23
Tenenee Dubaa No
“Nnome nka nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe na wɔhwete me nnwankuo no” Awurade na ɔseɛ. Ɛno enti yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me nkurɔfoɔ so nie: “Esiane sɛ, moabɔ me nnwankuo ahweteɛ, na moapam wɔn na moanhwɛ wɔn so yie no enti, mede asotwe bɛbrɛ mo wɔ mo bɔne a moayɛ no nti,” deɛ Awurade seɛ nie. “Me ara ankasa mɛboaboa me nnwan nkaeɛ no afifiri aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛ. Na mɛyi nnwanhwɛfoɔ a wɔbɛhwɛ wɔn so, na wɔrensuro na wɔremmɔ hu bio na wɔn mu baako mpo renyera.” Awurade na ɔseɛ.
“Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ,
“Mɛma tenenee dubaa bi so ama Dawid,
ɔhene bi a ɔbɛdi adeɛ nyansa mu
na wayɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɛyɛ wɔ asase yi so.
Ne mmerɛ so, wɔbɛgye Yuda nkwa
na Israel bɛtena ase wɔ asomdwoeɛ mu.
Yei ne edin a wɔde bɛfrɛ no:
Awurade Yɛn Tenenee.
Na afei nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a nnipa renka bio sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israelfoɔ firii Misraim,’ na mmom, wɔbɛka sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade te ase yi, deɛ ɔyii Israel asefoɔ firii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpamoo wɔn kɔɔ hɔ no so.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.”
Atorɔ Adiyifoɔ
Ɛfa adiyifoɔ no ho no:
Mʼakoma abubu wɔ me mu;
me nnompe nyinaa woso.
Mete sɛ ɔsabofoɔ,
mete sɛ obi a nsã aboro noɔ,
ɛsiane Awurade
ne ne nsɛm kronkron no enti.
10 Awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma;
nnome no enti asase no awo wesee
adidibea a ɛwɔ anweatam no so ahye.
Adiyifoɔ no nam ɛkwan bɔne so
de wɔn tumi yɛ deɛ ɛntene.
 
11 “Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Onyankopɔn;
mʼasɔredan mu mpo mehunu wɔn amumuyɛsɛm,”
Awurade na ɔseɛ.
12 “Ɛno enti, wɔn ɛkwan so bɛyɛ torotorotoro;
wɔbɛpam wɔn akɔ esum mu
na ɛhɔ na wɔbɛhwehwe ase.
Mede amanehunu bɛba wɔn so
wɔ afe a wɔbɛtwe wɔn aso mu no,”
Awurade na ɔseɛ.
 
13 “Samaria adiyifoɔ mu no
mehunuu saa atantanneɛ yi:
Wɔde Baal hyɛɛ nkɔm
nam so maa me nkurɔfoɔ Israelfoɔ fom ɛkwan.
14 Na Yerusalem adiyifoɔ mu no
mahunu adeɛ a ɛyɛ hu:
Wɔsɛe awadeɛ na wɔdi atorɔ.
Wɔhyɛ wɔn a wɔyɛ bɔne no mpamuden,
enti obiara nntwe ne ho mfiri nʼamumuyɛsɛm ho.
Wɔn nyinaa te sɛ Sodom ma me;
na Yerusalemfoɔ te sɛ Gomora.”
15 Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ fa adiyifoɔ no ho:
“Mema wɔadi aduane a ɛyɛ nwono
na wɔanom nsuo a awuduro wɔ mu,
ɛfiri sɛ Yerusalem adiyifoɔ enti,
abɔnefosɛm ahyɛ asase yi so ma.”
16 Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:
“Monntie nkɔm a adiyifoɔ no hyɛ kyerɛ mo;
wɔma mo nya anidasoɔ a ɛnni nnyinasoɔ.
Wɔbɔ wɔn tirim ka anisoadehunu,
a ɛmfiri Awurade anom.
17 Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wɔbu me animtia sɛ,
Awurade se: Mobɛnya asomdwoeɛ.’
Na wɔn a wɔdi wɔn akomadenyɛ akyi no nyinaa,
wɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Ɔhaw biara remma mo so.’
18 Na wɔn mu hwan na waka Awurade agyinatufoɔ ho
sɛ ɔbɛhwɛ anaa ɔbɛtie nʼasɛm?
Hwan na wayɛ aso ate nʼasɛm?
19 Hwɛ, Awurade ahum
bɛtu abufuhyeɛ mu,
ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔ
amumuyɛfoɔ mpampam.
20  Awurade abufuo rennwo
kɔsi sɛ ɔbɛwie
nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa.
Nna a ɛreba no mu no
mobɛte aseɛ yie.
21 Mansoma saa adiyifoɔ yi,
nanso wɔde wɔn asɛm akyinkyini;
manto wɔn nkra biara,
nanso wɔahyɛ nkɔm.
22 Sɛ wɔkaa mʼagyinatufoɔ ho a,
anka wɔbɛpae mu aka mʼasɛm akyerɛ me nkurɔfoɔ
na ama wɔatwe wɔn ho afiri wɔn akwammɔne
ne wɔn nneyɛɛ bɔne ho.
 
