31
“Saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “Mɛyɛ Israel mmusuakuo no nyinaa Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.”
Deɛ Awurade seɛ nie:
“Nnipa a wɔntotɔ wɔ akofena ano no
bɛnya adom wɔ anweatam so;
mede ahomegyeɛ bɛbrɛ Israel.”
Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kane no na ɔkaa sɛ,
“Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo
mede adɔeɛ atwe mo.
Mede wo bɛsi hɔ bio
na wɔbɛsane de wo asi hɔ, Ao Israel babunu.
Wobɛfa wʼakasaeɛ bio
na wafiri adi ne anigyefoɔ akɔsa.
Bio, mobɛyɛ bobe nturo
wɔ Samaria nkokoɔ so;
akuafoɔ no bɛdua
na wɔadi so aba.
Ɛda bi bɛba a, awɛmfoɔ bɛteam
wɔ Efraim nkokoɔ so sɛ,
‘Mommra momma yɛnforo nkɔ Sion
nkɔ Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn.’ ”
Deɛ Awurade seɛ nie:
“Momfa ahosɛpɛ nto nnwom mma Yakob;
Monteam mma amanaman mu dikanfoɔ.
Momma wɔnte mo ayɛyie na monka sɛ,
‘Ao Awurade gye wo nkurɔfoɔ,
Israel nkaeɛfoɔ no.’
Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam asase so aba
na maboa wɔn ano afiri nsase ano.
Wɔn mu bi bɛyɛ anifirafoɔ, mpakye,
apemfoɔ ne mmaa a wɔwɔ awokoɔ mu.
Ɛdɔm kɛseɛ bɛsane aba.
Wɔde esu na ɛbɛba;
wɔbɛbɔ mpaeɛ ɛberɛ a mede wɔn resane aba.
Mede wɔn bɛfa nsuwa ho,
ɛkwan tamaa a wɔrensunti wɔ so,
ɛfiri sɛ mɛyɛ Israel agya,
na Efraim yɛ me babarima piesie.
 
10 “Montie Awurade asɛm, Ao amanaman;
mommɔ no dawuro wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so sɛ,
‘Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no bɛboaboa wɔn ano
na wahwɛ ne nnwankuo so sɛ odwanhwɛfoɔ.’
11 Na Awurade bɛgyina mu ama Yakob
na wagye wɔn afiri wɔn a
wɔwɔ ahoɔden sene wɔn no nsam.
12 Wɔbɛba na wɔde ahurisie ateam wɔ Sion sorɔnsorɔmmea;
wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ akyɛdeɛ bebrebe a
ɛfiri Awurade hɔ mu,
atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo,
nnwammaa ne anantwie.
Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsuo yie,
na wɔrenni awerɛhoɔ bio.
13 Afei, mmabaawa bɛsa na wɔn ani agye,
mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso.
Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ;
mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛ asi awerɛhoɔ anan mu.
14 Mɛma asɔfoɔ no deɛ ɛhia wɔn ama abu so,
na mama mʼakyɛdeɛ bebrebe amee me nkurɔfoɔ,”
Awurade, na ɔseɛ.
15 Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Wɔte nne bi wɔ Rama,
awerɛhoɔ ne agyaadwotwa bebree,
Rahel resu ne mma
na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ,
ɛfiri sɛ, ne mma nni hɔ bio.”
16 Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Hyɛ wo ho so na woansu
mia wʼani na woante nisuo,
ɛfiri sɛ wɔbɛtua wʼadwumayɛ so ka,”
Awurade na ɔseɛ.
“Wɔbɛsane afiri atamfoɔ no asase so aba.
17 Enti anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye.”
Awurade na ɔseɛ.
Wo mma bɛsane aba wɔn ankasa asase so.
 
18 “Ampa ara mate sɛ Efraim resu sɛ,
‘Wotenetenee me so sɛ nantwie ba a nʼani yɛ den,
na woatwe me mʼaso.
Gye me bio, na mɛsane aba,
ɛfiri sɛ wo ne Awurade, me Onyankopɔn.
19 Memaneeɛ akyi no,
menyaa adwensakyera;
na akyire a menyaa nteaseɛ no,
mede awerɛhoɔ boroo me koko so.
Mʼanim guu ase na mefɛreeɛ
ɛfiri sɛ me mmabunu mu animguaseɛ da so so me.’
20 Efraim nyɛ me babarima dɔfoɔ anaa?
Efraim nyɛ ɔba a ɔsɔ mʼani anaa?
Ɛwom sɛ metaa kasa tia no deɛ,
nanso meda so kae no.
Enti mʼakoma pere hwehwɛ no;
mewɔ ayamhyehyeɛ ma no,”
sei na Awurade seɛ.
 
