37
Yeremia Da Afiase
Babiloniahene Nebukadnessar de Yosia babarima Sedekia dii Yudahene; ɔsii Yehoiakim babarima Yehoiakin anan mu. Ɔno, nʼasomfoɔ ne nnipa a wɔwɔ asase no so antie Awurade asɛm a ɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no.
Ɔhene Sedekia somaa Selemia babarima Yehukal ne Maaseia babarima ɔsɔfoɔ Sefania sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yeremia sɛ, “Yɛsrɛ wo, bɔ Awurade yɛn Onyankopɔn mpaeɛ ma yɛn.”
Na Yeremia de ne ho, di nnipa no mu akɔneaba, ɛfiri sɛ na wɔmfaa no ntoo afiase. Na Farao akodɔm afiri Misraim reba, na Babiloniafoɔ a wɔatua Yerusalem no tee wɔn nka no, wɔfirii Yerusalem.
Ɛna Awurade asɛm baa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ, “Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Monka nkyerɛ Yudahene a, ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa me hɔ biribi no sɛ, ‘Farao akodɔm a wɔfirii adi sɛ wɔrebɛboa mo no bɛsane akɔ wɔn ankasa asase so, Misraim so. Na Babiloniafoɔ no bɛsane abɛto ahyɛ saa kuropɔn yi so; wɔbɛgye na wɔahye no dworobɛɛ.’
“Sɛ Awurade seɛ nie: Monnnaadaa mo ho nnwene sɛ, ‘Ampa ara Babiloniafoɔ no bɛfiri yɛn so akɔ.’ Wɔrenkɔ! 10 Sɛ modi Babiloniafoɔ akodɔm a wɔato ahyɛ mo so no so ma ɛka apirafoɔ wɔ wɔn ntomadan mu mpo a, wɔbɛfiri adi abɛhye kuropɔn yi dworobɛɛ.”
11 Babilonia akodɔm firii Yerusalem, ɛsiane Farao akodɔm no enti akyi no, 12 Yeremia yɛɛ ahoboa sɛ ɔrefiri kuropɔn no mu, akɔ Benyamin mantam akɔgye nʼagyapadeɛ mu kyɛfa wɔ nkurɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no mu. 13 Nanso, ɔkɔduruu Benyamin Ɛpono ano no, awɛmfoɔ no so panin a wɔfrɛ no Yiria a ɔyɛ Selemia babarima ne Hanania nana kyeree no kaa sɛ, “Woredwane agya yɛn akɔ Babiloniafoɔ afa!”
14 Yeremia buaa sɛ, “Ɛnyɛ nokorɛ. Merennwane nkɔ Babiloniafoɔ afa.” Nanso, Yiria antie, na mmom ɔkyeree Yeremia de no kɔmaa ne mpanimfoɔ. 15 Wɔn bo fuu Yeremia, na wɔmaa wɔboroo no de no too afiase wɔ ɔtwerɛfoɔ Yonatan efie a na wɔde ayɛ nneduadan no.
16 Wɔde Yeremia too asase ase afiase, ma ɔdii nna bebree wɔ hɔ. 17 Akyire yi, ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa no baa ahemfie, ɛhɔ na ɔbisaa no wɔ kɔkoam sɛ, “Woanya asɛm bi afiri Awurade nkyɛn anaa?”
Yeremia buaa sɛ, “Aane, wɔde wo bɛma Babiloniahene.”
18 Afei, Yeremia bisaa ɔhene no sɛ, “Ɛdeɛn bɔne na mayɛ atia wo, anaa wʼadwumayɛfoɔ anaa nnipa yi a enti wɔde me ato afiase yi? 19 Ɛhe na wʼadiyifoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm kyerɛɛ wo sɛ, ‘Babiloniahene rento nhyɛ wo so anaa asase yi so’ no wɔ? 20 Na afei, ɔdɛɛfoɔ, mesrɛ wo, tie. Ma memfa me nkotosrɛ nto wʼanim: Mfa me nkɔto ɔtwerɛfoɔ Yonatan efie hɔ bio, anyɛ saa a mɛwu wɔ hɔ.”
21 Ɔhene Sedekia hyɛɛ sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto awɛmfoɔ adihɔ hɔ, na wɔmma no burodo a ɛfiri burodotofoɔ borɔno so da biara nkɔsi sɛ kuropɔn no mu burodo nyinaa bɛsa. Enti Yeremia kaa awɛmfoɔ adihɔ hɔ.