2
Yesu Ma Nsuo Dane Nsa
Ne nnansa so, nnipa bi hyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so. Yesu maame kɔɔ saa ayeforɔhyia no bi. Wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nso kɔɔ hɔ bi. Wɔgu so regye wɔn ani no, ayeforɔ no ase nsã saeɛ maa Yesu maame kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔn nsã a wɔrenom no asa.”
Yesu ka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛsɛ me yɛ, me berɛ nnya nnuruiɛ.”
Ne maame ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ, “Biribiara a ɔbɛka sɛ monyɛ no, monyɛ.”
Na aboɔ nsuhina nsia sisi hɔ; yeinom mu na na Yudafoɔ de nsuo gu de hohoro wɔn ho amanneɛ kwan so. Na suhina biara tumi fa nsuo galɔn aduasa.
Yesu ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ, “Momfa nsuo nhyehyɛ nhina no ma ma.” Wɔde nsuo hyɛɛ no ma ma.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsa bi nkɔma onipa a ayeforɔ no ho ntotoeɛ hyɛ ne nsa no.”
Deɛ ayeforɔ no ho ntotoeɛ hyɛ ne nsa no kaa nsuo no a adane nsã no hwɛeɛ. Na ɔnnim baabi a na nsã no firi, nanso na asomfoɔ no deɛ, wɔnim. Ɔfrɛɛ ayeforɔkunu no 10 ka kyerɛɛ no sɛ, “Saa nsã yi yɛ nsã pa. Wonte sɛ afoforɔ a wɔaka no. Obiara a ɔto ɛpono de nsã pa di ɛkan ba wɔ nʼapontoɔ ase, na akyire yi, ɔde nsã a ɛnni mu aba. Nanso, wo deɛ, wode nsã pa no atwa toɔ!”
11 Saa nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a ɔyɛɛ wɔ badwam de kyerɛɛ sɛ ne tumi firi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafoɔ no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.
12 Ayeforɔhyia no akyi, ɔne ne maame ne ne nuanom ne nʼasuafoɔ no dii nna kakra wɔ Kapernaum.
Yesu Kɔ Asɔredan Mu
13 Esiane sɛ na Yudafoɔ Twam Afahyɛ no rebɛduru no enti, Yesu kɔɔ Yerusalem. 14 Ɔduruu asɔredan no mu hɔ no, ɔhunuu sɛ adwadifoɔ bi nso tete wɔn apono akyi resesa sika. 15 Yesu faa ntampehoma, yɛɛ no mpire, de pamoo sikasesafoɔ no ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie no firii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apono guiɛ maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee. 16 Afei, ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsesa wɔn mfiri ha nkɔ ntɛm! Mommfa mʼAgya fie nyɛ adwadibea!” 17 Asuafoɔ no kaa sɛ, wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Wo fie yiedie ho dadwene ahyɛ me so.”
18 Afei, Yudafoɔ mpanin no bisaa Yesu sɛ, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopamoo nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi fa di adanseɛ sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.”
19 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mate deɛ moaka no. Nsɛnkyerɛnneɛ a mede bɛdi adanseɛ ara ne sɛ, mommubu asɔredan yi ngu na mede nnansa bɛsi bio.”
20 Yudafoɔ mpanin no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisaa no sɛ, “Asɔredan a wɔde mfeɛ aduanan nsia siiɛ no, na wode nnansa bɛtumi asi?” 21 Nanso, Yesu deɛ, na ɔde ɔno ankasa ne onipadua na ɛreyɛ asɔredan no mfatoho, 22 Yesu wusɔreɛ no akyi ansa na asuafoɔ no kaee asɛm a ɔkaeɛ no. Yei ma wɔgyee Atwerɛsɛm ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ.
23 Ɛberɛ a Twam Afahyɛ no duruiɛ a na Yesu wɔ Yerusalem no, nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ bebree maa nnipa gyee no diiɛ. 24 Nanso, Yesu amfa ne ho anto wɔn so, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛdeɛ nnipa suban te. 25 Na ɔnhia onipa adanseɛ a ɔbɛdi afa onipa ho, ɛfiri sɛ, na ɔnim deɛ ɛwɔ onipa mu.