3
Nikodemo Kɔ Yesu Nkyɛn
Anadwo bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Yudafoɔ mpanin no mu baako a wɔfrɛ no Nikodemo a ɔsane yɛ Farisini no, kɔɔ Yesu nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa wo, ɛfiri sɛ, obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.”
Yesu buaa no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ, sɛ wɔanwo wo foforɔ a, worentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu.”
Nikodemo bisaa no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na me abasiriwa yi, bɛtumi akɔ me maame yam ama wɔawo me bio?”
Yesu nso buaa no sɛ, “Mereka nokorɛ akyerɛ wo, sɛ wɔamfiri nsuo ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. Deɛ wɔfiri onipa mu awo no no, yɛ ɔhonam, na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no, yɛ honhom. Mma ɛnnyɛ wo nwanwa sɛ maka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔwo wo foforɔ! Sɛdeɛ wote mframa nka, nanso wontumi nkyerɛ faako a ɛfiri ba ne faako a ɛbɔ kɔ no, saa ara na Honhom mu awoɔ no nso te.”
Nikodemo bisaa no sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yei aba mu?”
10 Yesu buaa no sɛ, “Wo, ɔkyerɛkyerɛfoɔ a wodi mu Israel na wonte yei ase? 11  Deɛ yɛnim ne deɛ yɛahunu na yɛreka akyerɛ mo yi, nanso monnye yɛn nni. 12  Sɛ meka asase yi so nsɛm kyerɛ mo na monnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a, mobɛgye adi? 13  Obiara nkɔɔ ɔsoro da, agye deɛ ɔfiri ɔsoro baeɛ no—Onipa Ba no. 14  Sɛdeɛ Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɛ asɛn dua so wɔ ɛserɛ so no, saa ara na Onipa Ba no nso wɔbɛma no so, 15  na obiara a ɔgye me di no, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ.
16 “Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ ewiase nie; sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no di no anyera, na mmom wanya nkwa a ɛnni awieeɛ. 17 Onyankopɔn ansoma ne Ba amma ewiase sɛ ɔmmɛbu ewiase atɛn, na mmom, ɔsomaa no sɛ, ɔmmɛgye ewiase nkwa. 18 Obiara a ɔgye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na deɛ ɔnnye no nni no, wɔabu no atɛn dada, ɛfiri sɛ, wannye Onyankopɔn Ba korɔ no anni. 19 Deɛ Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba ewiase, nanso nnipa ani gye sum ho sene Hann no, ɛfiri sɛ, wɔn nneyɛeɛ nyinaa yɛ bɔne. 20 Ɔdebɔneyɛfoɔ biara mpɛ Hann no, na ɔremmɛn Hann no, ɛfiri sɛ, ɔsuro sɛ ne nneyɛeɛ bɔne no bɛda adi. 21 Na deɛ ɔyɛ Onyame apɛdeɛ no ba Hann no mu na obiara ahunu sɛ ɔyɛ Onyame apɛdeɛ.”
Yohane Di Yesu Ho Adanseɛ
22 Yei akyi, Yesu ne nʼasuafoɔ no firii Yerusalem kɔɔ Yudea akuraa bi ase kɔtenaa hɔ kakra bɔɔ asu wɔ hɔ. 23 Saa ɛberɛ no ara na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, ɛfiri sɛ, na nsuwansuwa wɔ hɔ. Nnipa pii baa ne nkyɛn ma ɔbɔɔ wɔn asu. 24 Saa ɛberɛ no na wɔmfaa Yohane ntoo afiase. 25 Ɛda bi, Yohane akyidifoɔ bi ne Yudani bi gyee akyinnyeɛ faa ahodwira ho. 26 Enti, asuafoɔ no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohoa no a wodii ne ho adanseɛ no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.”
27 Yohane buaa sɛ, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte saa gye sɛ Onyame ka ne ho. 28 Mo ara modi me adanseɛ sɛ meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Ɛnyɛ me ne Kristo no, na mmom, wɔasoma me adi nʼanim kane.’ 29 Adamfo a ɔboa ayeforɔkunu no wɛn nʼaso twɛn no, na sɛ ɔte ne nne a, nʼani gye. Ɛno enti na mʼanigyeɛ wie pɛyɛ no. 30 Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛseɛ na me nso meyɛ ɔketewa.
31 “Deɛ ɔfiri ɔsoro aba no yɛ ɔkɛseɛ sene obiara; Deɛ ɔfiri asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni. 32 Ɔsoroni no ka deɛ wahunu ne deɛ wate, nanso obiara nnye no nni. 33 Wɔn a wɔgye no di no di adanseɛ sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ. 34 Deɛ Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma. 35 Agya no dɔ ne Ba no enti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa. 36 Deɛ ɔgye Ɔba no di no bɛnya nkwa a ɛnsa da, na deɛ ɔnnye no nni no rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom, Onyankopɔn asotwe da ne so.”