2
Israel Pa Onyankopɔn Akyi
Awurade asɛm baa me so: “Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte:
“Mekae sɛdeɛ wode wo ho maa me wo mmabunu berɛ mu,
sɛdeɛ wo dɔɔ me wʼayeforɔ berɛ mu
na wodii mʼakyi wɔ ɛserɛ so,
asase a wɔnnuaa so hwee.
Na Israel yɛ kronkron ma Awurade,
ne twaberɛ mu abukan;
wɔn a wɔdii nʼani no, wɔbuu wɔn fɔ,
na amanehunu baa wɔn so,”
sɛdeɛ Awurade, seɛ nie.
 
Montie Awurade asɛm, Ao Yakob fiefoɔ,
mo Israel mmusuakuo nyinaa.
Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Mfomsoɔ bɛn na mo agyanom hunuu wɔ me ho a
ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sei?
Wɔdii ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ akyi,
ma wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufoɔ.
Wɔammisa sɛ, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?
Deɛ ɔyii yɛn firii Misraim
na ɔde yɛn faa ɛserɛ wesee so,
anweatam ne amenamena asase
a awo na ayɛ owubɔn no.
Na ɛyɛ asase a obiara mfa so na obiara nte soɔ no.’
Mede mo bɛduaa asase bereɛ so
sɛ monni so nnuaba ne ɛso nnepa.
Nanso mobɛguu mʼasase ho fi
na moyɛɛ mʼagyapadeɛ akyiwadeɛ.
Asɔfoɔ no ammisa sɛ,
‘Ɛhe na Awurade wɔ?’
Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me;
ntuanofoɔ sɔre tiaa me.
Adiyifoɔ no de Baal hyɛɛ nkɔm,
na wɔdii ahoni huhuo akyi.
 
“Ɛno enti, merebɔ mo kwaadu bio,”
deɛ Awurade seɛ nie.
“Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu.
10 Montwa nkɔ Kitim mpoano nkɔ hwɛ,
monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yie;
monhwɛ sɛ biribi a ɛte sei asi wɔ hɔ:
11 Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn anaa?
Nso wɔnnyɛ anyame mpo.
Nanso me nkurɔfoɔ de wɔn animuonyam
asesa ahoni huhuo.
12 Ao ɔsorosoro, momma mo ho nnwiri mo yei ho,
na mo ho nwoso akomatuo mu,”
deɛ Awurade seɛ nie.
13 “Me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ahodoɔ mmienu:
Wɔapa mʼakyi,
me a meyɛ nkwa asutire no,
na wɔatutu wɔn ankasa nsukora amena,
amena a ɛho apaapae a ɛntumi nkora nsuo.
14 Israel yɛ akoa anaa ɔsomfoɔ firi awoɔ mu anaa?
Adɛn enti na wayɛ afodeɛ yi?
15 Agyata abobɔ mu;
wɔapɔ no so.
Wɔasɛe nʼasase;
wɔahyehye ne nkuro ayɛ no amanfo.
16 Afei, Memfis ne Tapanhes mmarima
ayi wo tiri so nwi.
17 Ɛnyɛ wo na woama yei aba wo so
sɛ wopaa Awurade wo Onyankopɔn akyi,
wɔ ɛberɛ a ɔrekyerɛ wo ɛkwan?
18 Afei adɛn enti na mokɔ Misraim
kɔnom Sihor mu nsuo?
Na adɛn enti na mokɔ Asiria
kɔnom Asubɔnten no mu nsuo?
19 Wo amumuyɛ bɛtwe wʼaso;
wʼakyirisane bɛka wʼanim.
Enti dwene ho na hunu sɛ,
sɛ wopa Awurade wo Onyankopɔn akyi
na woannya ne ho suro a,
ɛyɛ bɔne ne ɔyea ma wo.”
Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ.
 
