3
“Sɛ ɔbarima gyaa ne yere
na ɔbaa no kɔware ɔbarima foforɔ a,
ɛsɛ sɛ ɔbarima no sane kɔ ɔbaa no nkyɛn anaa?
Ɛremma asase no ho ngu fi koraa anaa?
Nanso, wo ne adɔfoɔ bebree abɔ adwaman,
na seesei deɛ wobɛsane aba me nkyɛn anaa?”
Awurade na ɔseɛ.
“Ma wʼani so hwɛ nkokoɔ no so.
Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo monnaa da anaa?
Wotenaa kwankyɛn twɛnee adɔfoɔ,
wotenaa sɛ mmoahwɛfoɔ a wɔdi atutena wɔ anweatam so.
Woagu asase no ho fi
wode wʼadwamammɔ ne wʼamumuyɛ na ayɛ.
Enti wɔatwe obosuo asan,
na osutɔberɛ nsuo antɔ.
Nanso wʼanim ayɛ sɛ odwamanfoɔ a ɔmfɛre hwee;
wʼani nwu hwee.
Nanso, woka kyerɛ me sɛ:
‘Mʼagya, mʼadamfo firi me mmabunuberɛ mu,
wobo bɛfu biribiara anaa?
Wʼabofuhyeɛ no bɛkɔ so daa anaa?’
Sei na wokasa,
nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛdeɛ wotumi.”
Israel A Ɔnni Nokorɛ
Ɔhene Yosia adedie berɛ so no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Woahunu deɛ Israel a ɔnni nokorɛ no ayɛ? Wakɔ nkokoɔ nyinaa so ne dua adendan nyinaa ase akɔsɛe awadeɛ wɔ hɔ. Mesusuu sɛ, anka wayɛ yeinom nyinaa akyi no, ɔbɛsane aba me nkyɛn, nanso wamma, na ne nuabaa Yuda a ɔno nso nka nokorɛ no hunuiɛ. Memaa Israel a ɔnni nokorɛ no awaregyaeɛ nwoma na mepamoo no ɛsiane nʼawaresɛe abrabɔ. Nanso mehunuu sɛ ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansuro; ɔno nso kɔbɔɔ awaresɛeɛ bra. Esiane sɛ Israel adwamammɔ anyɛ no asɛm hia enti, ɔde efi kaa asase no na ɔne aboɔ ne nnua bɔɔ adwaman. 10 Yeinom nyinaa akyi no, ne nuabaa Yuda a ɔnni nokorɛ no ansane nʼakyi nokorɛm amma me nkyɛn. Ɔde nʼanim na ɛkyerɛeɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
11  Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Israel a ɔnni nokorɛ no tene sene Yuda nkontompo ni. 12 Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn:
“ ‘Sane wʼakyi, Israel a ɔnni nokorɛ,’ Sei na Awurade seɛ,
‘Meremmuna nkyerɛ wo bio,
ɛfiri sɛ meyɛ mmɔborɔhunufoɔ,’ sei na Awurade seɛ,
‘Me bo renfu afebɔɔ.
13 Gye wo afɔdie to mu,
woayɛ dɔm atia Awurade, wo Onyankopɔn,
woakyekyɛ wʼadɔeɛ mu ama ananafoɔ anyame
wɔ dua biara a adendan ase,
na woanyɛ ɔsetie amma me,’ ”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
14 “Monsane mo akyi, mo akyirisanfoɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “ɛfiri sɛ meyɛ mo kunu. Mɛyi wo; ɔbaako bɛfiri kuro mu na mmienu afiri abusuakuo mu, na mede mo aba Sion. 15 Afei mɛma mo nnwanhwɛfoɔ a wɔda mʼakoma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne nteaseɛ bɛkyerɛ mo ɛkwan. 16 Saa nna no mu, sɛ mo dɔɔso bebree wɔ asase no so a,” Awurade na ɔseɛ, “nnipa renka bio sɛ, ‘Awurade yɛn ani agyina apam adaka no.’ Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenka saa bio; na wɔrenyɛ apam adaka foforɔ nso. 17 Saa ɛberɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahennwa, na amanaman nyinaa bɛhyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn akoma bɔne a ɛma wɔn yɛ asoɔden no akyi bio. 18 Saa nna no mu, Yudafie bɛka Israel efie ho, na wɔabɔ mu afiri atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom sɛ agyapadeɛ no so.
19 “Mʼankasa mekaa sɛ,
‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma
na mama mo asase a ɛyɛ,
agyapadeɛ a ɛdi mu ma ɔman biara.’
Mesusuiɛ sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’
na monnane mo ho mfiri mʼakyi.
20 Nanso, sɛdeɛ ɔbaa a ɔnni ne kunu nokorɛ no,
saa ara na moanni me nokorɛ, Ao Israel efie,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
 
21 Wɔte esu bi wɔ nkokoɔ no so,
ɛyɛ Israelfoɔ agyaadwotwa ne nkotosrɛ,
ɛfiri sɛ wɔakyeakyea wɔn akwan
na wɔn werɛ afiri Awurade, wɔn Onyankopɔn.
 
22 “Monsane mmra, ɔyera mma;
mɛsa mo akyirisane yadeɛ no.”
 
“Aane, yɛbɛba wo nkyɛn,
ɛfiri sɛ wo ne Awurade, yɛn Onyankopɔn.
23 Nokorɛm, ahoni hooyɛ wɔ nkokoɔ
ne mmepɔ so no yɛ nnaadaa;
nokorɛm, Awurade yɛn Onyankopɔn mu
na Israel nkwagyeɛ wɔ.
24 Ɛfiri yɛn mmɔfraase, anyame huhuo adi
yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba,
wɔn nnwankuo ne anantwie,
wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa.
25 Momma yɛmfa yɛn aniwuo nneda fam
na yɛn ahohora nkata yɛn so.
Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Onyankopɔn,
yɛn ne yɛn agyanom;
ɛfiri yɛn mmɔfraase bɛsi ɛnnɛ
yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade, yɛn Onyankopɔn.”