14
Nsuweɛ, Ɛkɔm, Akofena
Yei ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuweɛ ho:
“Yuda di awerɛhoɔ
ne nkuropɔn hunu amane.
Wɔbɔ asase no ho abubuo,
na wɔsu wɔ Yerusalem.
Mmapɔmma soma wɔn asomfoɔ ma wɔkɔpɛ nsuo;
wɔkɔhwɛ ankorɛ mu
nanso wɔnnya nsuo.
Wɔde wɔn nsuhina sane ba a hwee nni mu;
wɔkatakata wɔn tiri so
wɔ abotuo ne abasamutuo mu.
Asase no apaapae
ɛfiri sɛ osuo ntɔ wɔ asase no so;
akuafoɔ no bo atu
na wɔkata wɔn tiri so.
Mpo ɔforotebereɛ a ɔwɔ ɛserɛ so
gya ne ba a wawo no foforɔ
ɛfiri sɛ ɛserɛ biara nni hɔ.
Ɛsrɛ so mfunumu gyinagyina nkokoɔ wesee no so
home sɛ sakraman;
wɔkenakena wɔn ani hwehwɛ adidibea
nanso wɔnhunu bi.”
 
Ɛwom sɛ yɛn amumuyɛ di adanseɛ tia yɛn deɛ,
nanso Ao Awurade, wo din enti yɛ ho biribi.
Yɛn akyirisane dɔɔso;
na yɛayɛ bɔne atia wo.
Ao, Israel Anidasoɔ,
yɛn Agyenkwa wɔ amanehunu mmerɛ mu,
adɛn enti na woayɛ sɛ ɔhɔhoɔ wɔ asase no so,
te sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo pɛ?
Adɛn enti na woayɛ sɛ obi a adeɛ afu ne mu yi,
te sɛ ɔkofoɔ a ɔnni ahoɔden a ɔde boa?
Wowɔ yɛn ntam, Ao Awurade
na wo din da yɛn so;
nnya yɛn mu!
10 Yei ne deɛ Awurade ka fa saa nnipa yi ho:
“Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyini ho bebree;
wɔmma wɔn nan nhome.
Ɛno enti Awurade nnye wɔn nto mu;
afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛsɛm no
na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.”
11 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mmɔ yieyɛ ho mpaeɛ mma saa nnipa yi. 12 Mmom ɛwom sɛ wɔdi mmuada deɛ, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwom sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ deɛ, nso merennye. Mmom, mede akofena ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”
13 Nanso mekaa sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn daa sɛ, ‘Monnhunu akofena na ɛkɔm remma. Nokorɛm mema mo asomdwoeɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’ ”
14 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Adiyifoɔ no hyɛ nkɔmtorɔ wɔ me din mu. Mensomaa wɔn mennyii wɔn, na menkasa nkyerɛɛ wɔn. Wɔrehyɛ nkɔm afa atorɔ anisoadehunu, nsumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho. 15 Ɛno enti, deɛ Awurade ka fa adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho nie: mensomaa wɔn nanso wɔka sɛ, ‘Akofena biara anaa ɛkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifoɔ no ara bɛtotɔ akofena ano ne ɛkɔm mu. 16 Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtoto wɔn agu Yerusalem mmɔntene so ɛsiane ɛkɔm ne akofena enti. Wɔrenya obiara nsie wɔn, wɔn yerenom, wɔn mmammarima anaa wɔn mmammaa. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.
17 “Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn:
“ ‘ma nisuo nnware me anadwo ne awia
a ɛtoɔ ntwa da
ɛfiri sɛ me babaa bunu, me nkurɔfoɔ
anya apirakuro a ɛyɛ hu
na ɛyɛ ahodwirie mmorosoɔ.
18 Sɛ mekɔ ɔman no mu a,
mehunu nnipa a wɔatotɔ akofena ano;
sɛ mekɔ kuropɔn no mu a
mehunu ɛkɔm nsunsuansoɔ.
Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa
kɔ asase a wɔnnim so so.’ ”
 
19 Woapo Yuda kora anaa?
Wokyi Sion anaa?
Adɛn enti na wode ɔhaw aba yɛn so
na yɛnnya ayaresa?
Yɛn ani daa asomdwoeɛ so,
nanso ade papa biara mmaeɛ,
yɛn ani daa ayaresaberɛ so
nanso ehubɔ na ɛbaeɛ.
20 Ao, Awurade, yɛagye yɛn amumuyɛ ato mu
ne yɛn agyanom afɔdie;
nokorɛm yɛayɛ bɔne atia wo.
21 Na wo din enti mmu yɛn animtia;
nhura wʼanimuonyam ahennwa no ho.
Kae wo ne yɛn apam no
na mmu so.
22 Na amanaman ahoni ahuhuo no mu bi ma osuo tɔ anaa?
Anaasɛ ewiem bɛtumi ama obosuo apete?
Dabi, ɛyɛ wo, Ao Awurade yɛn Onyankopɔn.
Enti wo so na yɛn ani da,
yɛretwɛn mmoa afiri wo hɔ.