20 “Mmerɛ bi atwam, wobubuu wo kɔnnua mu,
na wotetee wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu;
na wokaa sɛ, ‘Merensom wo!’
Nokorɛm, wɔ kokoɔ biara so
ne dua biara a adendan ase
na wotena bɔɔ adwaman.
21 Meduaa wo sɛ bobe amapa
a ɛfiri bobe ase a ɛyɛ pa ara mu.
Na ɛyɛɛ dɛn na wodanee wʼakyi kyerɛɛ me
bɛyɛɛ bobe a anyini asɛeɛ wɔ wura mu yi?
22 Sɛ wode soda
ne samina bebree dware mpo a,
wʼafɔdie nkekaawa da so wɔ hɔ ara,”
sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie.
23 “Ɛbɛyɛ dɛn na woaka sɛ, ‘Meho nguu fi;
mennii Baalnom akyi’?
Hwɛ sɛdeɛ woyɛɛ wo ho wɔ bɔnhwa no mu;
dwene deɛ woayɛ no ho.
Woyɛ yoma bereɛ hoɔharefoɔ
a wotu mmirika kɔ ha ba ha,
24 wiram afunumu a anweatam so tena akokwa no,
ɔhuahua ɛberɛ a ɔpɛ sɛ onini hyia no.
Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hwan na ɔbɛsianka no?
Anini biara a wɔtaa no no nha wɔn ho bebree;
ɛduru ɛberɛ a wɔhyia no a, wɔbɛnya no.
25 Ntu mmirika kɔsi sɛ wobɛyi wo mpaboa
na wo mene mu bɛwe.
Nanso wokaa sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ!
Mepɛ ananafoɔ anyame,
na ɛsɛ sɛ medi wɔn akyi.’
 
26 “Sɛdeɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ a wɔgu nʼanim ase no,
saa na wɔagu Israel efie anim ase,
wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfoɔ,
wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ.
27 Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’
ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’
Wɔadane wɔn akyi akyerɛ me
na ɛnyɛ wɔn anim;
nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ,
‘Bra bɛgye yɛn!’
28 Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he?
Momma wɔmmra sɛ wobɛtu agye mo
ɛberɛ a mowɔ amanehunu mu!
Ɛfiri sɛ mowɔ anyame bebree
te sɛ deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda.
 
29 “Adɛn enti na mobɔ me soboɔ?
Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,”
Awurade na ɔseɛ.
30 “Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa;
wɔamfa me ntenesoɔ.
Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔ
te sɛ gyata a nʼani abereɛ.
31 “Mo nnɛmmafoɔ, monnwene Awurade asɛm ho:
“Mayɛ sɛ anweatam ama Israel anaa?
Anaasɛ asase a ɛso aduru sum kabii anaa?
Adɛn enti na me nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Yɛwɔ ho ɛkwan sɛ yɛkyinkyin;
yɛremma wo nkyɛn bio.’
32 Ɔbaabunu werɛ firi ne mpompranneɛ,
ayeforɔyere werɛ bɛfiri nʼahyehyɛdeɛ anaa?
Nanso me nkurɔfoɔ werɛ afiri me,
nna a wɔntumi nkan.
33 Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfoɔ!
Mmaa a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan.
34 Mo aduradeɛ mu, nnipa hunu
ahiafoɔ a wɔdi bem mogya,
nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mo dan mu.
Yeinom nyinaa akyi
35 woka sɛ, ‘Medi bem;
ne bo mfuu me.’
Nanso mɛbu wo atɛn
ɛfiri sɛ wo ka sɛ, ‘Menyɛɛ bɔne biara.’
36 Adɛn enti na wokyinkyini se,
sesa wʼakwan?
Misraim bɛdi wo hwammɔ
sɛdeɛ Asiria yɛeɛ no.
37 Afei wobɛfiri saa beaeɛ hɔ
a wo nsa gu wo tiri so.
Ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no;
wɔremmoa wo.