu na ɔhyɛɛ aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ase de mpepaho no pepaeɛ.
Ɛberɛ a Yesu duruu Simon Petro so no, Petro bisaa no sɛ. “Awurade, worebɛhohoro me nan ase anaa?”
Yesu buaa no sɛ, “Deɛ mereyɛ yi, worente aseɛ seesei, nanso akyire no wobɛte aseɛ.”
Petro ampene asɛm a ɔkaeɛ no so kaa sɛ, “Ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wohohoro me nan ase.”
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ manhohoro wo nan ase a, na wonka me ho.”
Simon Petro kaa sɛ, “Awurade, ɛnneɛ na ɛnyɛ me nan ase nko, na mmom, me nsa ho ne me tirim nso ka ho.”
10 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Obiara a wadware no, adwareɛ ho nhia no bio gye ne nan ase nko na ɛsɛ sɛ ɔhohoro, ne onipadua no deɛ, efi biara nni ho. Mo nyinaa ho ate, gye mo mu baako pɛ.” 11 Na Yesu nim onipa ko a ɔrebɛyi no ama no, ɛno enti na ɔkaa sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ho ate no.
12 Yesu hohoroo wɔn nan ase wieeɛ no, ɔfaa nʼatadeɛ ngugusoɔ no hyɛeɛ, sane kɔtenaa didipono no ho. Afei, ɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Mote deɛ mayɛ yi ase anaa? 13  Mofrɛ me ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ’ ne ‘Awurade’ a, modi me frɛ; ɛfiri sɛ, ɛno ne deɛ meyɛ. 14  Sɛ me a meyɛ mo Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no mpo ahohoro mo nan ase a, ɛnneɛ, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro hohoro mo ho mo ho nan ase. 15  Mayɛ yei de ayɛ nhwɛsoɔ ama mo sɛdeɛ mo nso mobɛyɛ saa ara. 16  Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, akoa nsene ne wura; saa ara nso na ɔsomafoɔ nsene deɛ ɔsomaa no no. 17  Afei a moate deɛ meyɛeɛ no ase yi, sɛ moyɛ saa bi a, mobɛnya nhyira.
18  “Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo, menim wɔn a mayi wɔn. Nanso, ɛsɛ sɛ Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, ‘Onipa a ɔne me to nsa didi no, bɛyi me ama’ no ba mu.
19  “Mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo ansa na aba mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛgye adi. 20  Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛgye deɛ masoma no no, ɔgye me nso, na obiara a ɔgye me no nso gye deɛ ɔsomaa me no.”
Yesu Hyɛ Deɛ Ɔbɛyi No Ama Ho Nkɔm
21 Yesu kaa yeinom nyinaa wieeɛ no, ne ho yeraa no ma ɔpaee mu kaa sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ mo, mo mu baako bɛyi me ama!”
22 Asuafoɔ no de ahodwirie hwehwɛhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim pɛɛ sɛ wɔhunu deɛ ɔde no no. 23 Na asuafoɔ no mu baako a Yesu pɛ nʼasɛm no te ne nkyɛn pɛɛ. 24 Simon Petro buu nʼani sɛ, “Bisa no na ɔnkyerɛ wo onipa ko a ɔreka ne ho asɛm no.”
25 Ɛno enti saa osuani no twe bɛn Yesu bisaa no sɛ, “Awurade, ɛyɛ hwan?”
26 Yesu buaa sɛ, “Deɛ mede burodo bɛbɔ mu ama no no, ɔno na ɔbɛyi me ama.” Na ɔde burodo bɔɔ mu de maa Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no. 27 Ɛberɛ a Yuda gyee burodo no pɛ na ɔbonsam bɛhyɛɛ ne mu.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Deɛ wopɛ sɛ woyɛ no, yɛ no ntɛm!” 28 Wɔn a na wɔte adidiiɛ no mu biara ante asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no ase. 29 Esiane sɛ Yuda na ɔhwɛ asuafoɔ no sika so enti, na wɔsusu sɛ, Yesu reka akyerɛ no sɛ, ɔnkɔtɔ biribi a ɛho hia ma afahyɛ no anaasɛ ɔnkɔma ahiafoɔ biribi. 30 Yuda gyee burodo no pɛ na ɔfirii adi; saa ɛberɛ no na ɛyɛ anadwo.
Ahyɛdeɛ Foforɔ
31 Yuda firii adi kɔeɛ akyi no, Yesu kaa sɛ, “Afei na Onipa Ba no animuonyam ada adi; na Onyankopɔn nam Ɔba no so ada nʼanimuonyam adi. 32  Na sɛ ɛnam Ɔba no so na Onyankopɔn animuonyam da adi a, Onyankopɔn nso nam ne tumi so bɛda Onipa Ba no animuonyam adi. Ɔbɛyɛ yei ntɛm so.
33  “Me mma, ɛrenkyɛre biara, mɛgya mo hɔ. Sɛdeɛ meka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no, mobɛhwehwɛ me, nanso morentumi mma faako a merekɔ hɔ no.
34  “Ahyɛdeɛ foforɔ na mede regya mo sɛ, ‘Monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔ mo no. 35  Na sɛ mododɔ mo ho mo ho a, obiara bɛhunu sɛ moyɛ mʼasuafoɔ.’ ”
Yesu Hyɛ Petro Ho Nkɔm
36 Simon Petro bisaa Yesu sɛ, “Awurade, ɛhe na worekɔ?” Yesu buaa no sɛ, “Faako a merekɔ no deɛ, worentumi nni mʼakyi; daakye bi wobɛba abɛka me ho.”
37 Petro bisaa no sɛ, “Awurade, adɛn enti na merentumi nni wʼakyi saa ɛberɛ yi? Ɛyɛ owuo mpo a, mɛwu ama wo.”
38 Yesu bisaa no sɛ, “Woasiesie wo ho ampa ara sɛ wobɛwu ama me anaa? Mereka nokorɛ akyerɛ wo sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa.”