21 “Momfa ahyɛnsodeɛ nsisi ɛkwan ho;
monsisi akwankyerɛ afadum.
Monhyɛ ɛkwantempɔn no nso
ɛkwan a monam so ba.
Sane wakyi, Ao ɔbabunu Israel,
sane bra wo nkuro so.
22 Wobɛkyinkyini akɔsi da bɛn,
Ao, ɔbabaa ɔsesafoɔ?
Awurade bɛyɛ ade foforɔ wɔ asase so,
ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban.”
23 Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: “Sɛ mesane de wɔn firi nnommumfa mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkuro so bɛsane aka saa nsɛm yi bio sɛ, ‘Awurade nhyira wo, Ao, tenenee atenaeɛ, Ao, bepɔ kronkron.’ 24 Nnipa bɛbom atena ase wɔ Yuda ne ne nkuro nyinaa so, akuafoɔ ne wɔn a wɔde wɔn nnwankuo nenam. 25 Mɛma deɛ wabrɛ no anya ahoɔden foforɔ, na deɛ watɔ baha no nso mɛma no amee.”
26 Ɛha na menyaneeɛ, na mehwɛɛ me ho hyiaeɛ. Me nna no kɔɔ me yie.
27 “Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “a mede nnipa mma ne mmoa mma bɛdua Israel ne Yuda efie. 28 Sɛdeɛ mehwɛ ma wɔtutuiɛ, wɔdwiriiɛ, wɔbubuiɛ, wɔsɛeɛ na wɔde amanehunu baeɛ no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 29 Saa nna no mu, nnipa renka bio sɛ,
“ ‘Agyanom adi bobe a ɛkeka,
na mma se afem.’
30 Ɛno enti, obiara bɛwu wɔ ɔno ara bɔne ho; deɛ ɔbɛdi bobe a ɛkeka no, ɔno na ne se bɛfem.
31 “Ɛberɛ no reba,” Awurade na ɔseɛ,
“a me ne Israel efie
ne Yuda efie bɛyɛ apam foforɔ.
32 Ɛrenyɛ sɛ apam a
me ne wɔn agyanom yɛeɛ no
ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa,
dii wɔn anim firii Misraim no.
Saa ɛberɛ no deɛ, wɔbuu mʼapam so,
wɔ ɛberɛ a na meyɛ okunu ma wɔn,”
Awurade na ɔseɛ.
33 “Nanso yei ne apam a me ne Israel efie bɛyɛ saa ɛberɛ no akyi,”
Awurade na ɔseɛ.
“Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu,
na matwerɛ wɔ wɔn akoma so.
Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn,
na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.
34 Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio,
anaa ne nua sɛ, ‘Hunu Awurade,’
Ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa bɛhunu me,
ɛfiri wɔn mu akumaa so, kɔsi ɔkɛseɛ so,”
Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Na mede wɔn amumuyɛ bɛkyɛ wɔn,
na merenkae wɔn bɔne bio.”
35 Yei ne deɛ Awurade seɛ,
deɛ ɔma owia hyerɛn adekyeeɛ,
na ɔhyɛ ɔsrane ne nsoromma
sɛ wɔnhyerɛn anadwo;
deɛ ɔkanyane ɛpo
ma ɛbɔ asorɔkye,
Asafo Awurade ne ne din.
36 “Saa ahyɛdeɛ yi twam mpo a,”
Awurade na ɔseɛ,
“merennyaa Israel da.”
37 Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Sɛ wɔbɛtumi asusu ewiem ntrɛmu
na wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mpo a,
ɛwom sɛ Israel ayɛ bɔne deɛ,
nanso merempa Israel asefoɔ nyinaa da,”
Awurade na ɔseɛ.
38 “Nna no reba,” Awurade na ɔseɛ, “a wɔbɛkyekyere kuropɔn yi bio ama me, firi Hananel abantenten kɔsi Twɛtwɛwaso Ɛpono. 39 Wɔbɛtwe susuhoma no mu, afiri hɔ de akɔsi Gareb kokoɔ so, na akontono akɔ Goa. 40 Bɔnhwa a wɔto afunu ne nsõ gu mu no nyinaa ne asase a ɛkɔ Kidron bɔnhwa wɔ apueeɛ fam, kɔsi apɔnkɔ ɛpono no twɛtwɛwaso bɛyɛ kronkron ama Awurade. Wɔrentutu na wɔrensɛe kuropɔn no da.”