47
Nsɛm A Ɛfa Filistifoɔ Ho
Ansa na Farao bɛto ahyɛ Gasa so no, yei ne Awurade asɛm a ɛfa Filistifoɔ ho a ɛbaa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn:
 
Sei na Awurade seɛ:
“Monhwɛ sɛdeɛ nsuo retue wɔ atifi fam;
ɛbɛbu afa asase no ne biribiara a ɛwɔ soɔ so,
nkuro no ne nnipa a wɔtete mu.
Nnipa no bɛteateam;
wɔn a wɔte asase no so nyinaa bɛtwa adwo
ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ,
na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegye
ne wɔn ntwahonan nnyegyeɛ.
Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;
wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa.
Na ɛda no aba
sɛ wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaa
na wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,
wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no.
Awurade rebɛsɛe Filistifoɔ no,
nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no.
Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo;
wɔbɛma Askelon atɔre mum.
Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so,
mobɛsu akɔsi da bɛn?
 
“Mosu sɛ, ‘Aa Awurade akofena,
da bɛn na wobɛhome?
Sane kɔhyɛ wo bɔha mu;
gyae na da dinn.’
Na ɛbɛyɛ dɛn na ada dinn
ɛberɛ a Awurade ahyɛ no sɛ
ɔnkoto nhyɛ Askelon ne mpoano no so?”