13
Nwera Abɔsoɔ
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ meɛ, “Kɔ na kɔtɔ nwera abɔsoɔ bɔ wʼasene, nanso mma no nka nsuo.” Enti, metɔɔ abɔsoɔ sɛdeɛ Awurade kyerɛeɛ no, na mede bɔɔ mʼasene mu.
Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so sɛ, “Fa abɔsoɔ a, wotɔeɛ a ɛbɔ wʼasene mu no, kɔ Eufrate ho seisei ara na fa kɔsie abotan tokuro no bi mu.” Enti, mede kɔsiee Eufrate ho, sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ me no.
Nna bebree akyi no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Afei kɔ Eufrate ho na kɔfa abɔsoɔ a meka kyerɛɛ wo sɛ fa kɔsie hɔ no.” Enti, mekɔɔ Eufrate ho kɔtuu abɔsoɔ no firii beaeɛ a, na mede asie hɔ no, nanso, na asu atete a ɛho nni mfasoɔ biara.
Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ, ‘Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan kyɛneɛ no. 10 Saa amumuyɛfoɔ yi a wɔmpɛ sɛ wɔtie mʼasɛm na wɔdi wɔn akoma den akyi na wɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔsoɔ yi, na wɔn ho remma mfasoɔ biara! 11 Sɛdeɛ abɔsoɔ kyekyere onipa asene mu no saa ara na mede Israel efie ne Yudafie nyinaa bataa me ho sɛ wɔnyɛ me nkurɔfoɔ a wɔbɛma me din so, aka mʼayɛyie na wɔahyɛ me animuonyam, nanso wɔntiee me,’ deɛ Awurade seɛ nie.
Nsã Kotokuo
12 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie, Wɔmfa nsã nhyɛ nsã kotokuo biara ma.’ Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ, ‘Yɛnim sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nsã hyɛ nsã kotokuo biara ma a,’ 13 afei, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: Mede nsãborɔ bɛhyɛ wɔn a wɔtete asase yi so nyinaa ma, a ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so, asɔfoɔ, adiyifoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa ka ho. 14 Mɛtoto wɔn abobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mmammarima nyinaa, Awurade na ɔseɛ. Meremma ahummɔborɔ anaa ayamyɛ anaa ayamhyehyeɛ nsi ɔsɛe a merebɛsɛe wɔn no ho ɛkwan.’ ”
Nnommumfa Ho Ahunahuna
15 Montie na monyɛ aso,
na monnyɛ ahantan,
ɛfiri sɛ, Awurade akasa.
16 Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn, animuonyam
ansa na wama esum aduru,
ansa na mo nan asuntisunti
wɔ nkokoɔ a ɛso reduru sum no so.
Mo ani da hann so,
nanso ɔbɛdane no esum kusuu
na wɔasesa ayɛ no esum kabisii.
17 Nanso sɛ moantie a,
mɛsu wɔ kɔkoam
ɛsiane mo ahantan nti;
mʼani bɛtetɛ nisuo,
na nisuo adware me,
ɛfiri sɛ, wɔbɛfa Awurade nnwankuo no akɔ nnommum mu.
18 Monka nkyerɛ ɔhene ne ɔhemmaa sɛ,
“Momfiri mo ahennwa so nsi fam,
na mo animuonyam ahenkyɛ
bɛfiri mo tiri so.”
19 Wɔbɛtoto Negeb nkuropɔn apono mu,
na obiara nni hɔ a ɔbɛbuebue.
Wɔbɛsoa Yudafoɔ akɔ sɛ atukɔfoɔ,
wɔbɛtwa wɔn asuo koraa.
 
20 Mo mpagya mo ani nhwɛ
wɔn a wɔfiri atifi fam reba no.
Nnwankuo a wɔde hyɛɛ mo nsa no,
nnwan a mode wɔn hoahoaa mo ho wɔ he?
21 Awurade de wɔn a motetee wɔn sɛ mo apamfoɔ yɛ mo so atitire a
ɛdeɛn na mobɛka?
Na ɛrenyɛ mo yea
sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ anaa?
22 Na sɛ wobɛbisa wo ho sɛ,
“Adɛn enti na yei aba me so” a
na ɛfiri wʼamumuyɛ bebrebe no.
Ɛno enti na wɔatete wo fam atadeɛ mu
ayɛ wo onipadua basaa no.
23 Etiopiani bɛtumi asesa nʼahosuo anaa?
Na ɔsebɔ nso bɛtumi asesa ne ho nsisimu no?
Saa ara na worentumi nyɛ papa,
wo a bɔneyɛ akokwa wo.
 
24 “Mɛbɔ mo ahwete sɛ ntɛtɛ a
anweatam so mframa rebɔ no.
25 Yei ne deɛ mobɛnya,
mo kyɛfa a mahyɛ ama mo,”
Awurade na ɔseɛ,
“ɛfiri sɛ, mo werɛ afiri me
na mo de mo ho ato anyame huhuo so.
26 Mɛpagya mo fam ntadeɛ abua mo anim
na wɔahunu mo ahohora.
27 Mahunu mo awaresɛeɛ ne mo akɔnnɔ bɔne ne
mo adwamammɔ a momfɛre ho!
Mahunu mo akyiwadeɛ nneyɛeɛ
wɔ nkokoɔ ne ɛserɛ so.
Due Ao Yerusalem!
Mmerɛ bɛn na wo ho bɛte?”