23 “Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,”
Awurade na ɔseɛ,
“na mennyɛ Onyankopɔn a mewɔ akyirikyiri nso?
24 Obi bɛtumi de ne ho asie baabi a
merentumi nhunu no anaa?”
Awurade na ɔseɛ.
“Menyɛɛ ɔsoro ne asase so ma anaa?”
Awurade na ɔseɛ.
25 “Mate deɛ adiyifoɔ a wɔde medin hyɛ nkɔmtorɔ no keka. Wɔkeka sɛ, ‘Mesoo daeɛ! Mesoo daeɛ!’ 26 Yei bɛkɔ so akɔsi da bɛn wɔ atorɔ adiyifoɔ yi akoma mu? Wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nnaadaa nkɔm? 27 Wɔdwene sɛ daeɛ a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me nkurɔfoɔ werɛ afiri me din, sɛdeɛ Baalsom enti wɔn agyanom werɛ firii me din no. 28 Ma odiyifoɔ a waso daeɛ no nka nʼadaeso, na ma deɛ ɔwɔ mʼasɛm no nka no nokorɛm. Na ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ?” Awurade na ɔseɛ. 29 “Na mʼasɛm nte sɛ ogya?” Awurade na ɔseɛ, “Ɛnte sɛ asaeɛ a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete anaa?
30 “Ɛno nti,” Awurade na ɔseɛ, “mekyi adiyifoɔ a wɔfa nsɛm a ɛfiri wɔn yɔnkonom nkyɛn, na wɔpae mu ka no sɛdeɛ ɛfiri me nkyɛn no. 31 Aane,” Awurade asɛm nie, “mekyi saa adiyifoɔ a wɔde wɔn ankasa tɛkrɛmawoɔ ka sɛ, ‘Awurade na ɔseɛ.’ 32 Nokorɛm, mekyi wɔn a wɔhyɛ adaeɛso ho nkɔmtorɔ,” Awurade na ɔseɛ. “Wɔka kyerɛ wɔn na wɔde atorɔ nsɛm daadaa me nkurɔfoɔ ma wɔfom ɛkwan, nso mensomaa wɔn na mennyii wɔn. Wɔn ho nni mfasoɔ mma saa nnipa yi koraa,” Awurade na ɔseɛ.
Atorɔ Adiyisɛm Ne Atorɔ Adiyifoɔ
33 “Sɛ saa nnipa yi, anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bisa mo sɛ, ‘Ɛdeɛn ne Awurade adiyisɛm no a?’ Monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Adiyisɛm bɛn? Mɛpo mo, Awurade na ɔseɛ.’ 34 Sɛ odiyifoɔ bi, ɔsɔfoɔ bi anaa obi foforɔ si so dua sɛ, ‘Awurade adiyisɛm ni’ a, mɛtwe saa ɔbarima no ne ne fiefoɔ aso. 35 Yei ne deɛ mo mu biara kɔ so ka kyerɛ ne yɔnko anaa ne busuani: ‘Awurade mmuaeɛ ne sɛn?’ Anaa ‘Ɛdeɛn na Awurade aka?’ 36 Nanso ɛnsɛ sɛ mobɔ ‘Awurade adiyisɛm’ so bio; ɛfiri sɛ, obiara asɛm bɛyɛ nʼadiyisɛm, ne saa enti modanedane nsɛm a ɛfiri Onyankopɔn, Teasefoɔ, Asafo Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn mu. 37 Yei ne deɛ mokɔ so ka kyerɛ odiyifoɔ: ‘Mmuaeɛ bɛn na Awurade de ama mo?’ Anaa ‘Ɛdeɛn na Awurade aka?’ 38 Ɛwom, mosi so dua sɛ, ‘Yei ne Awurade adiyisɛm’ nanso sei na Awurade ka: Mokaa sɛ, ‘Yei yɛ Awurade adiyisɛm,’ wɔ ɛberɛ a maka akyerɛ mo sɛ monnka saa nsɛm yi bio. 39 Afei, nokorɛm, me werɛ bɛfiri mo, na mapam mo ne kuropɔn a mede maa mo ne mo agyanom afiri mʼani so. 40 Na mede daa animguaseɛ, ne daa ahohora a werɛ remfi da bɛba mo so.”