22
Atemmuo A Ɛtia Ahemfo Amumuyɛfoɔ
Yei ne deɛ Awurade seɛ, “Siane kɔ Yudahene ahemfie na kɔpae mu ka saa asɛm yi: ‘Tie Awurade asɛm, Ao, Yudahene, wo a wote Dawid ahennwa so, wo, wʼadwumayɛfoɔ ne wo nkurɔfoɔ a wɔfa apono yi mu. Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monyɛ deɛ ɛtene na ɛda ɛkwan mu. Monnye deɛ wɔabɔ no korɔno mfiri ne hyɛsofoɔ nsam. Monnyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na monnhwie mogya a ɛdi bem ngu wɔ ha. Sɛ moyɛ ahwɛyie na modi saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ ne wɔn nkurɔfoɔ bɛfa saa ahemfie apono yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so. Enti sɛ moanni saa nhyehyɛeɛ yi so a, Awurade na ɔseɛ, Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfie yi bɛdane fituo.’ ”
Deɛ Awurade ka fa Yudahene ahemfie ho nie:
“Ɛwom sɛ medɔ wo te sɛ Gilead
na wote sɛ Lebanon mmepɔ atifi,
nanso, mɛyɛ wo sɛ anweatam,
sɛ nkuro a obiara nte mu.
Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo,
obiara ne nʼakodeɛ,
wɔbɛtwitwa mo ntweneduro mpunan fɛfɛ no mu
na wɔato agu ogya no mu.
“Nnipa a wɔfifiri aman bebree so bɛtwam wɔ kuropɔn yi so, na wɔbɛbisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛseɛ yi sei?’ Na mmuaeɛ no bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade, wɔn Onyankopɔn apam no akɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.’ ”
10 Monnsu ɔhene a wafiri mu, na monni ne ho awerɛhoɔ;
mmom, monsu denden mma deɛ ɔkɔ nnommumfa mu,
ɛfiri sɛ ɔrensane nʼakyi
na ɔrenhunu asase a wɔwoo no wɔ so no bio.
11 Na yei ne deɛ Awurade ka faa Yosia babarima Salum a ɔdii nʼagya adeɛ sɛ Yudahene na wafiri ha no ho: “Ɔrensane mma bio. 12 Ɔbɛwu wɔ baabi a wɔafa no nnommum akɔ hɔ; na ɔrenhunu saa asase yi bio.”
13 “Nnome nka deɛ ɔmfa ɛkwan tenenee so nsi nʼahemfie,
na ɔde nsisie si nʼabansoro.
Nnome nka deɛ ɔma ne ɔmanfoɔ yɛ adwuma kwa,
na ɔntua wɔn apaadie so ka.
14 Ɔka sɛ, ‘Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me ho
deɛ ɛwɔ abansoro adan a emu soso.’
Enti ɔyɛ mpomma akɛseɛ wɔ mu;
ɔde ntweneduro dura mu
na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.
 
15 “Wowɔ ntweneduro bebree a
na ɛma woyɛ ɔhene anaa?
Na wʼagya nni aduane ne nsã anaa?
Ɔyɛɛ deɛ ɛfa ne ɛkwan mu na ɛtene,
enti ɛsii no yie.
16 Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa wɔn,
enti biribiara yɛɛ yie maa no.
Na ɛnyɛ yei na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?”
Awurade na ɔseɛ.
17 “Mo ani ne mo akoma
wɔ mfasoɔ bɔne nko ara so,
sɛ mohwie mogya a ɛdi bem guo
na moyɛ nhyɛsoɔ ne nsisie nso.”
18 Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho:
“Wɔrensu no sɛ:
‘Aa, me nuabarima! Aa me nuabaa!’
Wɔrensu no sɛ:
‘Aa, me wura! Aa nʼahoɔfɛ!’
19 Wɔbɛsie no sɛ afunumu.
Wɔbɛtwe nʼase na wɔato no atwene
Yerusalem apono akyi.”
 
20 “Monkɔ Lebanon nkɔ su,
momma wɔnte mo nne wɔ Basan;
monsu mfiri Abarim,
ɛfiri sɛ wɔadwerɛ mo mpamfoɔ nyinaa.
21 Mebɔɔ wo kɔkɔ, ɛberɛ a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo,
nanso wokaa sɛ, ‘Merentie!’
Yei ne ɛkwan a wonam so firi wo mmerante berɛ mu;
woanyɛ ɔsetie amma me.
22 Mframa bɛbɔ wo nnwanhwɛfoɔ nyinaa akɔ,
na wʼampamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu.
Afei wʼani bɛwu na wʼanim agu ase
ɛsiane wʼamumuyɛ nyinaa enti.
23 Mo a mote Lebanon,
na modeda ntweneduro adan mu,
ɛrenkyɛre koraa, sɛ ɔyea ba mo so a, mobɛsi apene
te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.
24 “Nokorɛm, sɛ mete ase yi,” Awurade na ɔseɛ, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo. 25 Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wosuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafoɔ. 26 Mɛpam wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔgu ɔman foforɔ so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, ɛhɔ na mo baanu bɛwuwu. 27 Morensane mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsane aba so no bio.”
28 Adɛn enti na saa ɔbarima Yehoiakin te sɛ ayowaa a abɔ,
adeɛ a obiara mpɛ anaa?
Adɛn enti na wɔbɛpam ɔne ne mma,
akɔgu asase a wɔnnim soɔ so?
29 Ao, asase, asase, asase!
Tie Awurade asɛm!
30 Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Montwerɛ ɔbarima yi ho asɛm nto hɔ te sɛ obi a ɔnni ba,
ɔbarima a ɔrennya nkɔsoɔ ne nkwa nna nyinaa
na nʼasefoɔ mu biara renya nkɔsoɔ,
na wɔn mu biara rentena Dawid ahennwa so
na wɔrenni Yuda so ɔhene bio.”