14
Yesu Ne Ɛkwan No
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommma mo akoma nntu. Monnye Onyankopɔn nni na monnye me nso nni. Tenaberɛ bebree wɔ mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo. Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena. Monim faako a merekɔ no ne ɛkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.”
Toma bisaa no sɛ, “Awurade yɛnnim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahunu ɛkwan aba hɔ bi?”
Yesu buaa sɛ, “Mene ɛkwan no, ne nokorɛ no, ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.” Yesu kaa bio sɛ, “Afei a moahunu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mobɛhunu mʼAgya no, na ɛfiri saa ɛberɛ yi monim no, ɛfiri sɛ, moahunu no!”
Filipo bisaa no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, ɛfiri sɛ, deɛ yɛrehwehwɛ ara ne no.”
Yesu buaa no sɛ, “Filipo, enti me ne mo nanteeɛ dadaada yi, wonnim onipa ko a meyɛ? Obiara a ɔnim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no? 10  Filipo wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu? Yesu sane ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, nsɛm a maka akyerɛ mo no mfiri mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɛ nʼadwuma. 11  Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ monnnye nsɛm a maka no nni a, nnwuma a mayɛ no enti, monnye nni. 12  Mereka nokorɛ akyerɛ mo, obiara a ɔgye me di no, bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛseɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ mʼAgya no nkyɛn. 13  Na biribiara a mobɛbisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Agya no animuonyam nam ne Ba no so bɛda adi. 14  Biribiara a mode me din bɛbisa no, mɛyɛ ama mo.”
Honhom Kronkron Ho Bɔhyɛ
15  “Sɛ modɔ me a, mobɛdi mʼahyɛdeɛ so. 16  Mɛbisa Agya no na wama mo ɔboafoɔ foforɔ a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokorɛ nyinaa adi no na ɔne mo atena daa. 17  Ewiase rentumi nnye no, ɛfiri sɛ, wɔnhunu no, na wɔnnim no. Nanso, mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ, ɔne mo na ɛte. 18  Merennya mo sɛ nwisiaa; mɛsane aba mo nkyɛn bio. 19  Ɛrenkyɛre biara nnipa renhunu me bio, nanso mo deɛ, mobɛhunu me; na ɛsiane sɛ mete ase no enti, mo nso mobɛtena ase. 20  Na da a mɛsɔre afiri awufoɔ mu no duru a, mobɛhunu sɛ mewɔ mʼAgya no mu, na mo nso mowɔ me mu, sɛdeɛ me nso mewɔ mo mu no. 21  Obiara a ɔdi mʼahyɛdeɛ so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no.”
22 Yuda, a ɛnyɛ Iskariot, kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?”
23 Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔdɔ me no bɛdi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena. 24  Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom, ɛfiri mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn.
25  “Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo. 26  Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafoɔ a Agya no bɛsoma no me din mu no, bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no. 27  Asomdwoeɛ na mede regya mo; mʼasomdwoeɛ na mede regya mo. Ɛnyɛ ewiase asomdwoeɛ na mede regya mo. Mommma mo akoma nntu; na monnsuro nso.
28  “Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Merekɔ, nanso mɛsane aba mo nkyɛn bio’ no. Sɛ modɔ me ampa ara a, anka mo ani bɛgye, ɛfiri sɛ, afei deɛ, mɛtumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sene me no nkyɛn. 29  Maka yeinom akyerɛ mo sɛdeɛ ɛba mu a mobɛgye me adi. 30  Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, ɛfiri sɛ, ɔbonsam no reba, nanso ɔnni me so tumi. 31  Na ɛsɛ sɛ nnipa hunu sɛ medɔ Agya no, ɛno enti na asɛm biara a ɔbɛka no, meyɛ no.
“Monsɔre ma yɛnkɔ.”