36
Yehoiakim Hye Yeremia Nwoma Mmobɔeɛ
Yudahene Yosia babarima Yehoiakim afe a ɛtɔ so ɛnan mu, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ, “Fa nwoma mmobɔeɛ, na twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo fa Israel, Yuda ne aman a aka no ho nyinaa, ɛfiri ɛberɛ a mefirii aseɛ kasa kyerɛɛ wo wɔ Yosia adedie berɛ so bɛsi ɛnnɛ gu so. Ebia, sɛ Yudafoɔ te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so a, wɔn mu biara bɛdane afiri nʼamumuyɛ ho na afei mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.”
Enti, Yeremia frɛɛ Neria babarima Baruk, na ɛberɛ a ɔreka nsɛm a Awurade aka akyerɛ no nyinaa no, Baruk twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no mu. Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Meda dua mu; merentumi nkɔ Awurade asɔredan mu. Enti, kɔ Awurade efie mmuadadie da bi na kenkan nsɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn a meka ma wotwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no so no kyerɛ nnipa no. Kenkan kyerɛ Yudafoɔ a wɔfiri wɔn nkuro so aba no. Ebia wɔde wɔn nkotosrɛ bɛba Awurade anim na wɔn mu biara adane afiri nʼamumuyɛ akwan ho, ɛfiri sɛ abufuo ne abufuhyeɛ nsɛm a Awurade aka atia saa nnipa yi so.” Neria babarima Baruk yɛɛ biribiara a odiyifoɔ Yeremia kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɔkenkanee Awurade nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu wɔ Awurade asɔredan no mu. Ɔbosome a ɛtɔ so nkron wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedie afe a ɛtɔ so enum so no, wɔpaee Awurade anim mmuadadie maa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne wɔn a wɔfiri Yuda nkuro so aba no. 10 Baruk kenkanee Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Awurade asɔredan no mu nyinaa; firii Safan babarima Gemaria a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ no pia a ɛwɔ asɔredan no atifi adihɔ na ɛbɛn Ɔpono Foforɔ no mu.
11 Ɛberɛ a Safan babarima Gemaria babarima Mikaia tee Awurade nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no, 12 ɔkɔɔ ɔtwerɛfoɔ no dan a ɛwɔ ahemfie hɔ no mu, baabi a na ɔtwerɛfoɔ Elisama, Semaia babarima Delaia, Akbor babarima Elnatan, Safan babarima Gemaria, Hanania babarima Sedekia ne adwumayɛfoɔ a wɔaka no nyinaa teteɛ. 13 Mikaia kaa nsɛm a Baruk kenkanee firii nwoma mmobɔeɛ no mu nyinaa kyerɛɛ wɔn no akyi, 14 adwumayɛfoɔ no nyinaa somaa Kusi babarima Selemia babarima Netania babarima Yehudi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Baruk sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ a wokenkane firii mu kyerɛɛ nnipa no bra, na bra.” Enti Neria babarima Baruk kɔɔ wɔn hɔ a nwoma mmobɔeɛ no kura no. 15 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo tena ase, na kenkan kyerɛ yɛn.”
Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn. 16 Wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no, wɔde ehu hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛka saa nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.” 17 Afei, wɔbisaa Baruk sɛ, “Ka kyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wotwerɛɛ yeinom nyinaa? Yeremia na ɔka ma wotwerɛeɛ anaa?”
18 Baruk buaa sɛ, “Aane, ɔno na ɔkaa saa nsɛm yi nyinaa ma mede adubiri twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no mu.”
19 Na adwumayɛfoɔ no ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Wo ne Yeremia, monkɔhinta. Monnkyerɛ obiara mo akyiri ɛkwan.”
20 Wɔde nwoma mmobɔeɛ no kɔsiee ɔtwerɛfoɔ Elisama dan mu akyi no, wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn wɔ nʼabannwa no mu kɔkaa biribiara kyerɛɛ no. 21 Ɔhene no somaa Yehudi sɛ, ɔnkɔfa nwoma mmobɔeɛ no mmra. Yehudi kɔfa firii ɔtwerɛfoɔ Elisama dan mu, bɛkenkan kyerɛɛ ɔhene ne adwumayɛfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no nyinaa. 22 Na ɛyɛ ɔbosome a ɛtɔ so nkron a na ɔhene no te awɔberɛ dan mu reto ogya a ɛsi nʼanim. 23 Ɛberɛ biara a Yehudi bɛkenkan nwoma mmobɔeɛ no afaafa bɛyɛ mmiɛnsa anaa ɛnan no, ɔhene no de ɔtwerɛfoɔ sekan, twitwa de gu ogya no mu, kɔsii sɛ nwoma mmobɔeɛ no nyinaa hyeeɛ. 24 Ɔhene no ne nʼasomfoɔ a wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no ammɔ hu, na wɔansunsuane wɔn ntadeɛ mu nso. 25 Ɛwom sɛ Elnatan, Delaia ne Gemaria srɛɛ ɔhene no sɛ ɔnnhye nwoma mmobɔeɛ no, nanso wantie wɔn. 26 Mmom ɔhene no hyɛɛ ne babarima Yerahmeel, Asriel babarima Seraia ne Abdeel babarima Selemia sɛ, wɔnkɔkye ɔtwerɛfoɔ Baruk ne odiyifoɔ Yeremia mmra. Nanso, na Awurade de wɔn asie.
27 Ɔhene no hyee nwoma mmobɔeɛ a na nsɛm a Baruk twerɛ firii Yeremia anom wɔ mu no akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 28 “Fa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na twerɛ nsɛm a ɛwɔ kane mmobɔeɛ a Yudahene Yehoiakim hyeeɛ no gu mu. 29 Afei, ka kyerɛ Yudahene Yehoiakim sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Wohyee nwoma mmobɔeɛ no kaa sɛ: “Adɛn enti na wotwerɛɛ wɔ mu sɛ ɛkwan biara so, Babiloniahene bɛba abɛsɛe asase yi na watɔre ɛso nnipa ne mmoa nyinaa ase?” 30 Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yehoiakim ho: Ɔrennya obi ntena Dawid ahennwa so. Wɔbɛto ne funu atwene a, wɔrensie no, na wada owia hyeɛ ne anadwo awɔ mu. 31 Mɛtwe ɔno ne ne mma ne nʼasomfoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ nti; mede amanehunu biara a mahyɛ atia wɔn bɛba wɔn ne wɔn a wɔte Yerusalem ne Yudafoɔ so, ɛfiri sɛ wɔnntieɛ.’ ”
32 Na Yeremia faa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na ɔka maa ne twerɛfoɔ Baruk twerɛeɛ. Ɔkaa biribiara a na ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no a Yudahene Yehoiakim hyee no no so. Na ɔde nsɛm pii kaa ho.