30
Wɔgye Israel Si Hɔ
Asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ nie: “Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: ‘Twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nwoma mu. Nna bi reba,’ sɛdeɛ Awurade seɛ, ‘a mede me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ne Yudafoɔ bɛfiri nnommum mu asane aba na mede wɔn aba asase a mede me maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so,’ Awurade na ɔseɛ.”
Yei ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho: “Deɛ Awurade seɛ nie:
“ ‘Akomatuo nteateam na mete,
mete ehu, na ɛnyɛ asomdwoeɛ.
Mommisa na monhunu:
Ɔbarima bɛtumi awo mma anaa?
Afei, adɛn enti na mehunu ɔbarima ɔhoɔdenfoɔ biara
sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbaa a ɔwɔ awokoɔ mu,
na anim biara ayɛ bosaa saa?
Sɛdeɛ da no bɛyɛ hu afa!
Ɛda biara renyɛ sɛ ɛno.
Ɛbɛyɛ amanehunu berɛ ama Yakob,
nanso, wɔbɛyi no afiri mu.
 
“ ‘Saa ɛda no,’ Asafo Awurade na ɔseɛ,
‘Mɛbubu kɔnnua no afiri wɔn kɔn mu,
na matete wɔn nkyehoma no mu;
ananafoɔ remfa wɔn nyɛ nkoa bio.
Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Onyankopɔn
ne Dawid wɔn ɔhene,
a mɛpagya no ama wɔn.
 
10 “ ‘Enti nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ;
mma wʼaba mu mmu, Ao Israel,’
deɛ Awurade seɛ nie.
‘Nokorɛm mɛgye wo afiri akyirikyiri,
ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so.
Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ
na obiara renhunahuna no bio.
11 Me ne wo wɔ hɔ na mɛgye wo nkwa,’
Awurade na ɔseɛ.
‘Ɛwom sɛ mesɛe amanaman no nyinaa pasaa,
wɔn a mebɔ mo hwete wɔ wɔn mu no,
nanso merensɛe mo korakora.
Mɛtenetene mo nanso mɛyɛ no tenenee ɛkwan so;
meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’
12 “Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“ ‘Wo apirakuro ayɛ koankorɔ,
na ɛnni asaeɛ.
13 Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo,
wo kuro no rennya aduro,
na worennya ayaresa.
14 Wʼapamfoɔ nyinaa werɛ afiri wo;
wo ho biribiara mfa wɔn ho.
Mabɔ wo sɛdeɛ wo ɔtamfoɔ bɛyɛ
na matwe wʼaso sɛdeɛ otirimuɔdenfoɔ bɛtwe,
ɛfiri sɛ wʼafɔdie so dodo
na wʼamumuyɛ nso dɔɔso.
15 Adɛn enti na wosu denden wɔ wʼapirakuro ho,
wo yeadie a ano nni aduro ho?
Wʼafɔdie kɛseɛ ne wʼamumuyɛ bebrebe enti
na mede saa nneɛma yi ayɛ woɔ.
 
16 “ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo;
mo atamfoɔ nyinaa bɛkɔ nnommumfa mu.
Wɔn a wɔfom mo no, wɔbɛfom wɔn.
Wɔn a wɔto hyɛɛ mo so no, mɛto ahyɛ wɔn so.
17 Nanso mɛma wo ahoɔden bio
na masa wo apirakuro,’
Awurade na ɔseɛ,
‘ɛfiri sɛ wɔfrɛ wo deɛ wɔapam noɔ,
Sion a wo ho nhia obiara.’
18 “Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“ ‘Mɛsane de Yakob ntomadan mu ahonyadeɛ aba
na manya ayamhyehyeɛ ama nʼatenaeɛ ahodoɔ no;
wɔbɛkyekyere kuropɔn no bio wɔ ne mmubuiɛ so,
na ahemfie no bɛsi deɛ ɛsɛ sɛ ɛsie.
19 Wɔn mu na aseda nnwom bɛfiri aba
ne ahosɛpɛ nnyegyeɛ.
Mɛma wɔadɔɔso,
na wɔn dodoɔ no so rente;
mɛhyɛ wɔn animuonyam,
na wɔremmu wɔn abomfiaa.
20 Wɔn mma bɛdi yie sɛ kane no,
mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim;
wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.
21 Wɔn adikanfoɔ bɛyɛ wɔn mu baako;
na wɔn sodifoɔ bɛfiri wɔn mu.
Mɛka no abata me ho na wabɛn me,
na hwan na ɔno ankasa bɛtumi de ne ho ama
sɛ ɔbɛbɛn me?’
Awurade na ɔseɛ.
22 ‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfoɔ,
na mayɛ mo Onyankopɔn.’ ”
 
23 Hwɛ, Awurade ahum
bɛtu abufuhyeɛ mu,
ntwahoframa bɛdi kyinhyia wɔ
amumuyɛfoɔ mpampam.
24  Awurade abufuo rennwo
kɔsi sɛ ɔbɛwie
nʼakoma mu nhyehyɛeɛ nyinaa.
Nna a ɛreba no mu no
mobɛte yei ase.