48
Nsɛm A Ɛfa Moab Ho
Asɛm a ɛfa Moab ho no nie:
 
Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ:
“Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no.
Wɔbɛgu Kiriataim anim ase, na wɔakye no;
wɔbɛgu aban denden no anim ase, na wɔadwiri agu fam.
Wɔrenkamfo Moab bio;
Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehweɛ ho pɔ;
‘Mommra, momma yɛn nkɔbɔ saa ɔman yi.’
Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano atom;
akofena no bɛtaa mo.
Montie osu a ɛfiri Horonaim,
adesɛeɛ ne ɔsɛeɛ ho su.
Wɔbɛbɔ Moab:
na ne mma nketewa bɛteateam.
Wɔforo kɔ Luhit,
wɔde agyaadwotwa a emu yɛ den na ɛrekɔ;
ɛkwan a ɛkɔ Horonaim so no
wɔte ahoyera mu agyaadwotwa wɔ adesɛeɛ no ho.
Monnwane! Montu mmirika mpere mo nkwa.
Momfa mo ho nsie sɛ wira wɔ anweatam so.
Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛɛ ne mo ahonya so enti,
mo nso wɔbɛfa mo nnommum,
na Kemos bɛkɔ nnommumfa mu,
ɔne nʼasɔfoɔ ne adwumayɛfoɔ.
Ɔsɛefoɔ no bɛtu kuro biara so sa,
na emu biara renya ne ho ntete.
Wɔbɛsɛe bɔnhwa no
na wɔasɛe mmepɔ mpampam a ɛyɛ tamaa no,
ɛfiri sɛ Awurade akasa.
Momfa nkyene nhyɛ Moab,
ɛfiri sɛ wɔrebɛsɛe no;
ne nkuro bɛda mpan a
obiara rentena soɔ.
 
10 “Nnome nka deɛ ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ Awurade adwumayɛ ho!
Nnome nka deɛ ɔmmfa nʼakofena nhwie mogya nguo!
 
11 “Moab atena ase asomdwoeɛ mu firi ne mmerante ɛberɛ mu,
te sɛ nsã ase puo a ataa dinn
a wɔnnhwie mfirii ahina mu nkɔguu ahina foforɔ mu da;
saa ara na Moab nso nkɔɔ nnommumfa mu da.
Enti ɔte sɛ deɛ ɔte ara,
na ne ho hwa nsesa.
12 Nanso, nna bi reba,”
Awurade na ɔseɛ,
“a mɛsoma mmarima a wɔhwie nsã firi ahina mu,
na wɔbɛhwie no agu;
wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hwee
na wɔabobɔ ne nkuruwa.
13 Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu,
sɛdeɛ Israel efie anim guu ase
ɛberɛ a wɔde wɔn ho too Bet-El soɔ no.
 
14 “Ɛyɛ dɛn na wotumi ka sɛ, ‘Yɛyɛ nnɔmmarima,
mmarima akokoɔdurufoɔ wɔ ɔsa mu’?
15 Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkuro so sa;
ne mmeranteɛ a wɔte apɔ no, wɔbɛkunkum wɔn,”
deɛ Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo Awurade no seɛ nie.
16 “Moab asehweɛ abɛn;
nʼamanehunu bɛba ntɛm.
17 Monsu no, mo a motete ne ho nyinaa,
ne mo a monim ne din nyinaa;
monka sɛ, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempoma a ɛyɛ den yi?
Ɛyɛɛ dɛn na wɔabu animuonyam poma fɛfɛ yi mu?’
 
18 “Firi wʼanimuonyam mu,
na bɛtena asase wesee no so,
wo a wote Ɔbabaa Dibon mu,
ɛfiri sɛ deɛ ɔsɛe Moab no
bɛtu aba wo so;
abɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ no.
19 Gyina kwankyɛn na hwɛ,
wo a wote Aroer.
Bisa ɔbarima a ɔredwane no ne ɔbaa a ɔrefiri mu afi,
bisa wɔn sɛ, ‘Asɛm bɛn na asie?’
20 Moab anim agu ase, ɛfiri sɛ wɔabubu no pasaa;
montwa adwo na monteateam!
Mommɔ dawuro wɔ Arnon ho sɛ
wɔasɛe Moab.
21 Atemmuo aba bepɔ tamaa so
wɔ Holon, Yahas ne Mefaat,
22 Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim
23 ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon
24 ne Keriot ne Bosra
wɔ Moab nkuro nyinaa, deɛ ɛwɔ akyirikyiri ne deɛ ɛbɛn.
25 Wɔatwa Moab abɛn;
na ne basa abu,”
Awurade na ɔseɛ.
 
