46
Nsɛm A Ɛfa Misraim Ho
Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa aman no ho.
 
Deɛ ɛfa Misraim ho no nie:
 
Yei ne nsɛm a ɛtia Misraimhene Farao Neko akodɔm a Babiloniahene Nebukadnessar dii wɔn so nkonim wɔ Karkemis, Asubɔnten Eufrate ho wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan no:
“Siesie wʼakokyɛm, akɛseɛ ne nketewa nyinaa,
na montu ntene nkɔ ɔsa!
Monsiesie apɔnkɔ no,
na momforo ntenatena wɔn so.
Monyinagyina mo afa
a mo dadeɛ kyɛ hyehyɛ mo!
Monse mo mpea ano,
na monhyɛ mo nkataboɔ.
Ɛdeɛn na mehunu?
Wɔabɔ hu,
wɔresane wɔn akyi,
wɔn nnɔmmarima adi nkoguo.
Wɔdwane ntɛm so
a wɔnnhwɛ wɔn akyi,
na ehu wɔ baabiara,”
Awurade na ɔseɛ.
Ɔhoɔherɛfoɔ ntumi nnwane,
na ɔhoɔdenfoɔ nso saa ara.
Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate ho
wɔsuntisunti na wɔhwehwe ase.
 
“Hwan, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil,
sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ yi?
Misraim ma ne homene so sɛ Nil,
sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ.
Ɔka sɛ, ‘Mɛsɔre akata asase no so;
mɛsɛe nkuropɔn ne emu nnipa.’
Monkɔ mo anim, apɔnkɔ!
Monka wɔn anibereɛ so, Ao teaseɛnamkafoɔ!
Montu ntene, Ao nnɔmmarima,
Kus ne Put mmarimma a mokura akokyɛm,
Lidia mmarima a moto agyan.
10 Nanso, ɛda no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea,
aweretɔ da, nʼatamfoɔ so aweretɔ.
Akofena bɛkunkum akɔsi sɛ ɔbɛmee,
akɔsi ɛberɛ a ɔde mogya bɛdwodwo ne sukɔm ano.
Ɛfiri sɛ, Awurade, Asafo Awurade bɛbɔ afɔdeɛ
wɔ atifi fam asase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ho no so.
 
11 “Foro kɔ Gilead kɔgye aduro
Ao, Misraim Babaa Babunu.
Nanso, nnuro bebrebe a wofa no yɛ kwa,
ayaresa biara nni hɔ ma wo.
12 Amanaman no bɛte wʼanimguaseɛ;
wʼagyaadwoɔ bɛhyɛ asase so ma.
Ɔkofoɔ baako bɛsunti ɔfoforɔ so;
na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.”
13 Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so:
14 “Mommɔ yei ho dawuro wɔ Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol;
monka wɔ Memfis ne Tapanhes nso sɛ,
‘Monnyinagyina na monyɛ krado,
ɛfiri sɛ, akofena rekunkum wɔn a wɔatwa mo ho ahyia.’
15 Adɛn enti na mo nnɔmmarima bɛboto sei?
Wɔrentumi nnyina, ɛfiri sɛ, Awurade bɛbɔ wɔn ahwe fam.
16 Wɔbɛsuntisunti atoatoa so;
wɔbɛhwehwe ase adeda wɔn ho wɔn ho so.
Wɔbɛka sɛ, ‘Monsɔre, momma yɛnkɔ yɛn nkyi
nkɔ yɛn nkurɔfoɔ nkyɛn ne baabi a wɔwoo yɛn,
na yɛmfiri ɔhyɛsofoɔ no akofena ano.’
17 Ɛhɔ na wɔbɛteam sɛ,
‘Misraimhene Farao dwa nʼanom kwa;
nʼakwannya a ɔwɔ no atwam.’
 
18 “Ampa ara sɛ mete ase yi” Ɔhene a
ne din ne Asafo Awurade na ɔseɛ,
“Ɔbaako bɛba a ɔte sɛ Tabor wɔ mmepɔ no mu,
anaasɛ Karmel a ɛwɔ mpoano.
19 Mommoaboa mo nneɛma ano ntwɛn nnommumfa,
mo a motete Misraim,
ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe Memfis kuro
na ɛbɛda mpan a obiara rentena so.
 
20 “Misraim yɛ nantwie ba bereɛ a ne ho yɛ fɛ,
nanso kawere bi firi
atifi fam reba ne so.
21 Asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no
te sɛ anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ.
Wɔn nso bɛdane wɔn ho adwane abom,
wɔrentumi nnyina wɔn nan so,
ɛfiri sɛ, amanehunu da no reba wɔn so,
ɛberɛ a wɔde bɛtwe wɔn aso no.
22 Misraim bɛtee so sɛ ɔtweaseɛ a ɔredwane
ɛberɛ a ɔtamfoɔ de ahoɔden reba ne so no;
wɔde mmonnua bɛba ne so
te sɛ mmarima a wɔbu nnua.
23 Wɔbɛsɛe ne kwaeɛ,”
Awurade na ɔseɛ,
“sɛdeɛ ayɛ kusuu yi mpo.
Wɔdɔɔso bebree sene ntutummɛ,
na wɔrentumi nkane wɔn.
24 Wɔbɛgu Ɔbabaa Misraim anim ase,
wɔde no bɛhyɛ atifi fam nnipa no nsa.”
25 Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka sɛ, “Mede asotwe reba Tebes nyame Amon, Farao, Misraim ne nʼanyame ne nʼahemfo ne wɔn a wɔde wɔn ho to Farao soɔ no so. 26 Mede wɔn bɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum wɔn no nsa: Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼadwumayɛfoɔ no. Nanso, akyire no, nnipa bɛtena Misraim asase so te sɛ kane no,” Awurade na ɔseɛ.
27 “Nsuro, Ao Yakob me ɔsomfoɔ;
mma wʼaba mu mmu, Ao Israel.
Ampa ara mɛgye wo afiri beaeɛ a ɛwɔ akyirikyiri,
ne wʼasefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so.
Yakob bɛsane anya asomdwoeɛ ne banbɔ,
na obiara renhunahuna no.
28 Nsuro, Ao, Yakob me ɔsomfoɔ;
na me ne wɔ hɔ,” Awurade na ɔseɛ.
“Ɛwom sɛ mesɛe aman no nyinaa koraa,
aman a mehwetee mo kɔɔ so no deɛ,
nanso merensɛe mo korakora.
Mede tenenee nko ara na ɛbɛtenetene mo so;
meremma mommfa mo ho nni a merentwe mo aso.”