15
Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel* bɛgyinaa mʼanim a, mʼakoma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma wɔmfiri mʼani so! Ma wɔnkɔ! Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkorɔ’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ:
“ ‘Wɔn a wɔahyɛ owuo ama wɔn no bɛkɔ owuom;
wɔn a wɔahyɛ akofena ama wɔn no bɛtotɔ akofena ano;
wɔn a wɔahyɛ ɛkɔm ama wɔn no, ɛkɔm bɛde wɔn;
wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommumfa mu.’
“Mede adesɛefoɔ ahodoɔ ɛnan bɛba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ: “akofena a ɛbɛkum wɔn, nkraman a ɛbɛtwe wɔn ase akɔ, ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn. Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie nyinaa ɛsiane deɛ Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem enti.
“Hwan na ɔbɛhunu wo mmɔbɔ, Ao Yerusalem?
Hwan na ɔbɛgyam wo?
Hwan na ɔbɛgyina abisa sɛdeɛ wo ho teɛ?
Woapo me,” Awurade na ɔseɛ.
“Wogu akyirisane so ara.
Ɛno enti mɛtene me nsa wɔ wo so na masɛe wo.
Me yam renhyehye me mma wo bio.
Mede huhusoɔ apaawa bɛhuhu wɔn so
wɔ asase no kuropɔn apono ano.
Mede owuo ne adesɛeɛ bɛba me nkurɔfoɔ so,
ɛfiri sɛ wɔnsesaa wɔn akwan.
Mɛma wɔn akunafoɔ adɔɔso
asene mpoano anwea.
Mede ɔsɛefoɔ bɛba owigyinaeɛ
abɛtia wɔn mmeranteɛ maamenom;
mpofirim mede
ɔyea ne ehu bɛba wɔn so.
Ɔbaatan a wawo nson bɛtɔ baha,
na wagyae mu.
Nʼawia bɛtɔ ɛberɛ a adeɛ nsaeɛ;
wɔbɛgu nʼanim ase abrɛ no ase.
Mede nkaeɛfoɔ no bɛma akofena
wɔ wɔn atamfoɔ anim,”
Awurade na ɔseɛ.
 
10 Ao, me maame a wowoo me,
anka mewuiɛ a, anka ɛyɛ.
Asase sofoɔ nyinaa ne me ham, di apereapereɛ!
Memfɛm obi adeɛ, na memmɔɔ obi hɔ bosea,
nanso obiara dome me.
11  Awurade kaa sɛ,
“Nokorɛm mɛgye wo ama botaeɛ pa bi;
ampa ara mɛma wʼatamfoɔ apa wo kyɛw
wɔ amanehunu ne ahohia mmerɛ mu.
 
12 “Onipa bɛtumi abu dadeɛ mu
dadeɛ a ɛfiri atifi fam, anaa kɔbere?
 
13 “Mede mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ
bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka,
ɛsiane mo nnebɔne nyinaa
wɔ mo ɔman no mu enti.
14 Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ
wɔ ɔman a monnim soɔ so,
mʼabufuo bɛma ogya adɛre
na ɛbɛhye mo.”
 
15 Wote aseɛ, Ao Awurade;
kae me na hwɛ me so.
Tɔ wɔn a wɔtaa me so awere.
Wowɔ abodwokyerɛ, mma me nwu;
hwɛ sɛdeɛ wo enti wɔbɔ me ahohora.
16 Wo nsɛm baeɛ no, mediiɛ;
ɛyɛɛ mʼahosɛpɛ ne mʼakoma apɛdeɛ,
na wo din da me so,
Ao, Asafo Awurade Onyankopɔn.
17 Mantena wɔn a wɔgye wɔn ani fekuo mu.
Me ne wɔn annye wɔn ani;
metee me ho tenaeɛ, ɛfiri sɛ wo nsa daa me so
na wʼabofuo hyɛɛ me ma.
18 Adɛn enti na me yea to ntwa da
na mʼapirakuro ayɛ nkudaa a ano yɛ den?
Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me,
sɛ asutire a ɛweɛ anaa?
19 Enti sei na Awurade seɛ,
“Sɛ wosakyera wʼadwene a, mɛgye wo ato mu bio
na wasom me;
sɛ nsɛm a ɛdi mu firi wʼanomu, na ɛnyɛ nsɛm huhuo a,
wobɛyɛ me kasamafoɔ.
Ma saa nnipa yi nnane mmra wo nkyɛn,
na wo deɛ ɛnsɛ sɛ wodane kɔ wɔn nkyɛn.
20 Mede wo bɛyɛ ɔfasuo ama saa nnipa yi,
banbɔ ɔfasuo a wɔde kɔbere ato;
wɔ ne wo bɛdi asie
nanso wɔrenni wɔ so nkonim,
ɛfiri sɛ me ne wo wɔ hɔ
sɛ mɛyi wo na magye wo nkwa,”
Awurade, na ɔseɛ.
21 “Mɛgye wo nkwa afiri amumuyɛfoɔ nsam
na mayi wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.”
* 15:1 15.1 Mose ne Samuel. Wɔgyee din ɛfiri sɛ wɔdii ntam maa Israel nnebɔneyɛfoɔ no wɔ Awurade anim. (2 Mose 32.11-14,30-34; 4 Mose 14.13-23; 5 Mose 9.18-20,25-29; 1 Sam 7.5-9; 12.19-25; Nnw 99.6-8).