26 “Momma no mmoro nsã,
ɛfiri sɛ wabu Awurade animtia.
Momma Moab nyantam wɔ ne feɛ mu;
momma no nyɛ fɛdideɛ.
27 Ɛnyɛ Israel na na ɔyɛ mo fɛdideɛ?
Wɔkyeree no akorɔmfoɔ mu anaa,
a enti mowoso mo ti animtiabuo so
ɛberɛ biara a mobɛka ne ho asɛm?
28 Monfifiri mo nkuro so nkɔtena abotan mu,
mo a motete Moab.
Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne pirebuo
wɔ ɔbodan ano.
 
29 “Yɛate Moab ahantan no
nʼahomasoɔ ne gye a ɔgye ne ho di mmorosoɔ;
nʼahantan ne nʼahomasoɔ,
ne nʼakoma mu ahohoahoa.
30 Menim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,”
Awurade na ɔseɛ,
“na nʼahohoahoa mfa hwee mma.
31 Enti metwa adwo ma Moab,
mesu team ma Moabfoɔ nyinaa,
medi awerɛhoɔ ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.
32 Mesu ma mo sɛdeɛ Yaser su,
Ao Sibma bobe.
Mo mman dendane kɔɔ ɛpo ho pɛɛ;
kɔduruu Yaser ɛpo ho.
Ɔsɛefoɔ no abɛgu
mo nnuaba a abereɛ ne mo bobe no so.
33 Ahosɛpɛ ne anigyeɛ atu afiri
Moab nnuaba nturo ne mfuo so.
Matwa nsã a ɛtene firi nsakyimena no so;
obiara mmfa ahosɛpɛ ntiatia bobe no so.
Ɛwom sɛ nteateam wɔ hɔ deɛ,
nanso ɛnyɛ ahosɛpɛ nteateam.
 
34 “Wɔn su ano den gyegye firi
Hesbon de kɔsi Eleale ne Yahas,
firi Soar de kɔsi Horonaim ne Eglat Selisiya.
Mpo, nsuo a ɛwɔ Nimrim no awe.
35 Moab hɔ no,
mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhwam
a wɔhye ma wɔn anyame no bɛba awieeɛ,”
Awurade na ɔseɛ.
36 “Enti mʼakoma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab;
esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.
Ahonyadeɛ a wɔpɛeɛ no kɔ.
37 Wɔabɔ etire biara tikwa
na wɔayi abɔgyesɛ biara;
nsa nyinaa ho ayɛ akamakam
na ayitoma sisi obiara asene.
38 Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifi
ne ɔmanfoɔ adwaberem nyinaa,
biribiara nni hɔ sɛ awerɛhoɔ,
ɛfiri sɛ mabubu Moab
ayɛ no sɛ ahina a obiara mpɛ,”
Awurade na ɔseɛ.
39 “Hwɛ sɛdeɛ wabubuo afa! Hwɛ sɛdeɛ wɔretwa adwoɔ!
Na hwɛ sɛdeɛ Moab de aniwuo dane nʼakyi!
Moab ayɛ fɛdideɛ
ne ahodwiredeɛ ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.”
40 Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Monhwɛ! Ɔkɔdeɛ reto hoo aba fam.
Watrɛ ne ntaban mu wɔ Moab so.
41 Wɔbɛfa Keriot nnommum
na wafa nʼaban denden no.
Saa ɛda no Moab nnɔmmarima akoma
bɛtu sɛ ɔbaa a ɔrekyem awoɔ so.
42 Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio,
ɛfiri sɛ, ɔbuu Awurade animtia.
43 Ehu, nkomena ne mfidie retwɛn mo,
Ao Moabfoɔ,”
Awurade na ɔseɛ.
44 “Deɛ ɔdwane deɛ ɛyɛ hu no
bɛtɔ nkomena mu,
deɛ ɔbɛforo afiri nkomena no mu no,
afidie bɛyi no;
na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,”
Awurade na ɔseɛ.
 
45 “Hesbon nwunu ase
na adwanefoɔ no gyinagyina a wɔnni mmoa biara,
ɛfiri sɛ ogya bi atu afiri Hesbon;
ɛgyadɛreɛ bi firi Sihon mfimfini;
ɛhye Moabfoɔ moma,
ne ahohoahoafoɔ a wɔn ano yɛ den no ti kwankoraa.
46 Nnome nka wo Ao, Moab!
Wɔasɛe Kemos nkurɔfoɔ no;
wɔde wo mmammarima kɔ nnommumfa mu
na wo mmammaa nso kɔ nkoasom mu.
 
47 “Nanso mede Moab adenya bɛsane ama no
wɔ nna a ɛbɛba no mu,”
Awurade na ɔseɛ.
Moab atemmuo no awieeɛ nie.