35
Rekabfoɔ
Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ ɛberɛ a na Yudahene Yosia babarima Yehoiakim di adeɛ no: “Kɔ Rekabfoɔ abusua no nkyɛn, na to nsa frɛ wɔn na wɔmmra Awurade efie no mpia baako mu, na ma wɔn nsã nnom.”
Enti, mekɔpɛɛ Habasinia babarima Yeremia babarima Yaasania ne ne nuammarima ne ne mmammarima nyinaa, Rekabfoɔ abusuadɔm no. Mede wɔn baa Awurade efie, na mede wɔn kɔɔ Onyame onipa Yigdalia babarima Hanan mmammarima dan mu. Ɛno na ɛdi adwumayɛfoɔ dan a ɛsi ɔpono ano hwɛfoɔ Salum babarima Maaseia dan atifi no so. Afei mede nkuruwa ne nkora a nsã wɔ mu bɛsisii Rekabfoɔ abusua mma no anim na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnom nsã kakra.”
Nanso wɔbuaa sɛ, “Yɛnnom nsã,* ɛfiri sɛ yɛn nana Rekab babarima Yehonadab maa yɛn ɔhyɛ nsɛm yi sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ mo anaa mo asefoɔ nom nsã. Na afei ɛnsɛ sɛ mosisi afie, modua anaa moyɛ bobe nturo, ɛnsɛ sɛ moyɛ yeinom mu biara, na mmom montena ntomadan mu ɛberɛ biara. Ɛno na mo nkwa nna bɛware, wɔ asase a moyɛ atutenafoɔ wɔ so no so.’ Yɛatie biribiara a yɛn nana Rekab babarima Yonadab hyɛɛ yɛn no. Na yɛn, yɛn yerenom, mmammarima ne mmammaa nnom nsã da na yɛnsisii afie ntenaa mu anaa yɛnnyaa bobe nturo anaa mfuo anaa nnɔbaeɛ. 10 Yɛatenatena ntomadan mu, na yɛadi biribiara a yɛn nana Yehonadab hyɛɛ yɛn no so pɛpɛɛpɛ. 11 Nanso, ɛberɛ a Babiloniahene Nebukadnessar tuu asase yi so sa no, yɛkaa sɛ, ‘Mommra, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yerusalem na yɛdwane firi Babiloniafoɔ ne Aramfoɔ akodɔm anim.’ Ɛno enti yɛaka Yerusalem.”
12 Afei, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 13 “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ mmarima a wɔwɔ Yuda ne Yerusalemfoɔ sɛ, ‘Morensua biribi na morentie mʼasɛm anaa?’ Awurade na ɔseɛ. 14 ‘Rekab ba Yehonadab hyɛɛ ne mmammarima sɛ wɔnnom nsã, na wɔadi saa ɔhyɛ yi so. Ɛbɛsi ɛnnɛ wɔnnom nsã, ɛfiri sɛ wɔdi wɔn agyanom ahyɛdeɛ so. Na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso montiee me. 15 Mesomaa mʼasomfoɔ adiyifoɔ nyinaa baa mo nkyɛn mpɛn bebree. Wɔkaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ mo mu biara sesa firi nʼamumuyɛ akwan ho, na moma mo akwan tene; monni anyame foforɔ akyi na monnsom wɔn. Ɛno na mobɛtena asase a mede ama mo ne mo agyanom yi so.” Nanso mommuaa me na monntiee me. 16 Rekab babarima Yehonadab asefoɔ adi ahyɛdeɛ a wɔn agyanom de maa wɔn no so, nanso saa nnipa yi ntie mʼasɛm.’
17 “Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn no seɛ: ‘Montie! Mede amanehunu biara a mahyɛ ama Yuda ne obiara a ɔte Yerusalem no bɛba wɔn so. Mekasa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantie, mefrɛɛ wɔn nanso wɔannye so.’ ”
18 Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Rekab abusua no sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: ‘Moayɛ ɔsetie ama mo nana Yehonadab ahyɛdeɛ no, na moadi ne nkyerɛkyerɛ so, na moayɛ biribiara a ɔhyɛɛ mo no.’ 19 Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: ‘Rekab babarima Yehonadab bɛnya ɔbarima a ɔbɛsom me ɛberɛ biara.’ ”
* 35:6 35.6 Yɛnnom nsã—Rekabfoɔ daa daa ntam a wɔaka. (4 Mose 6.2-3,20; Ate 13.4-7)